11
Misraimfoɔ Mmakan Wuo Ho Kɔkɔbɔ
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mɛma ɔhaw a ɛtwa toɔ aba Farao ne nʼasase so. Na ɛno akyiri no, ɔbɛma mo akɔ. Nokorɛm, ne ho bɛpere no sɛ mobɛfiri ne ho ama ɔno ara apamo mo afiri ɔman no mu. Monka nkyerɛ Israelfoɔ mmarima ne mmaa nyinaa sɛ, wɔmmisa wɔn amannifoɔ Misraimfoɔ no na wɔmma wɔn sikakɔkɔɔ ne dwetɛ adwinneɛ.” Awurade maa Misraimfoɔ no hunuu Israelfoɔ no mmɔbɔ, na Mose nso yɛɛ onipa kɛseɛ a na Farao mpanimfoɔ ne Misraimfoɔ no bu no yie wɔ ɔman no mu.
Mose bɔɔ Farao amaneɛ sɛ, “Awurade se menka nkyerɛ wo sɛ, ‘Anadwo nnɔndumienu mɛtwam wɔ Misraim asase so. Na Misraim fie biara mu ɔbabarima panin bɛwu. Ɛfiri Farao babarima panin so, ne dehyeɛ a ɔbɛdi nʼadeɛ, ne ɔsomfoɔ mu ɔsomfoɔ kumaa koraa ba panin ne ne nyɛmmoa abakan nyinaa bɛwuwu. Na owuo no ho agyaadwotwa bɛduru Misraim asase so nyinaa. Awerɛhoɔ a ɛte saa mmaa Misraim asase so da, na ebi nso remma da bio. Na Israelfoɔ mu deɛ, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔ.’ Na ɛbɛma woahunu sɛ, Awurade de nsonsonoeɛ ato Misraimfoɔ ne Israelfoɔ ntam! Wo mpanimfoɔ yi nyinaa bɛtu mmirika, adi mʼakyiri, akoto asrɛ sɛ, ‘Yɛpa wo kyɛw, firi ha ntɛm na kɔfa wo nkurɔfoɔ nyinaa ka wo ho kɔ.’ Sɛ ɛba saa a ansa na mɛkɔ!” Mose wiee kasa no, ɔde abufuhyeɛ firii ahemfie hɔ kɔeɛ.
Na Awurade aka akyerɛ Mose sɛ, “Asɛm a wobɛka no, Farao rentie. Na ɛno so na mɛgyina ayɛ anwanwadeɛ de ada me tumi adi.” 10 Ɛwom sɛ Mose ne Aaron yɛɛ saa anwanwadeɛ no nyinaa wɔ Farao anim nanso Awurade pirim nʼakoma sɛdeɛ ɔremma nnipa no mfiri asase no so nkɔ.