33
Ɔwɛmfoɔ Hesekiel
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, kasa kyerɛ wo ɔman mma na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Sɛ metwe mʼakofena wɔ asase bi so, na sɛ asase no so nnipa yi wɔn mmarima no mu baako sɛ ɔnyɛ ɔwɛmfoɔ mma wɔn, na ɔhunu sɛ akofena reba abɛtia asase no a, ɔhyɛne totorobɛnto de bɔ nnipa no kɔkɔ. Na sɛ obi te totorobɛnto no nnyegyeeɛ na wanna ne ho so, na sɛ akofena no bɛkum no a, ne mogya bɛbɔ ɔno ankasa tiri so. Esiane sɛ ɔtee totorobɛnto no nnyegyeeɛ na wantie kɔkɔbɔ no enti, ne mogya bɛbɔ nʼankasa tiri so. Sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ no a, anka ɔnyaa ne tiri didii mu. Nanso sɛ ɔwɛmfoɔ no hunu sɛ akofena no reba na wanhyɛne totorobɛnto no ammɔ nnipa no kɔkɔ, na sɛ akofena no ba bɛkum wɔn mu baako a, wɔbɛfa saa onipa no akɔ wɔ ne bɔne enti, nanso mɛma ɔwɛmfoɔ no abu owufoɔ no mogya ho akonta.’
“Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfoɔ ama Israel efie, ɛno enti tie mʼanum nsɛm na fa kɔkɔbɔ a ɛfiri me nkyɛn ma wɔn. Sɛ meka kyerɛ omumuyɛfoɔ sɛ, ‘Ao omumuyɛfoɔ owuo na wobɛwuo,’ na sɛ wʼankasa ankyerɛ no amma wamfiri nʼakwan so a, saa omumuyɛfoɔ no bɛwu ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akonta. Nanso sɛ wobɔ omumuyɛfoɔ no kɔkɔ sɛ ɔmfiri nʼakwan so na sɛ wanyɛ a, ne bɔne enti, ɔbɛwu, nanso worenni ne mogya ho fɔ.
10 “Onipa ba, ka kyerɛ Israel efie sɛ: ‘Yei ne deɛ moreka: “Yɛn mfomsoɔ ne yɛn nnebɔne hyɛ yɛn so, yɛresɛe ɛsiane yeinom enti. Na ɛdeɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya nkwa?” ’ 11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mʼani nnye amumuyɛfoɔ wuo ho, na mmom mepɛ sɛ wɔdane firi wɔn akwan so na wɔnya nkwa. Monnane! Monnane mfiri mo amumuyɛ akwan no so! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mowuwuo, Ao Israel efie?’
12 “Ɛno enti onipa ba, ka kyerɛ wo ɔman mma sɛ, ‘Ɔteneneeni tenenee rentumi nye no nkwa wɔ ɛberɛ a ɔnnyɛ ɔsetie; na omumuyɛfoɔ amumuyɛ remma ɔnhwe ase wɔ ɛberɛ a ɔdane firi ho. Sɛ ɔteneneeni yɛ bɔne a, ɔrennya nkwa wɔ ne kane teneneeyɛ enti.’ 13 Sɛ meka kyerɛ ɔteneneeni sɛ ɔbɛnya nkwa, na afei ɔde ne ho to ne teneneeyɛ so na ɔyɛ bɔne a, wɔrenkae ne kane tenenee adeyɛ biara. Ɔbɛwu wɔ ne bɔne a wayɛ enti. 14 Na sɛ meka kyerɛ omumuyɛfoɔ sɛ, ‘Owuo na wobɛwuo,’ na afei ɔdane firi ne nnebɔne ho na ɔyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene, 15 na sɛ ɔsane de bosea ho awowasideɛ ma, na ɔsane de deɛ wawia ma, na ɔdi ahyɛdeɛ a ɛma nkwa soɔ, na wanyɛ bɔne a, ampa ara ɔbɛnya nkwa, na ɔrenwu. 16 Wɔrenkae bɔne a wayɛ no mu biara ntia no. Wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene, ampa ara ɔbɛnya nkwa.
17 “Nanso wo ɔman mma ka sɛ, ‘Awurade akwan ntene.’ Nanso ɛyɛ wɔn akwan mmom na ɛnteneɛ. 18 Sɛ ɔteneneeni firi ne tenenee ho na ɔyɛ bɔne a, ɛno enti ɔbɛwu. 19 Na sɛ omumuyɛfoɔ dane firi ne nnebɔne ho na ɔyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene a, ɔbɛnya nkwa. 20 Nanso, Ao Israel efie, moka sɛ, ‘Awurade akwan ntene.’ Nanso mɛbu obiara atɛn sɛdeɛ nʼakwan teɛ.”
Wɔkyerɛ Yerusalem Ahweaseɛ Ase
21 Yɛn nnommumfa afe a ɛtɔ so dumienu no bosome a ɛtɔ so edu no nnannum so, ɔbarima bi a wadwane afiri Yerusalem baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Kuropɔn no ahwease!” 22 Na anwummerɛ a adeɛ rebɛkyeɛ ama ɔbarima no aba no, na Awurade nsa wɔ me so na ɔbuee mʼano ansa na ɔbarima no baa anɔpa. Enti na mʼano abue a metumi kasa.
23 Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 24 “Onipa ba, nnipa a wɔtete saa mmubuiɛ so wɔ Israel asase no so no reka sɛ, ‘Abraham mpo a ɔyɛ onipa baako no, ɔnyaa asase no nyinaa. Enti yɛn a yɛdɔɔso yi nso, nokorɛm, wɔde asase no nyinaa ama yɛn sɛ yɛn agyapadeɛ.’ 25 Ɛno enti, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mowe ɛnam a mogya wɔ mu, na mosom mo anyame na mohwie mogya guo enti, ɛsɛ sɛ mofa asase no anaa? 26 Mode mo ho to mo akofena so. Moyɛ akyiwadeɛ na mo mu biara gu ne yɔnko yere ho fi. Ɛsɛ sɛ monya asase no anaa?’
27 “Ka yei kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Ampa ara sɛ mete ase yi, wɔn a wɔaka wɔ kuro no mmubuiɛ soɔ no bɛtotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a wɔwɔ wiram no mede wɔn bɛma nkekaboa ama wɔawe wɔn na wɔn a wɔwɔ abandenden ne abodan mu no, ɔyaredɔm bɛkunkum wɔn. 28 Mɛsɛe asase no ama ayɛ afo, na nʼahomasoɔ ahoɔden no bɛba awieeɛ na Israel mmepɔ no bɛda mpan a obiara rentwam hɔ. 29 Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mama asase no ada mpan wɔ akyiwadeɛ a wɔayɛ nyinaa enti.’
30 “Wo deɛ, onipa ba, wo ɔman mma reka wo ho nsɛm wɔ afasuo ho ne afie apono ano kyerɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Mommra mmɛtie asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn aba.’ 31 Me nkurɔfoɔ ba wo nkyɛn, sɛdeɛ wɔyɛ daa no, bɛtenatena wʼanim bɛtie wo nsɛm, nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. Wɔde wɔn ano ka ahofama, nanso wɔn akoma mu deɛ wɔn ani bere asisie mu adenya. 32 Nokorɛm, wɔn deɛ, wote sɛ obi a ne nne yɛ dɛ, na ɔde nnwontodeɛ to ɔdɔ nnwom, ɛfiri sɛ wɔte wo nsɛm nanso wɔmmfa nyɛ adwuma.
33 “Sɛ yeinom nyinaa ba mu a, na nokorɛm ɛbɛba mu nso, na afei wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi baa wɔn mu.”