14
Ɔdɔ na ɛsɛ sɛ mohwehwɛ akyire kwan. Momma mo akoma nni Honhom no akyɛdeɛ akyi, ne titire no, nkɔmhyɛ.
Kasa Foforɔ
Onipa a ɔka kasa foforɔ no nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, obiara nte asɛm a ɔka no ase. Ɔnam Honhom no tumi so ka nokorɛ mu ahintasɛm. Nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no kasa kyerɛ nnipa, boa wɔn, hyɛ wɔn nkuran, kyekye wɔn werɛ. Onipa a ɔka kasa foforɔ no boa ɔno ankasa ne ho, nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no boa asafo no nyinaa. Ɛwom sɛ mepɛ sɛ mo nyinaa ka kasa foforɔ deɛ, nanso mepɛ sɛ mo nyinaa nya akyɛdeɛ a ɛbɛma mo ahyɛ nkɔm. Ɛfiri sɛ, onipa a ɔhyɛ nkɔm no ho hia yie kyɛn onipa a ɔka kasa foforɔ no, gye sɛ, obi wɔ hɔ a ɔbɛkyerɛ aseɛ, ma aboa asafo no nyinaa.
Enti anuanom, sɛ meba mo nkyɛn na meka kasa foforɔ a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya wɔ me ho? Morennya hwee gye sɛ meda Onyankopɔn ahintasɛm adi anaa meda osuahunu bi adi, anaa meka nsɛm ma ɛkanyane mo, anaa mekyerɛkyerɛ mo. Saa ara nso na nneɛma a nkwa nni mu, te sɛ, abɛn anaa sankuo a wɔde bɔ nnwom no, sɛ nnwom no bɔ no mu anna hɔ a, obiara rente ne dɛ. Na sɛ deɛ ɔbɔ totorobɛnto no nso ammɔ no yie a, hwan na ɔbɛsiesie ne ho akɔ ɔko? Saa ara nso na mebisa sɛ, sɛ moka kasa foforɔ a emu nna hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi ate asɛm a moka no ase? Mo nsɛm no bɛyera wɔ mframa mu. 10 Kasa ahodoɔ bebree na ɛwɔ ewiase, nanso emu biara nni hɔ a nteaseɛ nni mu. 11 Na sɛ mente kasa a obi ka no ase a, deɛ ɔreka saa kasa no bɛyɛ ɔhɔhoɔ ama me, na me a meretie no nso, mayɛ ɔhɔhoɔ ama no. 12 Esiane sɛ mopere sɛ mobɛnya Honhom no akyɛdeɛ no enti, ɛsɛ sɛ mohwehwɛ deɛ ɛbɛboa asafo no ama atim yie.
13 Ɛsɛ sɛ obi a ɔka kasa foforɔ no bɔ mpaeɛ na ɔtumi kyerɛ nsɛm a ɔka no ase. 14 Sɛ meka kasa foforɔ bɔ mpaeɛ a, me honhom bɔ saa mpaeɛ no, nanso mʼadwene mmoa. 15 Ɛdeɛn na afei ɛsɛ sɛ meyɛ? Mede me honhom bɛbɔ mpaeɛ, na ɛtɔ da bi nso a mede mʼadwene bɛbɔ mpaeɛ; mede me honhom bɛto dwom, nanso mede mʼadwene nso bɛto bi. 16 Sɛ wonam honhom nko so da Onyankopɔn ase a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔka nhyiamu no ho no bɛtumi agye wʼaseda mpaeɛ no so sɛ “Amen” bi? Ɛkwan biara nni hɔ a ɔbɛfa so ate deɛ woreka no ase. 17 Sɛ ɛba saa a, na wʼaseda mpaeɛ a worebɔ Onyankopɔn no yɛ sɛ ɛdeɛn ara mpo a, ɛremmoa onipa a ɔka wo ho no ɛkwan biara so.
18 Meda Onyankopɔn ase sɛ meka kasa foforɔ sene mo a mowɔ ha nyinaa. 19 Nanso, asafo mu som no, mɛpɛ sɛ mɛka kasa mmaako mmaako enum pɛ a mobɛte aseɛ na moagyina so atumi akyerɛ afoforɔ adeɛ sene sɛ mɛka nsɛm mpempem wɔ kasa foforɔ mu.
