14
Nnuane A Ɛho Teɛ Ne Nea Ɛho Nteɛ
Moyɛ Awurade mo Onyankopɔn mma. Ɛno enti mommotabota mo ho anaa monnnyi mo moma so mma awufoɔ, ɛfiri sɛ, moyɛ nnipa kronkron ma Awurade, mo Onyankopɔn. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na Awurade ayi mo sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo.
Monnni akyiwadeɛ biara. Yeinom ne mmoa a ɛsɛ sɛ mowe: nantwie, odwan, abirekyie ɔforoteɛ, adowa, ɔwansane, eyuo, ɔtwe, ɛkoɔ ne abereɛ. Na monni atɔteboa biara a ne tɔte mu apae mmienu na ɔpu wesa. Nanso, ntɔteboa a wɔpu wesa anaa wɔn tɔte mu apae mmienu koraa mu no, monnwe yoma, adanko ne atwaboa, ɛfiri sɛ, wɔpu wesa deɛ, nanso wɔn tɔte mu mpaeɛ; wɔn ho nte mma mo. Ɔprako nso ho nte. Ɛwom sɛ ne tɔte mu apae deɛ, nanso ɔmpu nwesa. Ɛnsɛ sɛ mowe ne nam anaa mode mo nsa sɔ ne funu mu koraa.
Nsuomnam a wɔwɔ tɛtɛ ne abon nyinaa motumi we. 10 Nanso, nsuomnam a wɔnni tɛtɛ ne abon deɛ, monnwe. Wɔn ho nte mma mo.
11 Anomaa biara a ne ho te no, monwe. 12 Nnomaa a ɛnsɛ sɛ mowe nie: ɔkɔdeɛ, opete, asuo so ɔkɔdeɛ, 13 ɔkompete, nkorɔma ahodoɔ nyinaa 14 kwaakwaadabi ahodoɔ nyinaa, 15 sohori, anadwo akorɔma, ɛpo so asomfena ne akorɔma ahodoɔ nyinaa, 16 ɔpatuo, ɔpatukɛseɛ, bakanoma 17 nantwinoma, opete ne ɛpo so anene, 18 ne asukɔnkɔn ahodoɔ nyinaa, asɔkwaa ne apan.
19 Ntuboa a wɔnante nyinaa ho nnte mma mo; monnwe. 20 Nanso ntuboa a wɔn ho te nyinaa deɛ, monwe.
21 Monnwe aboa bi a ɔno ankasa awuo. Momfa ma ɔhɔhoɔ a ɔne mo te, anaasɛ montɔn ma ɔnanani. Na mo ankasa deɛ, monnwe, ɛfiri sɛ, wɔayi mo asi nkyɛn sɛ ɔman kronkron ama Awurade, mo Onyankopɔn.
Monnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.
Ntotosoɔ Dudu Ho Mmara
22 Mo mfuo mu nnɔbaeɛ no, monyi mu ntotosoɔ dudu a ɛyɛ nkyɛmu edu mu baako wɔ mo nnɔbaeɛ mu afe biara otwaberɛ mu. 23 Momfa saa ntotosoɔ dudu yi mmra baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo na momfa nkamfo ne din na monni wɔ nʼanim. Mo aburoo, mo nsa, mo ngo ne mo anantwie ne mo nnwan abakan mmarima nso, monyɛ wɔn saa ara. Ntotosoɔ dudu no botaeɛ ne sɛ, ɛkyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ daa mosuro Awurade, mo Onyankopɔn. 24 Sɛ beaeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo sɛ monkamfo ne din no kwan ware firi mo fie a, 25 motumi tɔn mo afudeɛ ne mo nyɛmmoa ntotosoɔ dudu no kyɛfa gye sika de kɔ faako a Awurade, mo Onyankopɔn, akyerɛ mo hɔ. 26 Sɛ moduru hɔ a, momfa sika no ntɔ biribiara a mo kɔn dɔ, sɛ ebia, nantwie, odwan, bobesa, anaa nsã biara a ɛyɛ den ne adeɛ biara a mo kra pɛ na monni wɔ hɔ wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim, na mo ne mo fiefoɔ ani nnye. 27 Lewifoɔ a wɔfra mo mu no, mommma mo werɛ mfiri wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnni kyɛfa biara a wɔdi so sɛdeɛ mowɔ no.
28 Mfeɛ mmiɛnsa biara awieeɛ no, momfa mo mfudeɛ ntotosoɔ dudu no mmra mmɛkora no wɔ kuro a ɛbɛn mu. 29 Momfa mma Lewifoɔ a wɔnni kyɛfa wɔ mo mu no ne ananafoɔ a wɔwɔ mo nkuro so no, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔwɔ mo nkuro so sɛdeɛ wɔbɛtumi adidi amee. Na Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo nnwuma nyinaa so.