35
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Edom
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Bepɔ Seir; hyɛ nkɔm tia no na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Bepɔ Seir, na mɛtene me basa atia wo, na mɛma woada mpan. Mɛdane wo nkuro ama ayɛ mmubuiɛ na wobɛda mpan. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade no.
“ ‘Esiane sɛ wode tete nitan hyɛɛ wo mu na woyii Israelfoɔ maa akofena wɔ wɔn amanehunu mu, ɛberɛ a wɔn asotwe duruu ne mpɔnpɔnsoɔ no enti, sɛ mete ase yi deɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mede wo bɛma mogyahwieguo na ɛbɛdi wʼakyi. Esiane sɛ woansuro mogyahwieguo no enti, mogyahwiegu bɛtaa wo. Mɛma bepɔ Seir ada mpan, na mayi wɔn a wɔdi so akɔneaba no afiri hɔ. Mede atɔfoɔ bɛhyɛ wo mmepɔ so ma; wɔn a wɔbɛtotɔ akofena ano bɛhwehwe ase wɔ wo nkokoɔ so, mmɔnhwa mu ne wo subɔnhwa mu. Mɛma wada mpan afebɔɔ, na obiara rentena wo nkuro so. Afei, wobɛhunu sɛ mene Awurade no.
10 “ ‘Woaka sɛ, “Saa aman mmienu ne nsase yi bɛyɛ yɛn dea na yɛbɛfa,” wɔ ɛberɛ a me Awurade mete hɔ, 11 enti, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, me ne wo bɛdi no sɛdeɛ abufuo ne ninkunu a wodaa no adi wɔ ɔtan a wotanee wɔn no mu no teɛ, na mɛda me ho adi wɔ wɔn mu, ɛberɛ a mɛbu wo atɛn. 12 Afei, wobɛhunu sɛ me Awurade, mate animtiabuo nsɛm a woaka atia Israel mmepɔ. Wokaa sɛ, “Wɔama ada mpan na wɔadane ama yɛn sɛ yɛmfa.” 13 Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na meteeɛ. 14 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛberɛ a ewiase nyinaa redi ahurisie no, mɛma woada mpan. 15 Sɛdeɛ wodii ahurisie ɛberɛ a Israel efie agyapadeɛ daa mpan no, saa ɛkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔ Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”