15
Yerusalem, Bobe Dua Hunu
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, ɛkwan bɛn so na bobe dutan ho bɛba mfasoɔ asene kwaeɛ mu dua foforɔ biara mman? Wɔtwa dua no bi de yɛ biribi a ɛho wɔ mfasoɔ? Wɔde yɛ pɛɛwa a wɔde nneɛma sensɛn soɔ anaa? Na sɛ wɔde ne nyina hyɛ ogya mu na etire ne etire hye ma mfimfini yɛ bidie a, ɛho ba mfasoɔ bi anaa? Na sɛ ɛho amma mfasoɔ ɛberɛ a ɛdi mu a, ɛbɛyɛ den na wɔbɛtumi de ayɛ mfasodeɛ bi, ɛberɛ a ahye adane bidie?
“Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede bobe dua a ɛfera kwaeɛm nnua mu ama sɛ wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɛkwan no so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no bɛfa. Mɛtu mʼani asi wɔn so. Ɛwom sɛ wafiri ogya no mu deɛ, nanso ɛbɛhye wɔn bio. Na sɛ metu mʼani si wɔn so a, wobɛhunu sɛ mene Awurade. Mɛma asase no ada mpan, ɛfiri sɛ wɔanni nokorɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”