21
Paulo Kɔ Yerusalem
Yɛne Efeso asafo mpanimfoɔ no dii ntetemu no, yɛsii mu nam nsuo ani tee kɔɔ Ko. Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Rodo na yɛfirii hɔ kɔɔ Patara. Yɛnyaa ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Foinike kɔtenaa mu kɔeɛ. Yɛduruu baabi a yɛn ani tua Kipro no, yɛtwaa ho wɔ benkum fam kɔɔ Siria. Yɛsii fam wɔ Tiro, ɛfiri sɛ, na ɛhɔ na wɔrekɔyi ɛhyɛn no mu nneɛma. Yɛhunuu asuafoɔ bi wɔ hɔ tenaa wɔn nkyɛn dii nnawɔtwe. Asuafoɔ no nam Honhom Kronkron adiyie so bɔɔ Paulo kɔkɔ sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. Nanso, ɛberɛ duruu sɛ ɛsɛ sɛ yɛfiri hɔ no, yɛgyaa wɔn hɔ kɔeɛ. Asuafoɔ no nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma kɔgyaa yɛn kwan kɔduruu mpoano. Yɛduruu hɔ no, yɛn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ. Afei, yɛkrakraa yɛn ho yɛn ho wieeɛ no, yɛkɔtenaa ɛhyɛn no mu maa wɔn nso sane kɔɔ efie.
Yɛfiri Tiro no, yɛtoaa yɛn akwantuo no so faa nsuo ani kɔduruu Ptolemai. Yɛduruu hɔ no, yɛkɔkyeaa asuafoɔ a wɔwɔ hɔ no dii wɔn nkyɛn da koro. Adeɛ kyeeɛ no, yɛfirii hɔ kɔɔ Kaesarea. Yɛduruu hɔ no, yɛkɔɔ ɔsɛmpakafoɔ Filipo a na ɔka mmarima baason a wɔyii wɔn wɔ Yerusalem no ho no fie kɔtenaa ne nkyɛn. Na Filipo wɔ mma mmaabunu baanan bi a na wɔhyɛ nkɔm.
10 Yɛtenaa hɔ kyɛɛ kakra no, odiyifoɔ bi a wɔfrɛ no Agabo firi Yudea baa hɔ. 11 Ɔbaa faako a yɛwɔ no, ɔfaa Paulo abɔsoɔ de kyekyeree ne nan ne ne nsa kaa sɛ, “Asɛm a Honhom Kronkron ka ni, ‘Sɛdeɛ Yudafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no bɛkyekyere onipa a abɔsoɔ yi yɛ ne dea no na wɔde no ahyɛ amanamanmufoɔ no nsa ni!’ ”
12 Yɛtee saa asɛm yi no, yɛne wɔn a na yɛne wɔn wɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. 13 Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Osu a moresu de hyɛ me awerɛhoɔ yi ase ne sɛn? Me de masiesie me ho sɛ ɛnyɛ kyekyere a wɔbɛkyekyere me wɔ Yerusalem no na mesuro, na sɛ ɛtwa sɛ mewu mema Awurade Yesu a, mɛwu.” 14 Yɛkaeɛ kaeɛ a wampene no, yɛgyae kaa sɛ, “Deɛ Awurade pɛ na ɛnyɛ.”
15 Nna bi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho firii hɔ kɔɔ Yerusalem. 16 Kaesarea asuafoɔ no bi ne yɛn kɔeɛ. Yɛduruu hɔ no, yɛkɔsoɛɛ Mnason a ɔfiri Kipro a ɔgyee Yesu Kristo diiɛ akyɛre no fie.
Paulo Kɔsra Yakobo
17 Yɛduruu Yerusalem no, asuafoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa gyee yɛn fɛw so. 18 Adeɛ kyeeɛ no, Paulo ne yɛn kɔkyeaa Yakobo ne Yerusalem asafo no mu mpanimfoɔ. 19 Nkyea no akyi no, Paulo kaa biribiara a Onyankopɔn nam ne som no so ayɛ wɔ amanamanmufoɔ no mu no kyerɛɛ wɔn.
