4
Awuranom, momma mo asomfoɔ deɛ ɛtene. Monkae sɛ mo nso mowɔ Owura wɔ ɔsoro.
Mommɔ mpaeɛ daa. Monyɛ nnam wɔ mo mpaeɛbɔ mu na monna Onyankopɔn ase. Ɛberɛ korɔ no ara mu, mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahintasɛm. Ɛfiri sɛ, ɛno enti na meda afiase no. Mommɔ mpaeɛ na matumi akasa ama nteaseɛ aba mu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mekasa. Ɛberɛ biara a mobɛnya kwan ne wɔn a wɔnyɛ agyedifoɔ no ahyia no, mo ne wɔn nkasa nyansa mu. Daa, monka kasa pa a ɛyɛ anigye nkyerɛ wɔn na momma wɔn mu biara mmuaeɛ pa.
 
Nkyea
Yɛn nuabarima pa Tihiko a ɔyɛ odwumayɛfoɔ pa na ɔsane yɛ Awurade adwumayɛ mu ɔsomfoɔ no bɛka me ho asɛm akyerɛ mo. Ɛno enti na meresoma no aba mo nkyɛn sɛ ɔmmɛka sɛdeɛ yɛrekɔ so fa mfa nhyɛ mo den no. Onua Onesimo a ɔyɛ ɔdɔfoɔ nokwafoɔ na ɔsane fra mo kuo mu no ne no na ɛreba. Wɔbɛka biribiara a ɛrekɔ so wɔ ha akyerɛ mo.
 
10 Me yɔnko Aristarko a ɔne me da afiase no kyea mo. Saa ara na Barnaba wɔfaase Marko nso kyea mo. Wɔaka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɔba mo nkyɛn a, monnye no fɛ so.
11 Yesu a wɔfrɛ no Yusto no nso kyea mo. Saa nnipa baasa yi nko ara ne Yudafoɔ agyidifoɔ a me ne wɔn reyɛ Onyankopɔn Ahennie no ho adwuma a wɔaboa me yie.
12 Kristo Yesu ɔsomfoɔ a wɔfrɛ no Epafra a ɔfra mo kuo mu no nso kyea mo. Daa ɔbɔ mpaeɛ denden srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhyɛ mo den na ɔmma mo nyansa na mommrɛ mo ho ase mma nʼapɛdeɛ. 13 Mɛtumi adi ne nsiyɛ ho adanseɛ akyerɛ mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea ne Hierapoli no.
14 Luka a ɔyɛ yɛn yaresafoɔ pa no ne Dema kyea mo.
15 Yɛkyea anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a wɔhyia wɔ ne fie no.
 
16 Sɛ mokan saa nwoma yi wie a, monhwɛ sɛ mobɛkan akyerɛ asafo a wɔwɔ Laodikea no. Saa ara nso na monkan nwoma a ɛfiri Laodikea no.
 
17 Monka nkyerɛ Arkipo sɛ, “Bɔ mmɔden sɛ wobɛwie ɔsom a wɔde ahyɛ wo nsa wɔ Awurade din mu no.”
 
18 Me, Paulo, me nsa ano atwerɛ a mede kyea mo nie: Monkae me mpɔkyerɛ no. Onyankopɔn adom nka mo.