10
Animuonyam Firi Asɔredan No So
Mehwɛeɛ, na mehunuu biribi te sɛ aboɔdemmoɔ ahennwa a ɛhoho ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim apampam no so. Na Awurade ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no sɛ, “Kɔhyɛ ntwahonan a ɛwɔ Kerubim ase no mu. Fa egyasramma nsabuo firi Kerubim no mu na to pete kuropɔn no so.” Megu so rehwɛ no, ɔkɔhyɛɛ mu.
Afei na Kerubim no gyinagyina asɔredan no anafoɔ fam ɛberɛ a ɔbarima no kɔhyɛnee mu no, na omununkum kɔhyɛɛ emu fam adihɔ hɔ ma. Na Awurade animuonyam pagyaa ne ho firii Kerubim no atifi kɔɔ asɔredan no aboboano. Omununkum no yɛɛ asɔredan no ma na Awurade animuonyam hyerɛn yɛɛ adihɔ hɔ ma. Kerubim ntaban no nnyegyeeɛ no, na wɔte wɔ mfikyire fam adihɔ hɔ te sɛ Otumfoɔ Onyankopɔn nne, ɛberɛ a ɔrekasa.
Ɛberɛ a Awurade hyɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no sɛ, “Yi egyasramma firi ntwahonan no mu, firi Kerubim no ase no,” ɔbarima no kɔɔ mu kɔgyinaa ntwahonan no baako ho. Afei, Kerubim no mu baako tenee ne nsa hyɛɛ egyasramma a ɛwɔ wɔn mu no mu. Ɔfaa mu bi de hyɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no nsam, na ɔno nso gyeeɛ de firii adi. (Na wɔhunu biribi te sɛ onipa nsa wɔ Kerubim no ntaban ase.)
Mehwɛeɛ, na mehunuu ntwahonan ɛnan a baako biara gyina Kerubim nkyɛn, na ntwahonan no pa yerɛ yerɛ te sɛ sikabereɛboɔ. 10 Sɛdeɛ ɛteɛ no deɛ, na ntwahonan no nyinaa sesɛ; ebiara wɔ ntwahonan foforɔ hyɛ mu. 11 Sɛ wɔnam a, wɔn nyinaa de wɔn anim kyerɛ deɛ Kerubim baako de nʼanim bɛkyerɛ. Ntwahonan no nnane wɔn ho ɛberɛ a Kerubim no nam. Kerubim no kɔ tee deɛ etire no anim kyerɛ a ɔnnane ne ho. 12 Wɔn ho nyinaa, wɔn akyi, wɔn nsa ne wɔn ntaban nyinaa, aniwa tuatua ho. Saa ara na ntwahonan ɛnan no nso teɛ. 13 Metee sɛ wɔrefrɛ ntwahonan no, “kyinhyia ntwahonan.” 14 Kerubim no mu biara wɔ anim ɛnan. Anim baako te sɛ kerub, deɛ ɛtɔ so mmienu te sɛ onipa anim, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa te sɛ gyata anim, deɛ ɛtɔ so ɛnan te sɛ ɔkɔdeɛ anim.
15 Afei, Kerubim no pagyaa wɔn ho. Yeinom na na wɔyɛ ateasefoɔ a na mahunu wɔn wɔ Asubɔnten Kebar ho no. 16 Sɛ Kerubim no keka wɔn ho a, ntwahonan a ɛwowɔ wɔn ho no nso keka wɔn ho; na sɛ Kerubim no trɛtrɛ wɔn ntaban mu pagya wɔn ho kɔ ewiem a, ntwahonan no ka wɔn ho ara. 17 Sɛ Kerubim no gyinagyina dinn a, ntwahonan no nso gyinagyina dinn, na sɛ Kerubim no pagya wɔn ho a, wɔne wɔn pagya wɔn ho, ɛfiri sɛ, ateasefoɔ no honhom wɔ wɔn mu.
18 Afei, Awurade animuonyam no firii asɔredan no aboboano na ɛkɔgyinaa Kerubim no atifi. 19 Merehwɛ no, Kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu pagyaa wɔn ho firii fam na ntwahonan no ne wɔn kɔɔeɛ. Wɔkɔgyinaa Awurade efie ɛpono a ɛwɔ apueeɛ fam no ano, na na Israel Onyankopɔn animuonyam wɔ wɔn atifi.
20 Yeinom ne ateasefoɔ a na mahunu wɔn wɔ Israel Onyankopɔn ase wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na medwene hunuiɛ sɛ wɔyɛ Kerubim. 21 Wɔn mu biara wɔ animu ɛnan ne ataban ɛnan na biribi a ɛte sɛ onipa nsa wowɔ wɔn ntaban ase. 22 Wɔn nyinaa animu te sɛ deɛ na mahunu wɔ Asubɔnten Kebar ho no. Wɔn mu biara kɔ nʼanim tee.