7
Mmoadabi, Ogya Ne Kyirebennyɛ Homa
Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: na ɔreboaboa ntutummɛ bebree ano, abɛto wɔn agu asase no so. Yei yɛ ɛberɛ a wɔatwa ɔhene kyɛfa afiri mfuo no so na mfudeɛ no renyini bio. Ɛberɛ a mmoadabi no awe asase no so nnɔbaeɛ nyinaa no, me teaam sɛ, “Otumfoɔ Awurade, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛ wɔn! Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.”
Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ.
Na ɔgyaee nʼatirimpɔ no. Ɔkaa sɛ, “Merenyɛ.”
Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: Otumfoɔ Awurade de ogya rebɛbu atɛn; ɛbɛwee ebunu kɛseɛ no na ɛsɛee asase no. Na me teaam sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, mesrɛ wo, gyae. Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.”
Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ na ɔkaa sɛ, “Mɛgyae mʼatirimpɔ yi nso.”
 
Yei ne deɛ ɔyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasuo a wɔato no kyirebenn ho, a kyirebennyɛ ahoma kura no. Na Awurade bisaa me sɛ, “Amos, ɛdeɛn na wohunu?”
Mebuaa sɛ, “Kyirebennyɛ ahoma.”
Na Awurade kaa sɛ, “Mede kyirebennyɛ ahoma yi reto me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.
“Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea
na Israel kronkron tenabea nso wɔbɛbubu no;
mede mʼakofena bɛsɔre atia Yeroboam efie.”
Amos Ne Amasia
10 Amasia a ɔyɛ Bet-El ɔsɔfoɔ de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam sɛ, “Amos rebɔ pɔ atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nnyɛ abodwosɛm. 11 Deɛ Amos reka nie:
“ ‘Yeroboam bɛwu wɔ akofena ano,
na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu,
wɔ akyirikyiri asase so.’ ”
12 Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ, “Firi ha kɔ, wo ɔdehunufoɔ! Sane kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm. 13 Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, ɛfiri sɛ ɛha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”
14 Amos buaa Amasia sɛ, “Mennyɛ odiyifoɔ anaa odiyifoɔ bi ba, na na meyɛ odwanhwɛfoɔ, a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so. 15 Nanso, Awurade frɛɛ me firii nnwan so hwɛ so, ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ.’ 16 Na afei, tie Awurade asɛm. Woka sɛ,
“ ‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfoɔ,
na gyae asɛnka a wode tia Isak fiefoɔ.’
17 “Enti asɛm a Awurade ka nie:
“ ‘Wo yere bɛbɔ adwaman wɔ kuropɔn yi mu,
wo mmammarima ne wo mmammaa bɛwuwu wɔ akofena ano.
Wɔbɛsusu wʼasase na wakyekyɛ mu,
na wʼankasa nso, wobɛwu wɔ abosonsom ɔman mu,
na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu,
wɔ akyirikyiri asase so.’ ”