5
Yɛnim sɛ, sɛ yɛwu na yɛgya saa onipadua yi a, yɛbɛnya onipadua foforɔ a Onyankopɔn ankasa ayɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ɔsoro hɔ. Seesei, yɛsi apinie pɛ sɛ wɔde ɔsoro animuonyam foforɔ no kata yɛn ho, ɛfiri sɛ, sɛ wɔde kata yɛn ho a, yɛn ho renna hɔ bio. Na sɛ yɛwɔ saa honam yi mu a, yɛsi apinie na adesoa bi da yɛn so; ɛnyɛ sɛ yɛmmpɛ sɛ yɛgya onipadua no, na mmom, yɛpɛ sɛ wɔde ɔsoro atenaeɛ foforɔ no kata yɛn ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkwa bɛmene deɛ ɛwu no. Onyankopɔn na wasiesie yɛn ama saa nsakraeɛ yi. Na ɔde ne Honhom no maa yɛn sɛ deɛ ɔwɔ ma yɛn no nyinaa akyigyina.
Yei enti, daa yɛwɔ akokoɔduru. Yɛnim sɛ mmerɛ dodoɔ a yɛwɔ saa onipadua yi mu no, ɛma yɛne Awurade fie kwan ware. Ɛfiri sɛ, yɛn nkwa gyina gyidie so na ɛnnyina deɛ yɛhunu so. Yɛwɔ nkuranhyɛ enti, ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yɛbɛtu afiri yɛn fie wɔ saa honam yi mu na yɛne Awurade akɔtena ne fie. Sɛ yɛwɔ yɛn fie ha anaa nohoa no, yɛpɛ sɛ yɛsɔ nʼani sene biribiara. 10 Ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ba Kristo anim ma ɔbu yɛn atɛn. Sɛdeɛ obiara tenaa ase wɔ onipadua no abrabɔ mu no, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne na wɔbɛgyina so abu no atɛn.
Yɛne Onyankopɔn Ayɔnkofa
11 Ɛfiri sɛ yɛnim sɛdeɛ yɛsuro Awurade enti, yɛka ne ho asɛmpa kyerɛ nnipa. Onyankopɔn nim yɛn yie na mewɔ anidasoɔ sɛ monim me nso wɔ mo akoma mu. 12 Yɛrensane nka yɛn ho asɛmpa nkyerɛ mo, na mmom, yɛrebɔ ho mmɔden sɛdeɛ mode yɛn bɛhoahoa mo ho na moatumi abua wɔn a wɔde onipa anim hoahoa wɔn ho na ɛnyɛ wɔn su no. 13 Sɛ yɛabobɔ adam a ɛyɛ yɛne Onyankopɔn ntam asɛm. Nanso sɛ yɛn adwene mu da hɔ a, ɛyɛ ma mo yiedie. 14 Afei a yɛahunu sɛ onipa baako na ɔwu maa nnipa nyinaa wuu bi no enti, Kristo dɔ a ɔde dɔ yɛn no na ɛhyɛ yɛn. Yei kyerɛ sɛ nnipa nyinaa wɔ ne wuo no mu kyɛfa bi. 15 Ɔwu maa yɛn nyinaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio na mmom, wɔbɛtena ase ama deɛ yɛn enti, ɔwuiɛ a wɔmaa ɔsɔre firii awufoɔ mu no.
16 Enti, ɛnsɛ sɛ yɛgyina onipa adwene so bu obiara atɛn bio. Na sɛ mpo ɛberɛ bi a atwam no na yɛgyina nnipa adwene so na yɛhunu Kristo a, afei deɛ, yɛrenyɛ saa bio. 17 Sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ, na nneɛma dada nyinaa atwam ama nneɛma foforɔ aba. 18 Onyankopɔn ayɛ ne nyinaa. Ɔsomaa Kristo sɛ ɔmmɛpata ɔne yɛn ntam na ɔde ɔne afoforɔ ntam mpata dwumadie no ahyɛ yɛn nsa. 19 Asɛm a wɔde abrɛ yɛn ne sɛ, Onyankopɔn nam Kristo so afa nnipa nyinaa adamfo. Onyankopɔn ankan wɔn bɔne antia wɔn na ɔde nʼasomdwoeɛ asɛnka ho dwumadie no ahyɛ yɛn nsa. 20 Enti yɛyɛ asomafoɔ ma Kristo, na ɛte sɛdeɛ Onyankopɔn nam yɛn so kasa kyerɛ mo. Yesi Kristo anan mu srɛ mo sɛ, momma wɔmfa mo mmata Onyankopɔn ho. 21 Na Kristo nni bɔne, nanso yɛn enti, Onyankopɔn maa ɔfaa yɛn bɔne sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛnam ɔno Kristo so bɛyɛ teneneefoɔ wɔ Onyankopɔn anim.