30
Awurade Nkyɛn Ba Ho Kɔkɔbɔ
Sɛ nhyira ne nnome a mede ato mo anim no nyinaa ba mo so wɔ baabiara a Awurade mo Onyankopɔn bɛhwete mo akɔ wɔ aman no mu, na mo ne mo mma sane ba Awurade, mo Onyankopɔn, nkyɛn, na mode mo akoma ne mo kra nyinaa yɛ ɔsetie ma no sɛdeɛ merekyerɛ mo ɛnnɛ yi a, ɛnneɛ, Awurade, mo Onyankopɔn de mo akradeɛ bɛma mo, na wahunu mo mmɔbɔ, na waboaboa mo ano bio afiri amanaman a ɔbɔɔ mo hwete kɔɔ so no nyinaa, asane de mo aba bio. Sɛ mpo, wɔapam mo kɔ akyirikyiri asase bi a ɛwɔ ɔsoro ase a, ɛfiri hɔ no, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛboaboa mo ano asane de mo aba bio. Awurade Onyankopɔn de mo bɛba asase a ɛyɛ mo agyanom dea so, na moafa sɛ agyapadeɛ. Ɔbɛma mo adi yie na mo adɔɔso asene mo agyanom. Awurade, mo Onyankopɔn, bɛtene mo ne mo asefoɔ akoma so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mode mo akoma ne mo kra nyinaa bɛdɔ no na moatena. Awurade, mo Onyankopɔn, de saa nnome yi nyinaa bɛgu mo atamfoɔ ne wɔn a wɔtaa mo no so. Afei, mobɛsane atie, adi Awurade mmara a mede rema mo ɛnnɛ no so. Awurade, mo Onyankopɔn, bɛma biribiara a moyɛ no asi mo yie. Ɔbɛma mo mma pii. Mo nyɛmmoa bɛdɔɔso. Na mo mfuo mu nnɔbaeɛ nso bɛbu so, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ani bɛgye sɛ ɔbɛma mo adi yie sɛdeɛ na ɔyɛ mo agyanom no. 10 Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, nne, na modi nʼahyɛdeɛ ne ne mmara a wɔatwerɛ wɔ saa mmara nwoma no mu no so, na mode mo akoma ne mo kra dɔ no a, nʼani bɛgye mo yiedie ho.
Owuo Ne Nkwa
11 Nokorɛm, saa mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi sodie nyɛ den, na ɛnyɛ adeɛ a morentumi nyɛ nso. 12 Ɛnni soro a enti mobɛka sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ soro ama yɛn na wakɔgye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?” 13 Saa ara nso na ɛnni ɛpo agya a enti mobɛka sɛ, “Hwan na ɔbɛtwa akɔ ɛpo fa nohoa ama yɛn na wakɔgye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?” 14 Dabi, asɛm no abɛn wo. Ɛda wʼano, na ɛwɔ wʼakoma mu. Ɛno enti, monni so.
15 Montie, ɛnnɛ, mede nkwa ne nkɔsoɔ, owuo ne ɔsɛeɛ asi mo anim. 16 Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi, nam so dɔ Awurade, mo Onyankopɔn, nante nʼakwan mu, di ne mmara so a, mobɛnya nkwa na mo ase adɔre, na Awurade, mo Onyankopɔn bɛhyira mo wɔ asase a morekɔ akɔtena so no so.
17 Nanso sɛ mo akoma dane, sɛ moanyɛ ɔsetie, na sɛ wɔtwe mo kɔkoto anyame foforɔ, na mosom wɔn a, 18 mepae mu ka kyerɛ mo ɛnnɛ sɛ, nokorɛm wɔbɛsɛe mo; morentena asase a moretwa Yordan akɔ so akɔfa sɛ agyapadeɛ no so nkyɛ.
19 Nnɛ mede nkwa ne owuo, nhyira ne nnome, asi mo anim sɛ monyi deɛ mopɛ. Mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefoɔ. Momfa nkwa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo ne mo asefoɔ bɛnya nkwa! 20 Monnɔ Awurade, mo Onyankopɔn. Monyɛ ɔsetie mma no, na momfa mo ho mma no, ɛfiri sɛ, ɔno ne mo nkwa. Ɛno na mobɛtena ase akyɛre wɔ asase a Awurade kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo tete agyanom Abraham, Isak ne Yakob no.