3
Wɔfrɛ Adansefoɔ Tia Israel
Montie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Ao, Israelfoɔ, deɛ ɛtia abusua a meyii wɔn firii Misraim no nyinaa:
“Mo nko ara na mayi mo
wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu;
enti mɛtwe mo aso
wɔ mo bɔne nyinaa ho.”
 
Nnipa baanu bɛtumi abom anante,
wɔ ɛberɛ a wɔnyɛɛ anokorɔ anaa?
Gyata bobom wɔ dɔtɔ ase
wɔ ɛberɛ a ɔnhunuu ahaboa biara anaa?
Ɔpɔ so wɔ ne buo mu
wɔ ɛberɛ a ɔnkyeree ahaboa biara anaa?
Anomaa bɛtɔ afidie mu wɔ fam
wɔ baabi a wɔnnsum afidie anaa?
Afidie hwan wɔ
ɛberɛ a ɛnyii aboa anaa?
Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto wɔ kuropɔn mu a
nnipa no ho mpopo anaa?
Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a
ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ anaa?
 
Ampa ara, Otumfoɔ Awurade nnyɛ biribi
a ɔnna ne nhyehyeɛ adi
nkyerɛ nʼAsomafoɔ adiyifoɔ no.
 
Gyata no abobom,
hwan na ɔnnsuro?
Otumfoɔ Awurade akasa,
hwan na ɔrenhyɛ ho nkɔm?
 
Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban
ne Misraim aban:
“Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so;
hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne so
ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.”
 
10 “Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia
sie wɔ wɔn aban mu.
11 Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,
“Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so;
Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu,
na wafo wʼaban.”
12 Deɛ Awurade seɛ nie:
“Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye
nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin
firi gyata anom no,
saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa,
wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria,
ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.”
13 “Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie.
14 “Ɛda a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no,
mɛsɛe afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El;
wɔbɛtwitwa afɔrebukyia no mmɛn
na abu ahwe fam.
15 Mɛdwiri awɔberɛ efie
ne ahuhuro berɛ efie agu;
na afie a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no
na afie akɛseɛ no nso wɔbɛbubu agu,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.