8
Asutwafoɔ A Wɔne Ɛsra Baeɛ
Yei ne abusua mu ntuanofoɔ ne abusuadua ahodoɔ a ɔhene Artasasta di adeɛ no, wɔne me firi Babilonia baeɛ:
 
Pinehas abusua mu no:
Gersom;
Itamar abusua mu no:
Daniel.
Dawid abusua mu no:
Sekania babarima Hatus.
Paros abusua mu no:
Sakaria ne mmarima afoforɔ ɔha aduonum.
Pahat-Moab abusua mu no:
Serahia babarima Eliehoenai ne mmarima afoforɔ ahanu.
Satu abusua mu no:
Yahasiel babarima Sekania ne mmarima afoforɔ ahasa.
Adin abusua mu no:
Yonatan babarima Ebed ne mmarima afoforɔ aduonum.
Elam abusua mu no:
Yesaia babarima Atalia ne mmarima afoforɔ aduɔson.
Sefatia abusua mu no:
Mikael babarima Sebadia ne mmarima afoforɔ aduɔwɔtwe.
Yoab abusua mu no:
Yehiel babarima Obadia ne mmarima afoforɔ ahanu ne dunwɔtwe.
10 Bani abusua mu no:
Yosifia babarima Selomit ne mmarima afoforɔ ɔha aduosia.
11 Bebai abusua mu no:
Bebai babarima Sakaria ne mmarima afoforɔ aduonu nwɔtwe.
12 Asgad abusua mu no:
Hakatan babarima Yohanan ne mmarima afoforɔ ɔha ne edu.
13 Adonikam abusua a wɔbaa akyire no:
wɔn din de Elifelet, Yeiel, ne Semaia, a mmarima afoforɔ aduosia ka wɔn ho.
14 Bigwai abusua mu no:
Utai ne Sakur a mmarima afoforɔ aduɔson ka wɔn ho.
15 Meboaa asutwafoɔ no ano wɔ Ahawa nsukwan no so, na yɛmaa wɔtenaa hɔ nnansa wɔ ɛberɛ a merehwɛ nnipa no ne asɔfoɔ a wɔabɛduru hɔ no din mu no. Manhunu Lewifoɔ no mu baako mpo wɔ hɔnom. 16 Enti, mesoma ma wɔkɔfrɛɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ ɔmanfoɔ no ntuanofoɔ no. Mesane soma ma wɔkɔfrɛɛ Yoiarib ne Elnatan, a na wɔyɛ anyansafoɔ pa bi no nso. 17 Mede wɔn kɔmaa Ido a na ɔtua Lewifoɔ ano no, wɔ Kasifia, bisaa ɔne nʼabusuafoɔ ne asɔredan no mu asomfoɔ no sɛ wɔmmrɛ yɛn asɔfoɔ mfa wɔn nkɔyɛ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu adwuma. 18 Esiane sɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa wɔ yɛn so no enti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima bi a ne din de Serebia, a ne mmammarima ne ne nuammarimanom dunwɔtwe ka ne ho. Na ɔyɛ onyansafoɔ a ɔyɛ Mahli a na ɔyɛ Israel babarima Lewi no aseni. 19 Afei, wɔmaa Merari asefoɔ Yesaia, Hasabia ne ne mmammarima ne ne nuammarima aduonu 20 ne asɔredan no mu asomfoɔ ahanu ne aduonu baeɛ. Na asɔredan mu asomfoɔ no yɛ Lewifoɔ no aboafoɔ a na wɔyɛ asɔredan mu adwumayɛfoɔ kuo bi a Dawid na ɔfaa wɔn kane. Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din.
21 Na Ahawa Nsuka no so, mehyɛɛ sɛ yɛnni mmuada, na yɛmmrɛ yɛn ho ase mma Onyankopɔn. Yɛbɔɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛma yɛakɔduru dwoodwoo, na wabɔ yɛn, yɛn mma ne yɛn nneɛma a yɛde rebɛtu kwan no ho ban. 22 Na mefɛree sɛ mebisaa ɔhene no sɛ ɔmma yɛn asraafoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ sɛ wɔnka yɛn ho mmɔ yɛn ho ban wɔ ɛkwan so. Nokorɛm, na yɛaka akyerɛ ɔhene no sɛ, “Yɛn Onyankopɔn bɔ wɔn a wɔsom no no ho ban, na nʼabufuhyeɛ no tia wɔn a wɔgya no.” 23 Enti, yɛdii mmuada, bɔɔ mpaeɛ nokorɛ mu, sɛ yɛn Onyankopɔn bɛhwɛ yɛn, na ɔtiee yɛn mpaeɛbɔ.
24 Na meyii asɔfoɔ no ntuanofoɔ dumienu a wɔne Serebia, Hasabia ne asɔfoɔ afoforɔ edu a wɔka wɔn ho, 25 sɛ wɔnhwɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ atam ne nneɛma a ɛka ho a ɔhene no nʼagyinatufoɔ, ne ntuanofoɔ ne Israelfoɔ de rekɔkyɛ Onyankopɔn asɔredan no so. 26 Mede agudeɛ no rema wɔn no, mekariiɛ na mehunuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkariboɔ tɔno aduonu mmienu, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, sikakɔkɔɔ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, 27 sikakɔkɔɔ atam aduonu a ɛne sikakɔkɔɔ pranpran apem boɔ yɛ pɛ, kɔbere nneɛma mmienu a wɔabere ho ma ɛrekɔyɛ sɛ sikakɔkɔɔ amapa.
28 Na meka kyerɛɛ saa asɔfoɔ yi sɛ, “Wɔayi mo ne saa agyapadeɛ yi nyinaa asi nkyɛn sɛ ade kronkron ama Awurade. Saa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ yi yɛ akoma pa mu afɔrebɔdeɛ a wɔde rema Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn. 29 Monhwɛ saa agyapadeɛ yi so yie, na momfa mma asɔfoɔ mpanin, Lewifoɔ ne Israel ntuanofoɔ wɔ adekoraeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu wɔ Yerusalem no.” 30 Enti, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no gye too wɔn ho so sɛ, wɔde saa Onyankopɔn asɔre sika no bɛkɔ Yerusalem.
31 Yɛfirii Ahawa Nsuka atenaeɛ hɔ Ab bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so dunkron, hyɛɛ aseɛ kɔɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa no bɔɔ yɛn ho ban, gyee yɛn firii atamfoɔ ne akwanmukafoɔ nsam. 32 Enti, yɛkɔduruu Yerusalem dwoodwoo, homee hɔ nnansa.
33 Yɛduruiɛ no, ne nnanan so, wɔkarii dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ a aka no wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na wɔde hyɛɛ Uria babarima ɔsɔfoɔ Meremot ne Pinehas babarima Eleasa ne Yesua babarima Yosabad ne Binui babarima Noadia a wɔn baanu no yɛ Lewifoɔ no nsa. 34 Wɔkanee biribiara dodoɔ, karii ne mu duru, twerɛɛ biribiara.
35 Na asutwafoɔ a wɔfiri nnommum mu baeɛ no de anantwie dumienu, nnwennini aduɔkron nsia ne nnwammaa aduɔson nson, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Israel Onyankopɔn. Afei, wɔmaa mpapo dumienu sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Wɔde yeinom nyinaa baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Awurade. 36 Wɔde ɔhene no mmara no maa ne mpanimfoɔ ne amradofoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam, na wɔn nyinaa yɛɛ baako, boaa Onyankopɔn asɔredan no sie.