Paulo Nwoma A
Ɔtwerɛ Kɔmaa
Kolosefoɔ
1
Nkyea
Krataa yi firi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so enti, ɔyɛ Kristo somafoɔ no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn,
 
Yɛde kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifoɔ no:
 
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.
 
Aseda Ne Mpaeɛbɔ
Ɛberɛ biara a yɛbɔ mpaeɛ ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Ɛfiri sɛ, yɛate mo gyidie a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu ne dɔ a modɔ ahotefoɔ no. Ɛda a ɛdi ɛkan a motee Asɛmpa no, monyaa mu anidasoɔ a ɛwɔ hɔ ma mo. Enti, mo gyidie ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidasoɔ a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so. Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a motee Onyankopɔn adom na mohunuu sɛdeɛ ɛteɛ no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ ewiase afanan nyinaa, na trɛ ara na ɛretrɛ sɛdeɛ mohunu no wɔ mo mu no. Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua ɔsomfoɔ a ɔde gyidie yɛ Kristo adwuma ma yɛn no so na mohunuu yei. Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn.
Esiane saa enti, ɛfiri ɛberɛ a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa. Yɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔmfiri ne pɛ mu mma mo nyansa ne nteaseɛ a ne Honhom de ma no. 10 Ɛba saa a na mobɛtumi atena ase sɛdeɛ Awurade hwehwɛ na ɛberɛ biara nso, mobɛyɛ deɛ ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a mobɛdi no, ɛbɛso aba pa na mobɛnyini wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu. 11 Yɛrebɔ mpaeɛ nso sɛ ne tumi ne nʼahoɔden bɛhyɛ mo ma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛkwan biara so, mode Awurade mu ahosɛpɛ ne boasetɔ bɛgyina biribiara ano. 12 Momfa ahosɛpɛ nna Agya no a ɛnam ne so enti, moanya deɛ Onyankopɔn akora so ama nʼahotefoɔ a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase. 13 Ɔgyee yɛn firii esum tumi ase de yɛn baa ne Dɔ Ba no Ahennie mu dwoodwoo. 14 Ne mu na yɛnya ɔgyeɛ. Ne mu nso na yɛnya bɔnefakyɛ.
15 Kristo yɛ Onyankopɔn a wɔnhunu no no sɛso. Ɔno ne abɔdeɛ nyinaa farebae. 16 Ɛfiri sɛ, ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, honhom mu atumfoɔ, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso. 17 Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ. 18 Asafo no yɛ ne onipadua; na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na onipadua no nkwa firi no. Ɔno ne Abakan a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bɛdi adeɛ nyinaa mu ɛkan. 19 Ɛfiri Onyankopɔn no ankasa pɛ mu na Ɔba no wɔ Onyankopɔn su nyinaa wɔ ne mu. 20 Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn firi ne pɛ mu de ewiase nyinaa sane bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a ɔwuu asɛnnua so no de asomdwoeɛ baeɛ, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase.
21 Ɛberɛ bi a atwam no, ɛsiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho enti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ nʼatamfoɔ nso. 22 Nanso, ɛnam ne Ba no wuo so enti Onyankopɔn afa mo nnamfo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronkron a bɔne biara nni mo ho wɔ nʼanim. 23 Ɛsɛ sɛ mokɔ so ma mo gyidie mu yɛ den. Mommma ho kwan mma mo anidasoɔ a monyaa no da a ɛdi ɛkan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi enti na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfoɔ no.
Paulo Brɛ Asafo No Ho
24 Ɛyɛ me anigye sɛ merebrɛ mo ho. Menam me honam mu amaneɛ a merehunu no so retoa Kristo amanehunu a ɔhunuu wɔ ne honam mu maa nʼasafo no so. 25 Onyankopɔn a mo yiedie enti, ɔde saa dwuma yi hyɛɛ me nsa no ayɛ me asafo no ɔsomfoɔ. Dwumadie no yɛ nʼasɛm no ka, 26 a ɛyɛ ahintasɛm a mfeɛ bebree a atwam no, ɔde hintaa adasamma, nanso afei deɛ, wada no adi akyerɛ nʼahotefoɔ. 27 Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ne sɛ, ɔbɛda nʼahintasɛm a nnepa ne animuonyam wɔ mu no adi akyerɛ Amanamanmufoɔ nso. Ahintasɛm no ne sɛ: Kristo te mo mu, a nʼasekyerɛ ne sɛ, yɛwɔ anidasoɔ sɛ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn animuonyam no bi.
28 Ɛno enti, yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ, kyerɛkyerɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no bɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu. 29 Ɛno enti na menam Kristo tumi sononko a ɔde ma me no so yɛ adwumaden.