27
Paulo Kɔ Roma
Wɔsii gyinaeɛ wieeɛ sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔde Paulo ne nneduafoɔ bi hyɛɛ Yulio a ɔyɛ Roma asraafoɔ panin no nsa. Yɛkɔtenaa ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Asia fam no mu wɔ Adramitio. Na Makedoniani Aristarko a ɔfiri Tesalonika no ka yɛn ho.
Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Sidon. Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa ɔkɔsraa ne nnamfo maa wɔmaa no nneɛma a ɛho hia no no. Esiane sɛ yɛtuu wɔ hɔ no na mframa bɔ hyia yɛn no enti, yɛka kɔɔ Kipro nifa fam. Yɛnam ɛpo so kɔfaa Kilikia ne Pamfilia kɔduruu Mira a ɛwɔ Likia mantam mu no mu. Ɛhɔ na asraafoɔ panin no hunuu ɛhyɛn bi a ɛfiri Aleksandria rekɔ Italia. Enti, ɔde yɛn kɔtenaa mu. Ɛhyɛn no kɔɔ brɛoo maa yɛdii nna wɔ ɛpo no so. Yɛbrɛeɛ ansa na yɛreduru Knido. Esiane sɛ na mframa bɔ hyia yɛn no enti, yɛfaa Salmoni hyɛngyinabea ka kɔɔ Kreta nifa fam. Yɛka kɔɔ mpoano nkakrankakra kɔsii sɛ yɛde ɔbrɛ bɛduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn Agyinaeɛ a ɛbɛn kuro Lasea.
Esiane sɛ na afe no rekɔ nʼawieeɛ na saa ɛberɛ no nso ɛpo no so fa yɛ hu no enti, yɛtenaa hɔ kyɛreeɛ. Paulo tuu wɔn fo sɛ, 10 “Anuanom, mehunu sɛ, sɛ yɛtoa yɛn akwantuo yi so a, yɛbɛhunu amane ama ebia ɛhyɛn no abɔ ama emu nneɛma asɛe ama nnipa ahwere wɔn nkwa.” 11 Nanso, asraafoɔ panin no antie fo a Paulo tuu wɔn no, na mmom ɔtiee nsɛm a hyɛnkafoɔ no ne ɛhyɛn no wura kaeɛ no. 12 Esiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nyɛ mma sɛ wɔbɛtena hɔ awɔberɛ mu no enti, nnipa no bebree pɛɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, anka ɛhyɛn no bɛtu afiri hɔ akɔ Foinike. Foinike yɛ hyɛngyinabea a ɛwɔ Kreta a ɛda atifi ne anafoɔ ntam wɔ Atɔeɛ fam. Ɛyɛ baabi a wɔbɛtumi atena hɔ awɔberɛ mu.
Ɛpo So Mframa A Ɛyɛ Den No
13 Mframa a ano nyɛ den bɔ firii anafoɔ fam. Yei maa nnipa no susuu sɛ wɔbɛtumi atoa wɔn akwantuo no so sɛdeɛ wɔahyehyɛ no. Enti, wɔtuu sɛkyɛ no de ɛhyɛn no faa Kreta mpoano. 14 Ankyɛre koraa na mframa kɛseɛ bi a wɔfrɛ no “Atifi Apueeɛ Mframa” bɔ firii supɔ no so. 15 Mframa no bɔ bunkam faa yɛn ɛhyɛn no so twee no kɔɔ ɛpo no mu. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛdane ɛhyɛn no ani na anyɛ yie no, yɛgyae maa mframa no twee no kɔeɛ. 16 Yɛduruu supɔ ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda ho a na ɛhɔ mframa ano nyɛ den mpo no, yɛbrɛeɛ ansa na yɛretumi atwe ɛhyɛn no kodoɔ a ɛsɛn akyire no aba mu. 17 Ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ maa so baa ɛhyɛn no mu, kyekyeree no dendeenden. Esiane sɛ na wɔsuro sɛ wɔbɛkɔ akɔtim anwea mu enti, wɔyiyii ɛhyɛn dua no so ntoma maa mframa no bɔɔ ɛhyɛn no kɔɔ baabiara a ɛpɛ. 18 Mframaden no kɔɔ so bɔeɛ; ɛno enti adeɛ kyeeɛ no, wɔyiyii ɛhyɛn no mu nneɛma no bi to guu ɛpo no mu. 19 Ne nnansa so no, wɔsesaa ɛhyɛn no ho nneɛma no bi to guiɛ. 20 Nna bebree twaa mu a na yɛnhunu awia anaa nsoromma a na mframaden no gu so retu. Yei maa yɛn anidasoɔ nyinaa saeɛ.
