7
Awieeɛ No Aba
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Israel asase no:
“ ‘Awieeɛ no, awieeɛ no aduru
asase no ntweaso ɛnan no so!
Awieeɛ no aduru wɔ wo so,
na mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so.
Mɛgyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn, na
matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so.
Merenhunu wo mmɔbɔ
na meremfa wo ho nkyɛ wo.
Ampa ara mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ
ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no,
na moahunu sɛ me ne Awurade.’
 
“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee da
nam ɛkwan so reba!
Awieeɛ no aba!
Awieeɛ no aba!
Apagya ne ho atia wo.
Aba!
Ɔsɛeɛ aduru mo,
mo a mote asase no so.
Ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn;
huboabɔ ɛberɛ a ɛnyɛ mmepɔ no so ahosɛpɛ.
Merebɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so
de awie mʼabufuo a ɛtia wo no.
Mɛgyina wo nneyɛɛ so abu wo atɛn,
na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so.
Merenhunu wo mmɔbɔ,
na meremfa wo ho nkyɛ wo.
Mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ
ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no.
Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade, na mebobɔ.
10 “ ‘Ɛda no nie!
Hwɛ aba!
Atemmuo da no apue,
abaa no afefɛ,
ahantan ahanehane!
11 Akakabensɛm ayɛ abaa
a wɔde twe amumuyɛ aso.
Nnipa no mu biara renka,
nnipakuo no mu biara,
ahonyadeɛ ne deɛ ɛsom bo biara renka.
12 Ɛberɛ no aso!
Ɛda no aduru.
Mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye
anaa ɔdetɔnfoɔ werɛ nho,
ɛfiri sɛ abufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so.
13 Deɛ ɔtɔn no nsa renka asase
a watɔn no bio
wɔ ɛberɛ a wɔn mmienu te ase,
Ɛfiri sɛ anisoadehunu a ɛfa nnipakuo
no nyinaa no rensesa.
Wɔn bɔne enti, wɔn mu baako koraa
remfa ne ho nni.
 
14 “ ‘Ɛwom, wɔhyɛne totorobɛnto,
na wɔboaboa biribiara ano deɛ,
nanso obiara renkɔ ɔsa,
ɛfiri sɛ mʼabufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so.
15 Akofena wɔ mfikyire;
na ɔyaredɔm ne ɛkɔm wɔ efie.
Wɔn a wɔwɔ ɔman no mu
bɛtotɔ wɔ akofena ano.
Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no,
ɔyaredɔm ne ɛkɔm bɛkum wɔn.
16 Wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu
na wɔadwane no bɛtena mmepɔ no so.
Na wɔakurum te sɛ
mmɔnhwa mu mmorɔnoma
wɔ wɔn mu biara bɔne enti.
17 Nsa nyinaa bɛdwodwo
na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛ sɛ nsuo.
18 Wɔbɛfirafira ayitoma
na wɔabɔ huboa.
Aniwuo bɛkata wɔn anim
na wɔayi wɔn tirinwi.
 
19 “ ‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔntene so,
na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ.
Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ
rentumi nnye wɔn
Awurade abufuhyeɛ ɛda no.
Ɛrenkum wɔn kɔm
na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma,
ɛfiri sɛ ayɛ wɔn suntidua de wɔn akɔ bɔne mu.
20 Na wɔde wɔn mpompranneɛ fɛfɛ no hoahoa wɔn ho,
na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ
ne nsɛsodeɛ tantane;
enti mɛdane yeinom a ɛho nteɛ ama wɔn.
21 Mede ne nyinaa bɛma ananafoɔ sɛ afodeɛ
na mede ama asase so atirimuɔdenfoɔ sɛ korɔnodeɛ,
na wɔbɛgu ho fi.
22 Mɛyi mʼani afiri wɔn so
na akorɔmfoɔ bɛgu beaeɛ a ɛsom me bo ho fi.
Wɔbɛwura hɔ
na wɔagu ho fi.
 
23 “ ‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn!
Ɛfiri sɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma,
na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma.
24 Mɛma aman no mu otirimuɔdenfoɔ pa ara
abɛfa wɔn afie;
mɛma ɔhoɔdenfoɔ ahomasoɔ aba awieeɛ,
na wɔn kronkrommea ho bɛgu fi.
25 Sɛ ehu ba a,
wɔbɛhwehwɛ asomdwoeɛ akyiri ɛkwan, nanso ɛbɛbɔ wɔn.
26 Atoyerɛnkyɛm bɛdi atoyerɛnkyɛm akyi aba;
atesɛm bɛdi atesɛm akyi.
Wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛnya anisoadehunu afiri odiyifoɔ no hɔ,
Ɔsɔfoɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn.
Saa ara na wɔrennya afotuo mfiri mpanimfoɔ hɔ.
27 Ɔhene no bɛtwa adwo,
ɔheneba no bɛfira abasamutuo,
na asase no so nnipa nsa bɛpopo.
Me ne wɔn bɛdi no sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ teɛ,
na mɛgyina wɔn pɛpɛyɛ so abu wɔn atɛn.
Afei wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.’ ”