2
Wɔsi Ɛster Ɔhemmaa
Ɔhene Ahasweros bo tɔɔ ne yam akyire no, ɔhyɛɛ aseɛ dwenee deɛ Wasti ayɛ ne mmara a wɔahyɛ no ho. Na nʼasomfoɔ susuu ho kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnwurawura ahemman yi mu, na yɛmpɛ mmaabunu ahoɔfɛfoɔ mfa wɔn mmrɛ ɔhene. Ɔhene nyi ananmusifoɔ bi wɔ ɔmantam biara mu, na wɔmfa mmaa ahoɔfɛfoɔ yi mmra ɔhene yerenom atenaeɛ wɔ Susa. Hegai a ɔyɛ opiani no na ɔbɛhwɛ wɔn so, ama wɔn ahosiesie nnuro. Ɛno akyi no, ababaawa a ɔsɔ wʼani yie no na wɔbɛsi no ɔhemmaa, asi Wasti ananmu.” Saa afotuo yi sɔɔ ɔhene no ani yie, enti ɔyɛɛ saa ntɛm so.
Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa nʼabusuafoɔ ne Yudahene Yekonia ne afoforɔ bi asuo firii Yerusalem kɔɔ Babilonia. Na saa ɔbarima yi wɔ onua hoɔfɛfoɔ bi a ne din de Hadasa a na wɔsane frɛ no Ɛster. Ɛberɛ a nʼagya ne ne maame wuwuiɛ no, Mordekai faa no kaa nʼabusua ho, tetee no sɛ nʼankasa babaa.
Ɔhene no mmara a ɔhyɛeɛ no enti, wɔde Ɛster ne mmabaawa bebree baa ɔhene yerenom atenaeɛ wɔ Susa aban no mu, de wɔn hyɛɛ Hegai nsa. Hegai ani gyee Ɛster ho yie, ma ɔhwɛɛ no yie. Ntɛm ara, ɔma wɔmaa no aduane sononko, na ɔmaa no ahosiesie nnuro kaa ho. Ɔsane de mfenaa baason a ɔyii wɔn firii ahemfie hɔ maa no, na ɔde ɔno ne mfenaa no kɔtenaa deɛ ɛhɔ yɛ pa ara wɔ mmaa atenaeɛ hɔ.
10 Ɛster anka ne ɔman a ɔfiri mu ne nʼabusua a ɔbɔ ankyerɛ obiara, ɛfiri sɛ na Mordekai abɔ nʼano sɛ ɔnnkyerɛ. 11 Ɛda biara Mordekai kɔnante fa ahemfie no adihɔ hɔ, bisa Ɛster ase sɛ ne ho te sɛn.
12 Ansa na wɔde ababaawa biara bɛkɔ ɔhene nkyɛn no, wɔma ɔde ahoɔfɛ nnuro yɛ ne ho afe. Wɔde kurobo ngo yɛ ne ho abosome nsia na ɛno akyi, wɔde aduhwam ne nku sononko bi ayɛ ne ho abosome nsia. 13 Na sɛ ɛduru ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ɔhene nkyɛn a wɔma no kwan ma ɔfa atadeɛ anaa agudeɛ a ɔpɛ sɛ ɔde siesie ne ho, na ama nʼahoɔfɛ no adi mu. 14 Anwummerɛ no, wɔde no kɔ ɔhene dabekyire, na adeɛ kye a, wɔde no akɔ baabi a ɔhene yerenom teɛ no. Ɛhɔ no, ɔhene piani foforɔ bi a wɔfrɛ no Saasgas na ɔbɛhwɛ no so. Na ɛhɔ na ɔbɛtena ne nkwa nna nyinaa a ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no ani gyee ne ho yie ansa na wabɔ ne din afrɛ no.
15 Na ɛduruu Ɛster a ɔyɛ Abihail ba no so no, wammisa hwee gye sɛ deɛ Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmaa no so no tuu no fo wɔ ho no (Mordekai nua ne Abihail, na Mordekai nso ha ɔhwɛɛ Ɛster). 16 Ɛberɛ a wɔde Ɛster kɔmaa ɔhene Ahasweros wɔ ahemfie hɔ Tebet bosome (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) mu a na ɛyɛ nʼadedie mfeɛ nson so no, 17 ɔhene no dɔɔ no senee mmaabunu a wɔaka no nyinaa. Nʼani gyee ne ho ara kɔsii sɛ, ɔhyɛɛ no ahenkyɛ, pagyaa no sɛ ɔhemmaa, sii Wasti ananmu. 18 Ahemmaasie no mu, ɔtoo ɛpono maa ne mmapɔmma ne asomfoɔ nyinaa de hyɛɛ Ɛster animuonyam. Ɔmaa obiara akyɛdeɛ bebree, na ɔyɛɛ no afahyɛ wɔ amantam no nyinaa so.
19 Mpo, ɛberɛ a wɔde mmabaawa no nyinaa kɔɔ mmaa atenaeɛ a ɛtɔ so mmienu no mu no, na Mordekai nso abɛyɛ panin wɔ ahemfie hɔ no, 20 Ɛster ankyerɛ baabi a ɔfiri ne abusua a ɔbɔ da. Ɔkɔɔ so dii Mordekai afotuo no so sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ ɛberɛ a na ɔne no teɛ no.
Mordekai Di Ɔhene Nokorɛ
21 Ɛda koro bi a Mordekai wɔ adwuma mu wɔ ahemfie no, ɔhene no apiafoɔ baanu a wɔn din de Bigtan ne Teres a na wɔyɛ ɔhene no kɔkoamfie no ɛpono ano awɛmfoɔ no bo fuu ɔhene Ahasweros, na wɔpamm ne tiri so sɛ wɔbɛkum no. 22 Mordekai tee atirisopam no, ɔbɔɔ ɔhemmaa Ɛster amaneɛ. Ɔno nso ka kyerɛɛ ɔhene no, na ɔmaa Mordekai amo sɛ ɔbɛkaa asɛm no. 23 Wɔkɔɔ asɛm no mu, hunuu sɛ asɛm a Mordekai bɛkaeɛ no yɛ nokorɛ no, wɔsɛnee mmarima baanu no wɔ dua so. Wɔtwerɛɛ yei nyinaa hyɛɛ ɔhene Ahasweros adedie abakɔsɛm nwoma mu.