11
Paulo Ne Atorɔ Asomafoɔ
Mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ meyɛ nkwaseadeɛ koraa a, mobɛgye me. Mepa mo kyɛw, monyɛ saa. Metwe mo ho ninkunu, sɛdeɛ Onyankopɔn twe mo ho ninkunu no. Mote sɛ ɔbaabunu a mahyɛ no awadeɛ ho bɔ ama ɔbarima baako pɛ bi a ɔno ne Kristo. Mesuro sɛ wɔbɛsɛe mo adwene na mo a mode mo ho nyinaa ama Kristo no, mobɛgyae sɛdeɛ ɔwɔ no nam anifire so daadaa Hawa no. Mode anigyeɛ gye obiara a ɔba mo nkyɛn bɛka Yesu foforɔ a ɔnnyɛ deɛ yɛka ne ho asɛm kyerɛ mo no di; mogye honhom bi ne asɛmpa bi a nsonsonoeɛ da ɛno ne Honhom ne Asɛmpa a yɛka kyerɛ mo no ntam no di.
Mennye nni sɛ meyɛ “Asomafoɔ” no mu abomfiaa. Ebia mʼano ntee deɛ, nanso mʼadwene mu abue. Ɛkwan biara so, yɛama mo ate saa asɛm yi ase. Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛdeɛ ɛbɛma mo akrɔn. Bɔne a meyɛeɛ ne sɛ meyɛɛ saa? Ɛberɛ a na mereyɛ mo mu adwuma no, asafo afoforɔ bi na na wɔtua me ka. Ɛberɛ a na mewɔ mo nkyɛn no, sɛ sika ho hia me a, na menha mo. Na anuanom a wɔte Makedonia no de biribiara a ɛho hia me brɛ me. Sɛdeɛ na ɛte mmerɛ a atwam no, saa ara nso na daakye ɛbɛyɛ. Merenyɛ adesoa mma mo da. 10 Kristo nokorɛdie a ahyɛ me ma enti, mehyɛ mo bɔ sɛ obiara rentumi nka mʼahohoahoa yi nhyɛ wɔ Helaman mu da. 11 Adɛn enti na meka saa? Ɛfiri sɛ, mennɔ mo anaa? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo.
12 Mɛkɔ so madi dwuma a meredi no seesei yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, saa “asomafoɔ” no rennya kwan nhoahoa wɔn ho sɛ dwuma a wɔdi no te sɛ yɛn dwuma a yɛdi no pɛ. 13 Saa nnipa no nyɛ nokorɛ asomafoɔ. Wɔyɛ atorɔ asomafoɔ a wɔnam twa atorɔ wɔ wɔn adwuma ho ma nnipa hunu wɔn sɛ wɔyɛ Kristo asomafoɔ. 14 Ɛnyɛ me nwanwa, ɛfiri sɛ, ɔbonsam koraa tumi sesa ne ho ma ɔdane yɛ sɛ hann. 15 Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ nʼasomfoɔ tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa sɛ wɔyɛ papa. Awieeɛ no, wɔbɛnya wɔn nneyɛeɛ so akatua pɛpɛɛpɛ.
Paulo Hoahoa Ne Ho
16 Meti mu ka bio sɛ: Ɛnsɛ sɛ obiara susu sɛ meyɛ ɔkwasea. Sɛ mosusu saa a, ɛnneɛ monnye me sɛdeɛ mobɛgye ɔkwasea na menam so matumi mahoahoa me ho. 17 Asɛm a mereka yi nyɛ deɛ Awurade pɛ sɛ meka. Meka ahohoahoa ho asɛm a, na mekasa sɛ ɔkwasea. 18 Nanso, ɛsiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho nipasu mu enti, me nso mɛyɛ saa. 19 Mo ankasa mo ani ate enti mode anigyeɛ gye nkwaseafoɔ. 20 Mogye obi a ɔhyɛ mo so anaa deɛ ɔnya mo ho biribi anaa deɛ ɔsum mo afidie anaa deɛ ɔmmu mo anaa deɛ ɔbɔ mo ani so. 21 Mefɛre sɛ mɛgye yei ato mu, nanso yɛn ahoɔmmerɛ na ɛma yɛyɛɛ saa.
Sɛ obi tumi de biribi hoahoa ne ho a, merekasa sɛ ɔkwasea, e nso mɛtumi ahoahoa me ho wɔ dekodeɛ no ho bi. 22 Wɔyɛ Hebrifoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. 23 Wɔyɛ Kristo asomfoɔ anaa? Merekasa sɛ ɔbɔdamfoɔ. Nanso, meyɛ ɔsomfoɔ pa sene wɔn. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den sene wɔn; mada afiase mpɛn bebree; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owuo nso. 24 Yudafoɔ bɔɔ me mmaa aduasa nkron ahodoɔ enum. 25 Romafoɔ bɔɔ me mmaa mprɛnsa na wɔsii me aboɔ pɛnkorɔ. Metenaa ahyɛn mu maa ɛbɔeɛ mprɛnsa. Medii nsuo ase nnɔnhwere aduonu ɛnan pɛn. 26 Mʼakwantuo ahodoɔ mu, mehyiaa nsuyire ne akwanmukafoɔ. Mehunuu amane wɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nsam. Mehunuu nkuro so amane. Mehunuu wiram amane. Mehunuu ɛpo so amane ne nnamfoɔ a wɔnka nokorɛ nsam amane. 27 Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mpɛn pii, menna. Ɛkɔm ne sukɔm dee me. Mpɛn pii, mennya aduane a ɛbɛso me nni. Mennya baabi nna anaa atadeɛ nhyɛ. 28 Ɛberɛ biara na mema asafo ahodoɔ no ho nsɛm yɛ me asɛnhia. 29 Sɛ obi yɛ mmerɛ a ɛma me nso meyɛ mmerɛ. Sɛ obi ka ɔfoforɔ kɔ bɔne mu a, ɛma me werɛ ho.
30 Sɛ mehoahoa me ho a, na ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho wɔ nneɛma a ɛkyerɛ me mmerɛyɛ no mu. 31 Awurade Yesu no, Onyankopɔn ne Agya no a ɛsɛ sɛ yɛkamfo no no nim sɛ merentwa nkontompo. 32 Ɛberɛ a mewɔ Damasko no, Amrado a na ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no maa awɛmfoɔ wɛnee kuro no ɛpono pɛɛ sɛ wɔkyere me. 33 Nanso, wɔde me sii kɛntɛn mu twetwee me faa ɔfasuo bi a apae tokuro mu de me sii fam maa medwane firii ne nsam.