20 Wɔtiee Paulo amanneɛbɔ no wieeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. Afei, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Onua, wʼankasa wodi adanseɛ sɛ Yudafoɔ mpempem na na wɔabɛyɛ asuafoɔ a wɔn nyinaa nso di yɛn mmara no so. 21 Saa nnipa yi ate sɛ wotia Mose mmara no ne Yudafoɔ amanneɛ; ɛne sɛ, wokyerɛkyerɛ Yudafoɔ a wɔte amanamanmufoɔ no mu sɛ wɔnntwa wɔn mma twetia na wɔnnni yɛn amanneɛ nso so. 22 Deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛte sɛ woaba ha. Enti, afei yɛbɛyɛ no ɛdeɛn? 23 Yɛ deɛ yɛrebɛka akyerɛ wo yi. Mmarima baanan bi wɔ yɛn nkyɛn ha a, wɔresiesie wɔn ho ama amanneɛ ho bɔhyɛ. 24 Wo ne wɔn nkɔ na monkɔdwira mo ho na tua ho ka ma wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi atwitwa wɔn tirinwi. Yei bɛma obiara ahunu sɛ nsɛm a wɔte faa wo ho no mu biara nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wʼankasa mpo, wodi Mose mmara no so. 25 Amanamanmufoɔ a wɔabɛyɛ asuafoɔ no de, yɛatwerɛ akɔma wɔn akyerɛ gyinaeɛ a yɛasi sɛ, wɔnnni aduane biara a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom; wɔnnni mogya; wɔnnni aboa biara a wɔantwa ne mene ansa na ɔwuiɛ; na afei nso, wɔntwe wɔn ho mfiri adwamammɔ ho.”
26 Adeɛ kyeeɛ no, Paulo ne mmarima no kɔdwiraa wɔn ho. Ɔne wɔn kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛɛ da a wɔbɛwie wɔn ahodwira no ne da a wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama wɔn mmaako mmaako.
Wɔkyere Paulo
27 Nnanson no reyɛ atwam no, Yudafoɔ bi a wɔfiri Asia hunuu Paulo wɔ asɔredan mu hɔ, hwanyanee nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa maa wɔkyeree Paulo. 28 Wɔteateaam sɛ, “Israel mmarima, monsɔre mmɛboa yɛn! Yei ne ɔbarima a baabiara a ɔbɛkɔ no ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so tia Israelfoɔ, Mose mmara ne asɔredan yi. Mpo ɔde amanamanmufoɔ bi aba ha de agu Kronkronbea ha ho fi.” 29 Deɛ ɛma wɔkaa saa asɛm yi ne sɛ, na wɔahunu Paulo ne Efesoni Trofimo wɔ kurom hɔ, enti na wɔsusu sɛ Paulo de no akɔ asɔredan mu hɔ.
30 Wɔtee saa asɛm yi no, kuro mu no nyinaa bɔɔ twi, kɔkyeree Paulo, twee no firii asɔredan no mu hɔ. Ɛhɔ ara, wɔtotoo asɔredan no apono no nyinaa mu. 31 Ɛberɛ a ɛdɔm no pɛɛ sɛ wɔkum Paulo no, obi kɔka kyerɛɛ Roma asraafoɔ apem so safohene no sɛ, basabasa asi Yerusalem. 32 Amonom hɔ ara, ɔsafohene no ne asraafoɔ mpanin bi ne asraafoɔ bi de ahoɔherɛ kɔɔ baabi a dɔm no ahyia no. Ɛberɛ a nnipa no hunuu no ne asraafoɔ no no, wɔgyaee Paulo hweɛ.
33 Ɔsafohene no kɔsɔɔ Paulo mu, kyerɛɛ sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu ngu no. Afei, ɔbisaa sɛ, “Hwan ne saa ɔbarima yi? Bɔne bɛn na wayɛ?” 34 Nnipa no ano antumi ankɔ bɛnkorɔ; ebinom ka sei a, na afoforɔ nso aka sei. Saa basabasa yi amma ɔsafohene no antumi anhunu asɛm pɔtee a asi. Ɛno enti, ɔhyɛɛ nʼasraafoɔ no sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu. 35 Wɔde Paulo duruu atwedeɛ no ano no, ɛdɔm no bɔ toaa no enti asraafoɔ no tam no kɔeɛ. 36 Ɛdɔm no tu dii wɔn akyi teateaam sɛ, “Monkum no!”
Paulo Yi Ne Ho Ano
37 Wɔde Paulo rekɔ aban mu no, ɔbisaa ɔsafohene no sɛ, “Mesrɛ wo, mɛtumi maka asɛm bi makyerɛ wo anaa?”
Ɔsafohene no nso bisaa no sɛ, “Enti, wote Hela kasa? 38 Ɛnyɛ wo ne Misraimni a da bi ɔhyɛɛ basabasayɛ ase dii mmarima awudifoɔ mpemnan anim kɔɔ ɛserɛ so no?”
39 Paulo buaa no sɛ, “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso; Kilikia kuro a agye din no mu onipa ne me. Mesrɛ wo, ma me ho ɛkwan na me ne nnipa no nkasa.”
40 Ɔsafohene no maa Paulo ɛkwan ma ɔgyinaa atwedeɛ no so nyamaa nnipa no. Wɔyɛɛ komm no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Arameike kasa mu sɛ: