16
Ɛtoɔ Yie
Asɛm a ɛfa ɛtoɔ a wɔbɛyi de aboa Onyankopɔn asafo mma a wɔwɔ Yudea ho no nie: Ɛsɛ sɛ moyɛ deɛ meka mekyerɛɛ Galati asafo ahodoɔ sɛ wɔnyɛ no bi. Kwasiada biara, sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛdeɛ meba mo nkyɛn a, ɛremma monyi toɔ. Sɛ meba hɔ a, mɛtwerɛ adansedie krataa mede asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn, na wɔabɛgye mo akyɛdeɛ no de akɔ Yerusalem. Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.
Paulo Nhyehyɛeɛ
Sɛ mefiri Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, ɛfiri sɛ, mɛfa hɔ. Ebia, mɛdi nna kakra wɔ mo nkyɛn. Ebia, mɛdi awɔberɛ no wɔ mo nkyɛn. Ɛno akyi moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ. Mempɛ sɛ medi nna tiaa bi mo nkyɛn. Na mmom, mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛre. Nanso, mɛtena Efeso ha yi akɔsi Pentekoste da no. Ɛwom sɛ wɔn a wɔasɔre atia me dɔɔso deɛ, nanso akwan pa a mɛtumi mafa so madi dwuma pa wɔ ha.
10 Sɛ Timoteo ba mo nkyɛn wɔ ha a, monsom no hɔhoɔ, ɛfiri sɛ, ɔreyɛ Awurade adwuma sɛdeɛ meyɛ yi ara. 11 Obiara mmu no abomfiaa, na mmom, mommoa no na ɔntu ne kwan yi asomdwoeɛ mu na watumi asane abɛka me nsa, ɛfiri sɛ, merehwɛ ɔne anuanom no anim.
12 Ɛfa onua Apolo ho nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a aka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛba seesei ara. Sɛ ɔnya ɛkwan deɛ a, ɔbɛba.
13 Monnwɛn, momma mo gyidie mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na monnya ahoɔden. 14 Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa.
15 Monim Stefana ne ne fiefoɔ ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdane bɛyɛɛ Akristofoɔ ɛkan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfoɔ. Mesrɛ mo, me nuanom, 16 sɛ monni nnipa a wɔte saa ne wɔn a wɔdi saa dwuma no bi na wɔne wɔn som no akyi. 17 Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbaeɛ no ho. Wɔbɛsii mo anan 18 na wɔama mʼani agye sɛdeɛ wɔmaa mo ani gyeeɛ no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.
 
19 Asafo a wɔwɔ Asia no kyea mo.
Akwila ne Priska ne asafo a wɔhyia wɔn fie no nso kyea mo.
20 Anuanom a wɔwɔ ha no kyea mo.
Momfa ɔdɔ nkyeakyea mo ho mo ho.
 
21 Me ara me nsa ano atwerɛ nie: Me Paulo, mekyea mo.
 
22 Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Marana-ta “Yɛn Awurade bra!”
 
23 Awurade Yesu adom mmra mo so.
 
24 Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu. Amen.