9
Saulo Adwensakra
Saa ɛberɛ no na Saulo ani abere sɛ ɔbɛtɔre Kristo akyidifoɔ no ase. Ɔkɔɔ Ɔsɔfopanin no nkyɛn kɔgyee adansedie krataa a ɛbɛma no tumi ama wakɔ hyiadan mu wɔ Damasko akɔkyekyere nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho, sɛ wɔyɛ mmaa anaa mmarima, na ɔde wɔn akɔ Yerusalem. Ɔreyɛ abɛn Damasko no, prɛko pɛ, hann bi firi ɔsoro twa faa ne ho, maa ɔtwa hwee fam. Afei, ɔtee nne bi sɛ, “Saulo! Adɛn enti na wotaa me?”
Saulo bisaa sɛ, “Ɛyɛ wo hwan, Owura?”
Nne no buaa sɛ, “Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no.” Nne no kaa sɛ, “Sɔre na kɔ kuro no mu na wɔbɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.”
Nnipa a wɔne Saulo nam no gyinaeɛ a wɔantumi anka hwee; wɔtee nne no, nanso wɔanhunu obiara. Afei, Saulo sɔre firii fam hɔ buee nʼani, nanso na ɔnhunu adeɛ. Enti, wɔkurakura no nkakrankakra de no kɔɔ Damasko. Nnansa a ɔdii wɔ Damasko no na ɔnhunu hwee. Na ɔnnidi na ɔnnom nso.
10 Na osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania. Awurade frɛɛ no anisoadehunu mu sɛ, “Anania!”
Ɔgyee so sɛ, “Awurade!”
11 Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ Yuda efie a ɛwɔ Tempɔn Tee no so na kɔbisa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saulo a ɔfiri Tarso no ase; ɔrebɔ mpaeɛ. 12  Anisoadehunu mu, ɔhunuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔde ne nsa too ne so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsane ahunu adeɛ.”
13 Anania buaa sɛ, “Awurade, mate saa ɔbarima yi ho nsɛm bebree, ne ha a ɔha wʼakyidifoɔ wɔ Yerusalem no. 14 Wakɔ asɔfoɔ mpanin nkyɛn akɔgye adansedie krataa a ɛbɛma no tumi na ɔde akyere obiara a ɔbɔ wo din wɔ ha no.”
15 Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ, “Kɔ! Ɛfiri sɛ, ɔno na mayi no a menam ne so bɛma amanamanmufoɔ ne ahemfo ne Israelfoɔ nyinaa ate me din. 16  Na mɛkyerɛ no amaneɛ a ɛsiane me din enti ɔbɛhunu.”
17 Afei, Anania kɔɔ efie hɔ de ne nsa guu Saulo so kaa sɛ, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wo ɛkwan so ɛberɛ a woreba no asoma me sɛ, memmɛbue wʼani na hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.” 18 Amonom hɔ ara, biribi a ɛte sɛ abon firii nʼani so na ɔhunuu adeɛ. Ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu. 19 Ɔnyaa aduane bi di meeɛ no, ne ho sanee no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafoɔ a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn.
Saulo Ka Asɛmpa No Wɔ Damasko
20 Ɔhyɛɛ aseɛ kaa asɛmpa no wɔ hyiadan mu sɛ, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa. 21 Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa ho dwirii wɔn maa wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na ɔkum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no anaa? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfoɔ mpanin.” 22 Saulo asɛnka no mu yɛɛ den; nnipa no gyee nsɛm a ɔka faa Yesu ho sɛ ɔno ne Agyenkwa no diiɛ. Yudafoɔ a wɔte Damasko no antumi anka nsɛm a ɔkaeɛ no ho hwee.
