44
Ɔhene No, Lewifoɔ No, Asɔfoɔ No
Afei, ɔbarima no sane de me baa kronkronbea no abɔntenpono no a ɛkyerɛ apueeɛ fam no ano, na wɔato mu. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛsɛ sɛ ɛpono a wɔato mu yi tena hɔ saa ara. Ɛnsɛ sɛ wɔbue. Obiara mmfa hɔ nhyɛne mu. Ɛnsɛ sɛ wɔbue, ɛfiri sɛ Awurade, Israel Onyankopɔn afa hɔ ahyɛne mu. Ɔhene no ankasa nko ara na ɔbɛtumi atena abɔntenpono no ano na wadidi wɔ Awurade anim. Ɔno na ɔtumi fa abɔntenpono no ntwonoo mu hyɛne mu, na ɔfa hɔ ara firi adi.”
Afei, ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpono no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛeɛ na mehunuu Awurade animuonyam sɛ ahyɛ Awurade asɔredan no ma, na mebutuu hɔ.
Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, hwɛ adeɛ yie, tie no yie, na ma wʼani nku biribiara a mɛka akyerɛ wo a ɛfa nhyehyɛeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan no ho nyinaa. Ma wʼani nku asɔredan no ɛpono ne mmeaeɛ a wɔfa firi adi firi kronkronbea hɔ nyinaa. Ka kyerɛ Israel efie atuatefoɔ no sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ: Mo akyiwadeɛ no adɔɔso, Ao Israel efie! Mo akyiwadeɛ a aka no nyinaa akyi no, mode ananafoɔ a wɔyɛ akoma mu ne honam fam momonotofoɔ aba me kronkronbea de agu mʼasɔredan ho fi, ɛberɛ a mode aduane, sradeɛ ne mogya brɛɛ me na mosɛee mʼapam. Sɛ mobɛyɛ mo adwuma a ɛfa mʼakronkronneɛ ho no, mo maa afoforɔ bɛhwɛɛ me kronkronbea so mmom. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔnanani a ɔyɛ akoma mu ne honam fam momonoto biara nni ɛkwan sɛ ɔhyɛne me kronkronbea hɔ. Ananafoɔ a wɔte Israelfoɔ mu mpo nni ɛkwan saa.
10 “ ‘Lewifoɔ a wɔfirii me nkyɛn kɔɔ akyirikyiri ɛberɛ a Israel fom ɛkwan ne wɔn a wɔtwee wɔn ho firii me ho kɔdii wɔn ahoni akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodie bɛda wɔn so. 11 Wɔbɛtumi asom wɔ me kronkronbea hɔ ɛberɛ a wɔhwɛ asɔredan no apono so na wɔsom wɔ mu; wɔbɛtumi akum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ na wɔabɔ afɔdeɛ ama nnipa no, na wɔagyina nnipa no anim asom wɔn. 12 Nanso, ɛsiane sɛ wɔsomm wɔn wɔ wɔn ahoni no mu na wɔmaa Israel efie kɔɔ bɔne mu enti, mama me nsa so aka ntam sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodie bɛda wɔn so. Otumfoɔ Awurade asɛm nie 13 Ɛnsɛ sɛ wɔbɛn me sɛ wɔrebɛsom me sɛ asɔfoɔ anaasɛ wɔbɛn mʼakronkronneɛ mu biara anaa mʼafɔrebɔdeɛ kronkron; ɛsɛ sɛ wɔn akyiwadeɛ ahodoɔ ho aniwuo ka wɔn. 14 Nanso mede asɔredan no mu dwumadie bɛhyɛ wɔn nsa. Wɔbɛyɛ ɛho som biara wɔ mu.
