42
Asɔfoɔ Adan
Afei, ɔbarima no dii mʼanim faa atifi fam kɔɔ mfikyire adihɔ hɔ de me baa adan a ɛne asɔredan adihɔ di nhwɛanim, na ɛne atifi fam adihɔ ɔfasuo no nso di nhweanim. Ɛdan a ne ɛpono kyerɛ atifi fam yi tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduɔson enum. Adan no bi ne mfimfini adihɔ no a ne tentene yɛ anammɔn aduasa no di nhweanim. Na adan no bi nso ne aboɔ nsɛweeɛ a ɛwɔ mfikyire adihɔ no di nhwɛanim. Ɛso mmrannaa kyerɛkyerɛ anim wɔ nsan mmiɛnsa no mu biara so. Adan no anim no, na ɛkwan bi da hɔ a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum na tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Wɔn apono no ano kyerɛkyerɛ atifi fam. Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ ɔsoro no mu susua, ɛfiri sɛ na nʼabrannaa no mu trɛ sene mmrannaa a ɛwowɔ nsan a ɛdidi aseɛ no. Adan a ɛwɔ asan a ɛtɔ so mmiɛnsa no nni afadum sɛdeɛ nsan a ɛwɔ aseɛ no wɔ no; enti na emu susua sene adan a ɛwowɔ nsan a ɛdidi aseɛ no. Na ɔfasuo bi wɔ nkyɛn a ɛne adan no ne mfikyire adihɔ no sa so; na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum a ɛfa adan no anim. Adan a ɛsa soɔ na ɛtoa mfikyire adihɔ no so no tentene yɛ anammɔn aduɔson enum, nanso adan a ɛsa soɔ a ɛbɛn asɔredan no tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Sɛ obi firi mfikyire adihɔ reba mu a, ɔbɛhunu sɛ adan a ɛwɔ fam pa ara no aboboano ani kyerɛ apueeɛ fam. 10 Anafoɔ fam no, adan mmienu bi di nhwɛanim wɔ asɔredan no ne asɔredan no adihɔ hɔ ntam, na 11 ɛkwan bi da adan no anim. Saa adan yi te sɛ adan a ɛwɔ atifi fam no; wɔn tentene ne wɔn tɛtrɛtɛ yɛ pɛ. Ɛho apono a wɔfa mu pue ne nsusuiɛ yɛ pɛ. Apono a ɛwɔ atifi fam no 12 nso sesɛ adan a ɛwɔ anafoɔ fam no apono. Na ɛpono bi wɔ ɛkwan a ɛne ɔfasuo a ɛkɔ apueeɛ fam no sa soɔ no ano. Ɛhɔ na wɔfa kɔ adan no mu.
13 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Atifi fam ne anafoɔ fam adan a ani hwɛ asɔredan adihɔ no yɛ asɔfoɔ no dea. Ɛhɔ na asɔfoɔ a wɔkɔ Awurade anim no bɛdi afɔrebɔdeɛ kronkron no. Ɛhɔ na wɔde afɔrebɔdeɛ kronkron pa ara a ɛyɛ aduane afɔrebɔdeɛ, bɔne afɔrebɔdeɛ ne afɔdie afɔrebɔdeɛ no bɛgu, ɛfiri sɛ beaeɛ no yɛ kronkron. 14 Sɛ asɔfoɔ no kɔ beaeɛ kronkron hɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ mfikyire adihɔ hɔ kɔsi sɛ wɔbɛyiyi wɔn ɔsom ntadeɛ agu hɔ, ɛfiri sɛ saa ntadeɛ no yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ foforɔ bi ansa na wɔabɛn mmeammea a ɔmanfoɔ tumi kɔ hɔ no.”
15 Ɔsusuu deɛ ɛwɔ asɔredan no mu wieeɛ no, ɔde me faa apueeɛ ɛpono no ano pueeɛ, na ɔsusuu asɔredan no ho hyiaaɛ. 16 Ɔsusuu apueeɛ fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 17 Ɔsusuu atifi fam, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 18 Ɔsusuu anafoɔ fam, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 19 Afei ɔdanee nʼani hwɛɛ atɔeɛ fam, na ɔsusuiɛ no, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 20 Enti na ne mfefaremu no yɛ anammɔn ahanson ne aduonum wɔ afanan no nyinaa, na ɛtwa kronkronbea ne asafo atenaeɛ no ntam.