5
Ahunu Ne Adwensakyera
Tie asɛm yi, mo Israelfoɔ, saa mmenabɔ yi fa mo ho:
“Ɔbabunu Israel ahwe ase
a ɔrensɔre bio,
wɔapo no ɔno ara asase so,
na ɔnni obi a ɔbɛpagya no.”
Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie:
“Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfoɔ apem ko ma Israel no,
emu ɔha pɛ na ɛbɛka;
Kuro a ɔde ahoɔdenfoɔ ɔha no,
emu edu pɛ na ɛbɛka.”
Deɛ Awurade ka kyerɛ Israelfoɔ nie:
“Monhwehwɛ me na monnya nkwa;
Monnhwehwɛ Bet-El,
monnkɔ Gilgal,
na monntu ɛkwan nkɔ Beer-Seba nso.
Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommumfa mu
na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.”
Monhwehwɛ Awurade na monnya nkwa,
anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef efie te sɛ ogya;
ɛbɛhye,
na Bet-El rennya obi nnum no.
 
Mo a moma atemmuo yɛ nwono
na mototo tenenee ase.
 
Deɛ ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbaatan ne ne mma,
deɛ ɔdane esum yɛ no adekyeeɛ
na ɔma awia dane adesaeɛ.
Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano
na ɔhwie gu asase so,
ne din ne Awurade.
Ɔsɛe abandenden ntɛm so
na ɔbubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso,
10 motane deɛ ɔtenetene wɔ asɛnniiɛ
na mobu deɛ ɔka nokorɛ animtiaa.
 
11 Motiatia ohiani so
na mohyɛ no gye aduane firi ne nkyɛn.
Enti, ɛwom sɛ mode aboɔ a wɔatwa asisi afie akɛseɛ deɛ,
nanso morentena mu;
ɛwom sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ deɛ
nanso morennom emu nsã.
12 Na menim mo mmarato dodoɔ
ne mo bɔne akɛseɛ no.
 
Mohyɛ teneneefoɔ so na mogye adanmudeɛ
mobu ahiafoɔ ntɛnkyea wɔ asɛnniiɛ.
13 Ɛno enti, ɔnyansafoɔ yɛ komm saa mmerɛ yi mu,
ɛfiri sɛ, ɛyɛ mmerɛ bɔne.
 
14 Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa
na ɛnyɛ bɔne.
Na Asafo Awurade Onyankopɔn bɛka wo ho,
sɛdeɛ moka sɛ ɔyɛ no.
15 Monkyiri bɔne, na monnɔ papa;
Monni atɛn tenenee wɔ asɛnniiɛ.
Ebia, Asafo Awurade Onyankopɔn
bɛnya ahummɔborɔ ama
Yosef nkaeɛfoɔ.
16 Enti deɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie:
“Mmenabɔ bɛba mmorɔno nyinaa so
na ɔyea ne apinisie bɛba mmɔntene so.
Wɔbɛfrɛ akuafoɔ ama wɔabɛsu
na agyamfoɔ abɛtwa adwo.
17 Wɔbɛbɔ mmena wɔ bobeturo nyinaa mu,
ɛfiri sɛ mɛnante mo mu,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Awurade Ɛda No
18 Nnome nka wɔn a
wɔpɛ sɛ Awurade da no ba!
Deɛn enti na mopɛ sɛ Awurade da no ba?
Saa ɛda no bɛyɛ esum, na ɛnnyɛ hann.
19 Ɛbɛyɛ te sɛ ɔnipa a ɔdwane firi gyata anim
na ɔkohyia sisire,
sɛ deɛ owura ne fie
de ne nsa to ɔfasuo so,
na ɔwɔ ka no.
20 Na Awurade da no bɛyɛ esum; ɛrenyɛ hann,
ɛbɛyɛ esum kabii a ɛhan nsensaneɛ biara nni mu.
 
21 “Mekyiri na mepo mo nyamesom mu apontoɔ;
mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.
22 Ɛwom sɛ mode ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ brɛ me deɛ,
nanso merennye.
Mode asomdwoeɛ afɔdeɛ brɛ me
nanso mʼani rensɔ.
23 Momfa mo nnwontoɔ gyegyeegye no mfiri me so!
Merentie mo asankuten so nnwom.
24 Mmom, momma atɛntenenee ntene sɛ asubɔnten,
na tenenee nyɛ sɛ asutene a ɛrenwe da!
 
25 “Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me
mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa?
26 Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame,
ne mo honi Rɛfan so;
wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.
27 Ɛno enti, mɛtwa mo asuo akɔ Damasko nohoa,”
sɛdeɛ Awurade a ne din ne Onyankopɔn Otumfoɔ seɛ nie.