Paulo Kyekye Wɔn Werɛ
21 Nna bebree twaa mu a na obiara anidie no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ motiee me na yɛantu amfiri Kreta a, anka ɛnyɛ ɛne yɛn amanehunu yi. 22 Nanso, momma mo bo ntɔ mo yam, ɛfiri sɛ, mo mu biara renwu na mmom, ɛhyɛn no na ɛbɛbɔ. 23 Nnora anadwo, Onyankopɔn a mesom no no ɔbɔfoɔ baa me nkyɛn 24 bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Paulo, nsuro! Deɛ ɛbɛyɛ biara wobɛduru Kaesare anim ama wadi wʼasɛm. Wɔn a wɔka wo ho yi nso, Onyankopɔn adom enti, biribiara renyɛ wɔn.’ 25 Anuanom, momma mo bo ntɔ mo yam, ɛfiri sɛ, megye Onyankopɔn di na asɛm a waka akyerɛ me no bɛba mu pɛpɛɛpɛ. 26 Nanso, deɛ ɛbɛyɛ biara, ɛhyɛn no bɛbɔ wɔ supɔ bi mpoano.”
Ɛhyɛn No Bɔ
27 Ne nnawɔtwe mmienu anadwo no a na mframaden no enti ɛhyɛn no redi akɔneaba wɔ Adria ɛpo so no, ɔdasuo mu na ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ hunuu sɛ yɛrebɛn asase. 28 Wɔtoo susuhoma hunuu sɛ nsuo no mu tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonu. Ɛyɛɛ kakra a wɔsusuu bio no, wɔhunuu sɛ ɛyɛ anammɔn aduɔkron. 29 Esiane sɛ na wɔsuro sɛ anyɛ a ɛhyɛn no bɛpem abotan bi enti, wɔtoo sɛkyɛ ɛnan wɔ ɛhyɛn no akyi twɛn kɔsii adekyeeɛ. 30 Ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ pɛɛ sɛ wɔdwane. Enti, wɔgyaee ɛhyɛn no kodoɔ no sii ɛpo no ani boapa yɛɛ sɛdeɛ wɔrekɔto asɛkyɛ wɔ ɛhyɛn no anim. 31 Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ panin no ne asraafoɔ a wɔka ne ho no sɛ, “Sɛ ɛhyɛn yi mu adwumayɛfoɔ no dwane a, mobɛwuwu.” 32 Yei enti, asraafoɔ no twaa ahoma a ɛkyekyere ɛhyɛn no kodoɔ no mu no maa ɛkɔeɛ.
33 Adeɛ reyɛ akye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa sɛ wɔnnidi. Deɛ ɔkae ne sɛ, “Nnawɔtwe mmienu ni, mo mu biara mfaa aduane nkaa nʼano. 34 Mesrɛ mo, obiara nnidi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛnya ahoɔden. Biribiara renyɛ obiara.” 35 Paulo kasa wieeɛ no, ɔfaa burodo bɔɔ mpaeɛ, daa Onyankopɔn ase wɔ wɔn nyinaa anim na ɔbuu bi diiɛ. 36 Amonom hɔ ara, wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam ma wɔhyɛɛ aseɛ didiiɛ. 37 Nnipa a na yɛwɔ ɛhyɛn no mu no dodoɔ yɛ ahanu ne aduɔson nsia. 38 Obiara didi meeɛ no, ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ no too aburoo a ɛwɔ ɛhyɛn no mu no guu ɛpo no mu ma ɛhyɛn no mu yɛɛ hare.
39 Adeɛ kyeeɛ no, hyɛn no mu adwumayɛfoɔ no anhunu sɛ wɔaduru mpoano. Wɔhunuu baabi a ɛpo no adidi akɔ asase no mu a nsuo taa hɔ. Enti, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka hyɛn no akɔ hɔ ama akɔtim. 40 Ɛno enti, wɔtwitwaa hyɛn no asɛkyɛ nhoma no mu maa asɛkyɛ no guu ɛpo mu. Afei, wɔsanesanee ahoma a ɛkura akyerɛkyerɛkwan no mu na afei wɔsii ntoma a ɛwɔ ɛhyɛn no anim no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mframa bɛtumi abɔ hyɛn no akɔ mpoano. 41 Nanso, ɛhyɛn no kɔpem anweatam bi ma ɛtimiiɛ. Ɛhyɛn no anim timii dendeenden ɛnna nʼakyi no nso, asorɔkye a na ɛrebɔ no no ma ɛbubuiɛ.
42 Asraafoɔ no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkunkum nneduafoɔ no* nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara rennya ɛkwan nnwane. 43 Nanso, ɛsiane sɛ na asraafoɔ panin no pɛ sɛ ɔgye Paulo nkwa no enti, wamma wɔn ho ɛkwan. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wɔbɛtumi adware no ahyɛaseɛ nnware nkɔ mpoano. 44 Wɔn a aka no nso ntetare mmerɛte ne nnua asinasini a abubu firi hyɛn no mu no so nkɔ mpoano. Saa ɛkwan yi so na yɛnam bɛduruu mpoano nohoa dwoodwoo.
* 27:42 27.42 Sɛ ɔdeduani bi dwane a wɔde ne sohwɛfoɔ no nkwa si nʼanan mu. Enti na asraafoɔ no nnyaagyaa wɔn ho na amma ɔdeduani bi annwane.