5
“Afei onipa ba, fa akofena nnamnnam yi yɛ sɛ obi a ɔyi ti yiwan na fa yi wo tirinwi ne wʼabɔgyesɛ. Fa nsania na kyekyɛ nwi no mu. Sɛ wo otua nna no ba awieeɛ a, fa ogya hye nwi no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wɔ kuropɔn no mu. Fa akofena twitwa nkyɛmu mmiɛnsa no mu baako wɔ kuropɔn no afanan nyinaa. Na hwete nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wɔ mframa mu, ɛfiri sɛ mɛtwe akofena ataa wɔn. Nanso fa nwi no kakra bi kyekyere wʼatadeɛ ano. Afei nso, fa saa nwi no kakra bi na to gu ogya mu na hye. Ogya no bɛtrɛ afiri hɔ akɔ Israel efie nyinaa.
“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Yei ne Yerusalem a mede asi amanaman no ntam na nsase atwa ho ahyia. Nanso, nʼamumuyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛeɛ asene aman ne nsase a atwa ne ho ahyia. Wapo me mmara, na wanni mʼahyɛdeɛ so.
“Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Woayɛ asoɔden asene amanaman a wɔatwa wo ho ahyia na woanni mʼahyɛdeɛ anaa me mmara so. Woanyɛ sɛdeɛ aman a atwa wo ho ahyia no yɛ mpo.
“Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Yerusalem, na mede asotwe bɛba wo so wɔ amanaman no anim. Esiane wʼahoni nyinaa a ɛyɛ akyiwadeɛ no enti, mɛyɛ wo deɛ menyɛɛ bi da, na merenyɛ bi bio nso da. 10 Enti, wɔ mo mu, agyanom bɛdi wɔn mma nam na mma adi wɔn agyanom nam. Mɛtwe wʼaso na mahwete wo nkaeɛfoɔ akɔ mmaa nyinaa. 11 Enti sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, ɛsiane sɛ wode nsɛsodeɛ tantan ne akyiwadeɛ nneyɛɛ agu me kronkronbea ho fi enti, mʼankasa mɛyi mʼadom afiri wo so; merenhunu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo. 12 Wo nkurɔfoɔ no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛwuwu wɔ ɔyaredɔm no mu, anaasɛ ɛkɔm bɛkunkum wɔn; nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛtotɔ wɔ akofena ano wɔ wʼafasuo akyi, na mabɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso ahwete mmaa nyinaa, na matwe akofena ataa wɔn.
13 “Afei me bo bɛdwo na mʼabufuhyeɛ a ɛtia wɔn no nso ano bɛbrɛ ase na matɔ were. Na sɛ meda mʼabufuhyeɛ adi kyerɛ wɔn a, wɔbɛhunu sɛ ɛyɛ me Awurade na akasa wɔ me tumi mu.
14 “Mɛyɛ wo mmubuiɛ ne ahohora wɔ amanaman a atwa wo ho ahyia no mu, ne wɔn a wɔtwam hɔ no ani so. 15 Wobɛyɛ ahohora ne fɛdideɛ, kɔkɔbɔ ne ahodwiredeɛ ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, wɔ ɛberɛ a mede abufuo ne abufuhyeɛ ne animka a ano yɛ den mɛtwe wʼaso. Me Awurade na maka. 16 Sɛ meto me kɔm agyan a, borɔ wɔ ano, na ɛbɛsɛe wo. Mede ɛkɔm a emu yɛ den bɛba wo so, na masi wʼaduane a wonya ho ɛkwan. 17 Mede ɛkɔm ne nkekaboa bɛba wo mu, na wo mma bɛsa ama woayɛ sɛ obi a na ɔnni mma. Ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛfa wo mu, na mɛtwe akofena wɔ wo so. Me Awurade na maka.”