18
Paulo Kɔ Korinto
Yeinom akyi no, Paulo firii Atene kɔɔ Korinto. Ɛhɔ na ɔhyiaa Yudani bi a wɔfrɛ no Akwila, a wɔwoo no wɔ Ponto, na ɔne ne yere Priskila firi Italia baa hɔ a na ɛnkyɛreɛ. Wɔfirii Italia, ɛfiri sɛ, na Roma ɔhempɔn Klaudio ahyɛ mmara sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma asase so. Paulo kɔtenaa wɔn nkyɛn ne wɔn yɛɛ adwuma, ɛfiri sɛ, na wɔn nyinaa nwono ntomadan. Homeda biara na Paulo kɔ hyiadan mu kɔka asɛm no pɛɛ sɛ anka ɔdane Yudafoɔ ne Helafoɔ no adwene ma wɔgye di.
Ɛberɛ a Silas ne Timoteo firi Makedonia baeɛ no, Paulo de nʼadagyeɛ nyinaa kaa Awurade asɛm no, dii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ Yesu ne Agyenkwa no. Ɛberɛ a Yudafoɔ no ampɛ sɛ wɔtie Paulo asɛnka, na wɔyeyɛɛ no no, ɔde abufuo poroporoo nʼatadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mmusuo ngu mo atifi. Mo afɔbuo nna me so. Ɛfiri ɛnnɛ de rekɔ, merekɔka asɛm no makyerɛ amanamanmufoɔ.”
Ɔfirii hɔ kɔtenaa aman amanmuni Nyamesomfoɔ bi a wɔfrɛ no Tito Yusto a ne fie bata hyiadan ho no nkyɛn. Krispo a na ɔyɛ hyiadan mu panin no ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ara nso na Korintofoɔ bebree a wɔtee Awurade asɛm no nso gye diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu.
Ɛda bi anadwo, Awurade ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehunu mu sɛ, “Nsuro! Mpa aba! Kɔ so ara ka mʼasɛm no, 10  ɛfiri sɛ, meka wo ho. Obiara rentumi nyɛ wo hwee, ɛfiri sɛ, nnipa pii wɔ kuro yi mu a wɔyɛ mʼakyidifoɔ.” 11 Paulo tenaa hɔ afe ne fa kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn mu.
12 Ɛberɛ a Galio yɛ amrado wɔ Akaia no, Yudafoɔ no sɔre tiaa Paulo, kyeree no, de no kɔɔ asɛnniiɛ, 13 kaa sɛ, “Saa onipa yi retu nkurɔfoɔ aso sɛ wɔnkwati Yudafoɔ mmara no mfa ɛkwan foforɔ so nsom Onyankopɔn.”
14 Paulo yɛɛ sɛ ɔrebue nʼano akasa pɛ na Galio ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, “Yudafoɔ, sɛ mode asɛm foforɔ bi a ɛfa nsɛmmɔnedie anaa abususɛm ho na ɛbaeɛ a, anka mɛhwɛ maka. 15 Nanso, ɛsiane sɛ ɛyɛ akyinnyegyeɛ a ɛfa nsɛm, edin ne mo mmara ho enti, mo ara monkɔhwɛ nka. Merenyɛ saa asɛm yi mu ɔtemmufoɔ.” 16 Na ɔpamoo wɔn firii asɛnniiɛ hɔ. 17 Afei, ɛdɔm no to hyɛɛ Sostene a ɔyɛ hyiadan mu panin no so, twee no kɔɔ asɛnniiɛ hɔ kɔboroo no, nanso Galio anka ho hwee.
Paulo Sane Kɔ Antiokia
18 Paulo tenaa Korinto kyɛɛ kakra ansa na ɔrekra anuanom no ma ɔne Priskila ne Akwila refiri hɔ akɔ Siria. Esiane ɛbɔ a na wahyɛ no enti, ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔmaa wɔyii ne ti wɔ Kenkrea. 19 Wɔduruu Efeso no, Paulo gyaa Priskila ne Akwila hɔ kɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ no kɔkasaeɛ. 20 Wɔsrɛɛ no sɛ, sɛ ɔbɛtumi a, anka ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra, nanso wampene so. 21 Mmom, ɔrebɛfiri hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane aba bio.” Na afei, ɔfirii hɔ kɔɔ Efeso. 22 Ɔduruu Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo no firii hɔ kɔɔ Antiokia.
23 Ɔdii nna kakra wɔ hɔ no, ɔfirii hɔ kɔɔ Galati ne Frigia kɔhyɛɛ agyidifoɔ a wɔwɔ hɔ no den.
Apolo Kasa Wɔ Efeso Ne Korinto
24 Saa ɛberɛ no ara mu, Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo a wɔwoo no wɔ Aleksandria* no kɔɔ Efeso. Ɔyɛ obi a na nʼano ate na ɔnim Atwerɛsɛm no yie. 25 Esiane sɛ na wɔnam Awurade ɛkwan so akyerɛkyerɛ no enti, na ɔde nnam kasa, kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛfa Yesu ho no. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na ɔnim. 26 Ɔhyɛɛ aseɛ de nnam kasaa wɔ hyiadan no mu. Ɛberɛ a Priskila ne Akwila tee asɛm a ɔreka no, wɔde no kɔɔ efie kɔkyerɛkyerɛɛ no Onyankopɔn asɛm no mu yie.
27 Ɛberɛ a Apolo pɛɛ sɛ ɔkɔ Akaia no, agyidifoɔ a wɔwɔ Efeso no hyɛɛ no nkuran, twerɛɛ krataa kɔmaa agyidifoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ wɔnnye no. Ɛberɛ a ɔkɔduruiɛ no, ɔboaa wɔn a Onyankopɔn adom enti, wɔabɛyɛ agyidifoɔ no yie. 28 Ɔde ne nimdeɛ kyerɛɛ Onyankopɔn asɛm mu de tuu Yudafoɔ no guu wɔ badwam, nam Atwerɛsɛm no so daa no adi pefee sɛ, Yesu ne Agyenkwa no.
* 18:24 18.24 Ɛwɔ Misraim. Ɛhɔ na wɔkyerɛɛ Apam Dada ase kɔɔ Hela kasa mu. Ɛno ne kuropɔn a ɛtɔ so mmienu wɔ Roma Ahemman mu a na Yudafoɔ dɔɔso wɔ hɔ.