5
Adwamammɔ
Nnansa yi, wɔkeka sɛ adwaman a morebɔ wɔ asafo no mu no yɛ hu a abosonsomfoɔ mpo renyɛ saa. Mate mpo sɛ obi afa nʼagya yere. Na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ mo werɛ ho wɔ ho na mompam saa onipa no mfiri mo mu. Ɛwom sɛ me deɛ, me ne mo ntam ɛkwan ware, nanso, mewɔ mo nkyɛn honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afideɛ yi atɛn dada te sɛ deɛ mewɔ mo nkyɛn ara pɛ. Mohyia na meka mo ho wɔ honhom mu a, Awurade Yesu tumi a ɛka yɛn ho no enti, ɛsɛ sɛ mode saa onipa no ma ɔbonsam na ɔsɛe ne onipadua no na Awurade da no duru a, wagye ne honhom nkwa.
Ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho. Monim sɛ, “Mmɔka kakra bi na ɛma mmɔre no tu.” Ɛsɛ sɛ moyi saa bɔne mmɔreka dada yi firi mo mu na moayɛ kronn. Ɛba saa a, mobɛyɛ sɛ mmɔre foforɔ a mmɔreka nni mu sɛdeɛ menim mo sɛ mote dada no. Afei a wɔde Kristo a ɔyɛ yɛn Twam Afahyɛ Odwan no abɔ afɔdeɛ no, yɛn Twam Afahyɛ no aduru so. Yei enti, mommma yɛmmfa mmɔreka dada a ɛyɛ bɔne no nni afahyɛ no, na mmom, yɛmfa burodo a mmɔreka nni mu na ɛyɛ kronn no nni afahyɛ no.
Krataa a metwerɛɛ mo no, mekaa wɔ mu sɛ mommfa mo ho mmɔ adwamanfoɔ ho. 10 Menkyerɛ ewiase yi adwamanfoɔ anaa aniberefoɔ anaa akorɔmfoɔ anaa wɔn a wɔsom ahoni. Sɛ wompɛ sɛ wo ne yeinom bɔ a, na ɛsɛ sɛ wofiri ewiase koraa. 11 Deɛ mekyerɛ ne sɛ, mommfa mo ho mmɔ onipa a ɔfrɛ ne ho sɛ onua nanso ɔbɔ adwaman anaa ɔyɛ oniberefoɔ anaa ɔsom ahoni anaa ɔkɔnkɔnsani anaa ɔkɔwensani anaa ɔkorɔmfoɔ. Onipa a ɔte saa no, mo ne no nntena ase nto nsa nnidi.
12 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mebu wɔn a wɔnka asafo no ho atɛn? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu mmom na ɛsɛ sɛ mobu wɔn atɛn? 13 Onyankopɔn na ɔbɛbu wɔn a wɔnni asafo no mu atɛn, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Monyi onipa ɔbɔnefoɔ no mfiri mo mu.”