24
Ɛsɛn No
Afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so edu no dadu so, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, twerɛ saa ɛda yi, saa ɛda yi ara, ɛfiri sɛ Babiloniahene atua Yerusalem ɛnnɛ dua yi ara. Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi, ka no wɔ abɛbuo mu kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Fa ɛsɛn no si ogya so; fa si so
na hwie nsuo gu mu.
Fa nankum no gu mu,
nankum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, nnyawa ne abasa.
Fa nnompe a ɛte apɔ hyɛ no ma;
fa nnwankuo no mu deɛ ɔdi mu.
Fa nnyentia hyehyɛ aseɛ ma nnompe no;
ma ɛnhuru
na noa nnompe a ɛwɔ mu no.
 
“ ‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue,
nnome nka ɛsɛn a awe nnaakye seesei,
na deɛ ɛwɔ mu aka mu no!
Yiyi nankum no mmaako mmaako firi mu
a wommɔ so ntonto.
 
“ ‘Mogya a ɔhwie guiɛ no wɔ ne mfimfini:
ɔhwie guu ɔbotan wesee so;
wanhwie angu fam,
baabi a mfuturo bɛkata soɔ.
Sɛ ɛbɛhwanyan abufuhyeɛ ama aweretɔ enti
mede ne mogya guu ɔbotan wesee so
sɛdeɛ ɛso renkata.
 
“ ‘Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue!
Me nso mɛhyehyɛ nnyensin no akɔ sorosoro.
10 Enti hyehyɛ nnyensin no
na sɔ ogya no.
Noa ɛnam no yie,
fa ahwanhwanneɛ fra mu;
na ma nnompe no nhye.
11 Afei, fa ɛsɛn hunu si ogyasramma no so
kɔsi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ
sɛdeɛ emu fi no bɛnane
na deɛ ɛwɔ mu no bɛhye asɛeɛ.
12 Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa;
emu fi dodoɔ no ankɔ,
ogya mpo antumi annyi.
13 “ ‘Ɛfi a ɛwɔ wo mu no ne aniwudeyɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho ɛkwan, wo ho remfi bio kɔsi sɛ mʼabufuhyeɛ a ɛtia woɔ no ano bɛdwo.
 
14 “ ‘Me Awurade na maka. Ɛberɛ aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔborɔ, na merenwogo me ho. Wɔbɛgyina wo suban ne wo nneyɛɛ so abu wo atɛn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”
Hesekiel Yere Owuo
15  Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 16 “Onipa ba, merebɛbɔ wo fua na mafa adeɛ a wʼani gye ho yie. Nanso ɛntwa adwo, ɛnni awerɛhoɔ na ɛnnte nisuo. 17 Si apinie komm; ɛnni owufoɔ ho awerɛhoɔ. Ma wʼabotiten mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na ɛnni amanneɛ aduane a wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di.”
18 Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa, na nʼanwummerɛ na me yere wuiɛ. Adeɛ kyeeɛ no, meyɛɛ sɛdeɛ wɔahyɛ me no.
19 Afei nnipa no bisaa me sɛ, “Worenkyerɛ yɛn deɛ ade a woreyɛ yi bɛyɛ wɔn yɛn ho?”
20 Enti meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 21 Ka kyerɛ Israel efie sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛgu me kronkronbea ho fi; mo banbɔ denden a mode hoahoa mo ho, deɛ mo ani gye ho, adeɛ a mo akoma da so. Mmammarima ne mmammaa a mogyaa wɔn akyi no bɛtotɔ wɔ akofena ano. 22 Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi: morenkata mo ano na morenni amanneɛ aduane a wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di. 23 Mobɛkɔ so abɔ mo abɔtiten ahyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhoɔ na morensu, mmom mo so bɛte ɛsiane mo bɔne enti, na mobɛsisi apinie wɔ mo mu. 24 Hesekiel bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo. Mobɛyɛ sɛdeɛ woayɛ no pɛpɛɛpɛ. Na yei si a na mobɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.’
25 “Na wo, onipa ba, ɛda a mɛfa wɔn aban denden, wɔn ahosɛpɛ ne animuonyam, adeɛ a wɔn ani gye ho, wɔn akoma so adeɛ, ne wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nso no, 26 saa ɛda no otutenani bi na ɔbɛba abɛka deɛ asi akyerɛ wo. 27 Saa ɛberɛ no, wʼano bɛbue, wo ne no bɛkasa na worennyɛ komm bio. Wobɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wɔn, na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”