15 “ ‘Na mmom asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne Sadok asefoɔ a wɔyɛɛ adwuma nokorɛm wɔ me kronkronbea ɛberɛ a Israelfoɔ fom ɛkwan no bɛtumi abɛn me na wɔasom wɔ mʼanim; ɛsɛ sɛ wɔgyina mʼanim na wɔbrɛ me sradeɛ ne mogya afɔrebɔdeɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 16 Wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔhyɛne me kronkronbea hɔ; wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔtwi bɛn me ɛpono, bɛsom wɔ mʼanim na wɔyɛ me som nnwuma.
17 “ ‘Sɛ wɔwura apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ no mu a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ntadeɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ kuntu atadeɛ ɛberɛ a wɔresom wɔ apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ hɔ anaasɛ asɔredan no mu. 18 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nwera abotire na wɔhyehyɛ nwera ntadeɛ wɔ wɔn ase. Ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ biribiara a ɛbɛma wɔate fifire. 19 Sɛ wɔkɔ mfikyire adihɔ, faako a nnipa no wɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔyi ntadeɛ a wɔhyɛ de someeɛ no na wɔgya de gu adan kronkron no mu, na wɔhyehyɛ ntadeɛ foforɔ, sɛ ɛbɛyɛ a wɔmmfa wɔn dwumadie ntadeɛ no nnwira nnipa no ho.
20 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ tikwa anaasɛ wɔma wɔn tirinwi fu kuhaa, mmom ɛsɛ sɛ wɔbubu so fɛfɛɛfɛ. 21 Ɔsɔfoɔ biara nnnom bobesa ɛberɛ a wahyɛne mfimfini adihɔ hɔ. 22 Ɛnsɛ sɛ wɔware akunafoɔ anaa mmaa awaregyaefoɔ. Wɔtumi ware mmaabunu a wɔyɛ Israelfoɔ asefoɔ anaa akunafoɔ a na anka wɔn kununom yɛ asɔfoɔ. 23 Wɔnkyerɛkyerɛ me nkurɔfoɔ nsonsonoeɛ a ɛda adeɛ a ɛyɛ kronkron ne adeɛ a ɛyɛ kwasafo deɛ ntam, na wɔmma wɔn nhunu deɛ ɛma biribi yɛ adeɛ a ɛho nteɛ anaasɛ ɛho teɛ.
24 “ ‘Akasa akasa biara mu no, asɔfoɔ na wɔbɛyɛ atemmufoɔ agyina me mmaransɛm so abu atɛn. Ɛsɛ sɛ wɔdi me mmara ne mʼahyɛdeɛ a ɛfa mʼafahyɛ ahodoɔ no so, na wɔyɛ me home nna kronkron.
25 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ kɔ funu ho na ɔde gu ne ho fi; gye sɛ funu no yɛ nʼagya, ne maame, ne ba, ne nuabarima anaa ne nuabaa a ɔnwareeɛ; ne saa deɛ a, ɔtumi kɔ ho de gu ne ho fi. 26 Na sɛ wɔdwira ne ho a, ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnanson. 27 Ɛda a ɔbɛkɔ kronkronbea no mfimfini adihɔ hɔ akɔsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne afɔdeɛ ma ne ho, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
28 “ ‘Me nko ara ne agyapadeɛ a asɔfoɔ no wɔ. Ɛnsɛ sɛ moma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel. Mɛyɛ wɔn kyɛfa. 29 Wɔbɛdi aduane afɔrebɔdeɛ, bɔne afɔrebɔdeɛ, afɔdie afɔrebɔdeɛ, na biribiara a wɔahyira so ama Awurade wɔ Israel no bɛyɛ wɔn dea. 30 Mo nnuaba a ɛdi ɛkan no mu deɛ ɛdi mu ne mo akyɛdeɛ sononko no nyinaa bɛyɛ asɔfoɔ no dea. Ɛsɛ sɛ mode mo mmɔre a ɛdi ɛkan no ma wɔn na nhyira atena mo afie mu. 31 Ɛnsɛ sɛ asɔfoɔ no we aboa biara a wawu nam, sɛ ɛyɛ anomaa anaa wiram aboa biara.’ ”