20 Monnnwene sɛ, mmɔfra, anuanom; nanso sɛ yɛka bɔne ho asɛm deɛ a, monyɛ mo ho sɛ mmɔfra. Nanso, monnwene sɛ mmadwemma. 21 Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Menam nnipa a wɔka kasa foforɔ so
bɛkasa makyerɛ saa nnipa yi.
Menam ahɔhoɔ anofafa so bɛkasa
nanso, wɔrentie me,”
Awurade na ɔseɛ.
22 Kasa foforɔ no yɛ wɔn a wɔnni gyidie no nsɛnkyerɛnneɛ ɛnna Onyame asɛnka no nso yɛ agyidifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ. 23 Sɛ asafo no nyinaa hyia na obiara fiti aseɛ ka kasa foforɔ na sɛ ahɔhoɔ anaa wɔn a wɔnni gyidie fra mo mu a, monnye nni sɛ wɔbɛka sɛ moabobɔ adam? 24 Nanso, sɛ mo nyinaa na moka Onyankopɔn asɛm na sɛ obi a ɔnni gyidie anaa onipa foforɔ bi bɛfra mo mu a, nsɛm a ɔbɛte no bɛma wanu ne ho wɔ ne bɔne ho. Nsɛm a ɔte no bɛbu no atɛn 25 na ne kɔkoamsɛm bɛda adi, na ɔbɛbu nkotodwe asom Onyankopɔn na waka ne bɔne sɛ, “Nokorɛ ni, Onyankopɔn ka yɛn ho wɔ ha!”
Asafo No Mu Ɔsom
26 Anuanom, nsɛm a meka yi kyerɛ sɛn? Sɛ mohyia sɛ moresom a, obi to dwom; obi kyerɛkyerɛ; obi da Onyankopɔn ahintasɛm adi; obi ka kasa foforɔ ɛnna ɔfoforɔ nso akyerɛkyerɛ aseɛ. Ɛsɛ sɛ biribiara boa asafo no nkɔsoɔ. 27 Sɛ obi pɛ sɛ ɔka kasa foforɔ a, aboro so koraa no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnipa bɛyɛ baanu anaa baasa. Ɔbaako kasa wie a, na ɔfoforɔ nso akasa, na obi nso akyerɛkyerɛ nsɛm a waka no ase. 28 Na sɛ obi nni hɔ a ɔbɛkyerɛ kasa foforɔ yi ase de a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔka saa kasa no yɛ komm wɔ nhyiamu no ase na ɔkasa kyerɛ ne ho ne Onyankopɔn.
29 Nnipa baanu anaa baasa a Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn nkyɛn no na ɛsɛ sɛ wɔkasa na wɔn a aka no nso atie, adwene ho. 30 Na sɛ obi a ɔte hɔ nso nya asɛm firi Onyankopɔn nkyɛn a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔrekasa no gyae kasa. 31 Ɛsɛ sɛ mo nyinaa ka Onyankopɔn asɛm no mmaako mmaako sɛdeɛ mo nyinaa bɛnya osuahunu bi ne nkuranhyɛ. 32 Ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛni no pene so, gyae ma ɔfoforɔ nso kasa. 33 Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn mfrɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ basabasa, na mmom asomdwoeɛpɛfoɔ. Sɛdeɛ ɛte wɔ Onyankopɔn asafo mu no.
34 Ɛsɛ sɛ mmaa a wɔwɔ asafo mu no yɛ komm wɔ asafo no nhyiamu ase. Wɔnni ho ɛkwan sɛ wɔkasa, sɛdeɛ Mose Mmara no kyerɛ no. 35 Sɛ wɔrepɛ biribi mu ahunu a, wɔmmisa wɔn kununom wɔ fie. Ɔbaa kasa wɔ asafo nhyiamu ase a, ɛyɛ animguaseɛ.
36 Anaa mofa no sɛ Onyankopɔn asɛm no firi mo nkyɛn? Anaa mo nko ara mo nkyɛn na ɛfiri? 37 Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ odiyifoɔ anaa ɔwɔ honhom akyɛdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔte ne ho ase sɛ nsɛm a meretwerɛ yi, Awurade na ɔhyɛɛ me sɛ mentwerɛ. 38 Enti, sɛ ɔntie yei a, ɛnneɛ, monntie ɔno nso.
39 Enti anuanom, mompere sɛ mobɛhyɛ nkɔm, nanso monnnyae sɛ mobɛka kasa foforɔ. 40 Ɛsɛ sɛ moyɛ biribiara wɔ ne kwan so.