33
Mose Hyira Mmusuakuo No
Yei ne nhyira a Onyankopɔn onipa Mose de hyiraa Israelfoɔ no ansa na ɔrewu: Ɔkaa sɛ,
Awurade firi Sinai ba bɛpuee
yɛn so firii Seir;
ɔhran firii Paran bepɔ so.
Ɔde akronkronfoɔ pii ba firii
anafoɔ fam ne mmepɔ nsianeɛ so.
Nokorɛ mu, wo wodɔ wo nnipa no,
akronkronfoɔ nyinaa wɔ wo nsam.
Wɔkoto wo nan ase,
na wɔnya nkyerɛkyerɛ firi wo hɔ;
mmara a Mose de maa yɛn no:
Yakob nkurɔfoɔ agyapadeɛ.
Awurade yɛɛ ɔhene wɔ Yeshurun
ɛberɛ a nnipa no ntuanofoɔ hyiaa
Israel mmusuakuo no.
 
“Ma Ruben nya nkwa. Mma nʼase ntɔre.
Na ne mmarima nso, mma wɔn so nhwan.”
Asɛm a Mose ka faa Yuda abusuakuo ho nie:
“Tie Ao Awurade, tie Yuda sufrɛ
fa no brɛ ne nkurɔfoɔ.
Ɔde nʼankasa ahoɔden bɔ ne ho ban.
Yɛ ne ɔboafoɔ na tia nʼatamfoɔ!”
Asɛm a Mose ka faa Lewi abusuakuo ho nie:
“Ao Awurade, wode ade kronkron
ama wʼasomfoɔ nokwafoɔ Lewifoɔ.
Wosɔɔ wɔn hwɛɛ wɔ Masa
wone wɔn koeɛ wɔ Meriba asuo ho.
Lewifoɔ tiee wʼasɛm
bɔɔ wʼapam no ho ban.
Wɔdii wo nokorɛ
sene sɛdeɛ wɔdii wɔn awofoɔ,
wɔn abusuafoɔ ne wɔn mma nokorɛ.
10 Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no.
Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfoɔ.
Wɔde aduhwam bɛba wʼanim
Abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so.
11 Hyira Lewifoɔ, Ao Awurade
na ma wɔn nnwuma nyinaa nsɔ wʼani.
Bubu wɔn atamfoɔ nnwonku;
bɔ wɔn atamfoɔ hwe fam a wɔnsɔre bio.”
12 Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuo ho nie:
Awurade dɔ Benyamin nkurɔfoɔ
na wɔnya banbɔ wɔ ne mu.
Ɔtwa wɔn ho hyia ɛberɛ biara
na ɔbɔ wɔn ho ban firi ɔhaw biara mu.”
13 Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuo ho nie:
Awurade nhyira wɔn nsase;
ɔmfa ne bosuo pa a ɛfiri sorosoro
ne nsuo a ɛfiri asase ase pɛɛ no,
14 ne nnepa a ɛnyini wɔ owia mu
ne adonneɛ a ɛba ɔbosome biara mu;
15 ne nnɔbaeɛ pa a ɛfiri tete mmepɔ mu
ne deɛ abu so wɔ nkokoɔ a ɛtim hɔ daa mu
16 ne akyɛdeɛ amapa dodoɔ a ɛfiri asase mu,
ne adom a ɛfiri deɛ ɔpuee wɔ ogya a ɛrederɛ no mu.
Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef so
nhyɛ no ahenkyɛ wɔ ne nuanom mu.
17 Yosef wɔ ahoɔden ne tumi sɛ nantwie ba.
Nʼahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn.
Ɔde bɛwowɔ akyirikyiri aman,
apamo wɔn akɔ asase ano.
Yei ne me nhyira a
mede rema Efraim bebrebe
ne Manase mpempem no.”
18 Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuo ho nie:
“Sebulon asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo akwantuo biara mu.
Isakar asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo fie ntomadan mu.
19 Wɔfrɛ nnipa no kɔ bepɔ no so
kɔbɔ afɔdeɛ a ɛdi mu wɔ hɔ.
Wɔnya mfasoɔ firi ɛpo mu nnepa
ne ademudeɛ a ahinta wɔ anwea mu.”
20 Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuo ho nie:
“Nhyira nka obi a ɔtrɛ Gad mantam mu!
Gad ayɛ krado sɛ gyata
a ɔrebɛtu abasa anaa wate etire.
21 Gad nkurɔfoɔ gyee asase pa no maa wɔn ho;
ɔkannifoɔ kyɛfa na wɔde maa wɔn.
Ɛberɛ a nkurɔfoɔ no mpanimfoɔ hyiaeɛ no,
wɔde Awurade atɛntenenee yɛɛ adwuma,
na wɔdii mmara a wɔde maa Israelfoɔ no so.”
22 Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuo ho nie:
“Dan yɛ gyata ba a
ɔrehurihuri firi Basan.”
23 Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuo ho nie:
“Ao Naftali, wowɔ adom bebree
na Awurade nhyira ayɛ wo ma;
atɔeɛ fam ne anafoɔ fam bɛyɛ wo kyɛfa.”
24 Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuo ho nie:
“Aser nnya animuonyam wɔ ne nuanom anim;
ne nuanom mfa anidie mma no;
wɔmfa ngo nsra ne nan ho.
25 Wʼapono ho nkyerewa nyɛ dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ;
Awurade mmɔ wo ho ban wo nkwa nna nyinaa.
 
26 “Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Onyankopɔn;
Ɔnam ɔsorosoro bɛboa wo,
ɔde ne tumi nante omununkum mu.
27 Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo dwanekɔbea;
nʼabasa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo.
Ɔbɛpam wʼatamfoɔ afiri wʼanim;
Ɔno na ɔteaam sɛ, ‘Sɛe wɔn!’
28 Enti, Israel bɛtena ase asomdwoeɛ mu;
Yakob a wanya nkɔsoɔ bɛnya banbɔ
wɔ asase a aduane ne nsã wɔ so,
na ɔsoro tɔ bosuo gu so.
29 Nhyira nka mo, Ao Israel!
Hwan na ɔte sɛ mo,
nnipa a Awurade agye mo nkwa.
Ɔyɛ mo akokyɛm ne mo ɔboafoɔ
ne mo nkonimdie akofena!
Mo atamfoɔ bɛkoto mo anim,
na moatiatia wɔn so.”