38
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Gog
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, fa wʼani si Gog, a ɛwɔ Magog asase so no so, Mesek ne Tubal ɔberempɔn no; hyɛ nkɔm tia no na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal ɔberempɔn. Mɛkyinkyim wo na mede nnarewa asosɔ wʼapantan mu, na mede wo ne wʼakodɔm nyinaa, wʼapɔnkɔ, wʼapɔnkɔtesofoɔ a wɔhyehyɛ akotaadeɛ ne ɛdɔm kɛseɛ a wɔkurakura akokyɛm akɛseɛ ne nketewa a wɔn nyinaa rehinhim wɔn akofena, apue. Persia, Kus ne Put a wɔn nyinaa kurakura akokyɛm na wɔhyehyɛ wɔn dadeɛ kyɛ bɛka wɔn ho, afei Gomer ne nʼasraafoɔ nyinaa ne Bet-Togarma a wɔfiri atifi fam akyirikyiri ne nʼasraafoɔ ne aman bebree bɛka wo ho.
“ ‘Siesie wo ho, yɛ krado, wo ne nipakuo a wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ wo nkyɛn nyinaa na yɛ wɔn so hwɛfoɔ. Nna bebree akyi no, wobɛtwe atuo. Mfeɛ bi akyi no wobɛko afa asase bi a wafiri ɔko mu afirie na wɔaboaboa ɛso nnipa afiri amanaman so aba Israel mmepɔ a ada mpan akyɛre no so. Wɔde wɔn fifiri amanaman no mu, na seesei wɔn nyinaa te asomdwoeɛ mu. Wo ne wʼasraafoɔ nyinaa ne aman bebrebe a wɔwɔ wo nkyɛn no bɛforo akɔ mo anim sɛ ahum. Mobɛyɛ sɛ omununkum akata asase no so.
10 “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa ɛda no, nsusuiɛ bi bɛba wo tirim na wobɛdwene nhyehyɛeɛ bɔne bi. 11 Wobɛka sɛ, “Mɛko afa asase a wɔntoo ɛso nkuraa ho fasuo. Mɛto ahyɛ nnipa a wɔwɔ asomdwoeɛ na wɔnnwene hwee ho, a wɔn mu biara nni ɔfasuo, apono ne akyi adaban. 12 Mɛfom na mawia na madane me nsa atia amanfo a nnipa abɛtena soɔ ne nnipa a wɔaboa wɔn ano afiri amanaman so, nnipa a ayɛmmoa ne adwadideɛ abu wɔn soɔ na wɔtete asase no mfimfini.” 13 Seba ne Dedan ne Tarsis adwadifoɔ ne ne nkuraase nyinaa bɛbisa wo sɛ, “Woaba sɛ worebɛfom anaa? Woaboa wo dɔm ano sɛ morebɛwia na moasoa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, ayɛmmoa ne adwadideɛ akɔ na moafa afodeɛ bebree abranso anaa?” ’
14 “Ɛno enti, onipa ba hyɛ nkɔm kyerɛ Gog sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa ɛda no, ɛberɛ a me nkurɔfoɔ Israelfoɔ te hɔ asomdwoeɛ mu no, worennwene ho anaa? 15 Wobɛfiri wʼasase so wɔ atifi fam nohoa tɔnn, wo ne aman bebree a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ, nipadɔm kɛseɛ, asraadɔm a ɛso. 16 Mobɛtu atene akɔtia me nkurɔfoɔ Israelfoɔ te sɛ omununkum a ɛkata asase no so. Nna a ɛbɛba no mu, Gog, mɛma woasɔre atia mʼasase, sɛdeɛ aman no bɛhunu me, ɛberɛ a menam wo so bɛda me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wɔn anim.
17 “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛnyɛ wo ne deɛ menam mʼasomfoɔ Israel adiyifoɔ so kaa wo ho asɛm nna a atwam no anaa? Saa ɛberɛ no, wɔde mfeɛ bebree hyɛɛ nkɔm sɛ mɛma wo so de atia wɔn. 18 Yei ne deɛ ɛbɛsi saa ɛda no. Sɛ Gog to hyɛ Israel asase so a, mʼabufuhyeɛ bɛsɔre, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 19 Mʼanem ne mʼabufuhyeɛ mu, mepae mu ka sɛ, saa ɛberɛ no asasewosoɔ kɛseɛ bɛba Israel asase so. 20 Ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, wiram mmoa, abɔdeɛ biara a ɛwea asase soɔ ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ho bɛpopo wɔ mʼanim. Mmepɔ bɛtutu agu, abotan bɛdwiri na afasuo nyinaa abubu agu fam. 21 Mɛfrɛ akofena abɛtia Gog wɔ me mmepɔ nyinaa so, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Wɔde akofena bɛsɔre atia wɔn ho wɔn ho. 22 Mede ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛbu no atɛn, mɛhwie osubrane, ampariboɔ, ogya ne sɔfe a ɛdɛre agu ɔno ne nʼasraafoɔ ne aman bebree a wɔka ne ho no so. 23 Enti mɛda me kɛseyɛ ne me kronkronyɛ adi, na mama amanaman ahunu me. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’