13
Kɔkɔbɔ A Ɛtwa Toɔ
Nsra a ɛtɔ so mmiɛnsa a merebɛsra mo ni. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Adanseɛ a nnipa baanu anaa baasa bɛdi no na ɛsɛ sɛ wɔfa.” Ɛberɛ a mebaa mo nkyɛn deɛ ɛtɔ so mmienu no, mebɔɔ mo kɔkɔ bi. Mereti mu bio seesei a menni mo nkyɛn yi. Sɛ mesane ba bio a, mo anaa nnipa afoforɔ bi a wɔayɛ bɔne no, meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, mopɛ sɛ mohunu nsɛnkyerɛnneɛ bi sɛ Kristo nam me so kasa. Ɔnnyɛ mmerɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu adwuma, na mmom, ɔwɔ tumi wɔ mo mu. Ɛwom sɛ mmerɛyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, nanso Onyankopɔn tumi mu na ɔte ase yi. Yɛyɛ mmerɛ deɛ, nanso yɛn ayɔnkofa a yɛne no wɔ enti, yɛne no bɛtena wɔ Onyankopɔn tumi mu.
Monsɔ mo ho nhwɛ na mommu mo ho atɛn nhwɛ sɛ mote ase wɔ gyidie mu anaa. Monim yie sɛ Kristo Yesu te mo mu anaa? Sɛ ɔnte mo mu a, na ɛkyerɛ sɛ moantumi sɔhwɛ no. Menim yie sɛ mobɛhunu sɛ yɛanni nkoguo. Afei, yɛbɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ morennyɛ biribiara a ɛnnyɛ. Yɛmmpɛ sɛ nnipa bɛhunu sɛ yɛwɔ tumi bi wɔ mo so. Sɛ mpo sɛ wɔhunu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkoguo wɔ yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, ɛfiri sɛ, yɛpɛ sɛ mobɛyɛ deɛ ɛyɛ de adi nkonim. Yɛrentumi nsɔre ntia nokorɛ, na mmom, nokorɛ nko ara na ɛsɛ sɛ yɛgyina ma no. Sɛ yɛhunu sɛ yɛyɛ mmerɛ na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti, yɛn nso yɛrebɔ mpaeɛ sɛ mobɛyɛ pɛ. 10 Ɛno enti na meretwerɛ saa krataa yi abrɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meba a, merennyina tumi a Awurade de ama me sɛ memfa mmoa mo na monnyini na mo mu antete no so, na me ne mo anni no anibereɛ so.
 
 
11 Enti, anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; montie mʼafotuo; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoeɛ mu. Na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo bɛtena.
 
12 Momfa onuadɔ nkyeakyea mo ho mo ho.
13 Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa kyeakyea mo.
 
14 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom ne Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.