23 Nna bi akyi no, Yudafoɔ no bɔɔ Saulo ho pɔ sɛ wɔbɛkum no, 24 nanso Saulo tee pɔ a wɔbɔɔ wɔ ne ho no. Na wɔtetɛ no wɔ kuro no apono ano awia ne anadwo apɛ no akum no. 25 Anadwo bi Saulo akyidifoɔ de no sii kɛntɛn bi mu, twetwee no faa ɔfasuo so gyaa no sii fam.
Saulo Kɔ Yerusalem
26 Saulo kɔɔ Yerusalem no, ɔpɛɛ sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafoɔ no ho nanso wɔsuroo no, ɛfiri sɛ, na wɔnnye nni sɛ wasakyera abɛyɛ osuani. 27 Barnaba kɔfaa no kɔɔ asuafoɔ no nkyɛn. Ɔkaa wɔn sɛdeɛ Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Saulo na ɔkasa kyerɛɛ no wɔ Damasko ɛkwan so no ne sɛdeɛ ɔde akokoɔduru kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko no. 28 Saulo ne wɔn tenaeɛ na ɔde akokoɔduru kaa Awurade asɛm no wɔ Yerusalem nyinaa. 29 Saulo ne Helenifoɔ nyaa akasakasa enti wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum no. 30 Ɛberɛ a agyidifoɔ no tee pɔ a Helenifoɔ no bɔɔ wɔ Saulo ho no, wɔde no kɔɔ Kaesarea gyaa no ɛkwan ma ɔkɔɔ Tarso.
31 Afei, asafo a wɔwɔ Yudea, Samaria ne Galilea no nyinaa asom dwoo wɔn. Asafo no nam Honhom Kronkron so timiiɛ. Nnipa pii bɛkaa wɔn ho na wɔtenaa ase wɔ Awurade suro mu.
Petro Sa Nyarewa
32 Petro tutuu akwan kɔɔ mmeammea. Ɛda bi, ɔkɔsraa agyidifoɔ a wɔwɔ Lida no, 33 ɔhyiaa ɔbarima bi a ne din de Enea a wabubu agu kɛtɛ so mfeɛ nnwɔtwe wɔ hɔ. 34 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Enea, Awurade Yesu Kristo nsa wo yadeɛ. Sɔre na yi wo kɛtɛ!” Amonom hɔ ara, Enea sɔree. 35 Nnipa a wɔte Lida ne Saron no nyinaa hunuu no no, wɔde wɔn ho maa Awurade.
36 Na ɔbaa ogyedini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka a aseɛ ne ɔwansane. Saa ɔbaa yi de nʼadagyeɛ nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafoɔ. 37 Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu na yadeɛ bɔɔ no maa ɔwuiɛ. Wɔdwaree no* de no kɔtoo abansoro dan bi mu. 38 Esiane sɛ Lida bɛn Yopa no enti, asuafoɔ a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra.
39 Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔeɛ. Ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nyinaa bɛgyinagyinaa Petro ho suiɛ de ntadeɛ ne ntoma a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no.
40 Petro maa wɔn nyinaa firii adi. Afei, ɔbuu nkotodwe, bɔɔ mpaeɛ danee nʼani kyerɛɛ amu no kaa sɛ, “Tabita, sɔre!” Tabita tee nʼani na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase. 41 Petro sɔɔ ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei, Petro frɛɛ agyidifoɔ no ne akunafoɔ no nyinaa de no maa wɔn. 42 Saa asɛm yi trɛɛ wɔ Yopa nyinaa maa nnipa pii gyee Awurade diiɛ. 43 Petro tenaa Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro no nkyɛn wɔ Yopa kyɛree kakra.
* 9:37 9.37 Amanneɛ bi a na Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa di so ne sɛ wɔdware funu ansa na wɔsie no. 9:37 9.37 Sɛ wɔantumi ansie owufoɔ ntɛm a, amanneɛ ne sɛ wɔdeda no abansoro. Yerusalem de, da a obi bɛwu no ara na wɔsie no. Sɛ ɛnyɛ Yerusalem a, wɔtumi sie owufoɔ no ne nnansa so.