28
Asɔfotadeɛ
“Yi wo nua Aaron ne ne mmammarima Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar na te wɔn ho na wɔnyɛ asɔfoɔ nsom me. Pam atadeɛ kronkron ma wo nua Aaron na ama animuonyam aba nʼadwuma no ho. Pam atadeɛ no na ɛnyɛ fɛ, sɛdeɛ ɛbɛma afata nʼadwuma no. Ka kyerɛ nnipa a mama wɔn adepam ho nyansa na wɔmpam atadeɛ no. Ɛno na ɛbɛma ne ho ada nso wɔ nʼafɛfoɔ mu na ama watumi asom me. Ntadeɛ ahodoɔ a wɔbɛpam no nie: adaaboɔ asɔfotadeɛ, asɔfotadeɛ, atadeɛ yuu, atadeɛ kɔnsini a ɛyɛ damedame, abɔtiten ne abɔwomu. Wɔbɛpam ntadeɛ kronkron bi nso de ama Aaron mmammarima no. Wɔde ntoma tuntum, bibire ne koogyan a wɔde asaawatam pa na anwono na ɛbɛpam.
“Ma ntomanwono mu adwumfoɔ papa mfa sikakɔkɔɔ ne bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nyɛ asɔfotadeɛ no. Wɔbɛpam no asinasini mmienu a ɛyɛ animu ne akyire a wɔapam ne mmatire no so abɔ mu. Abɔwomu no bɛyɛ ntoma korɔ no ara bi. Ɛbɛyɛ nsaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan.
“Fa apopobibirieboɔ mmienu na twerɛ Israelfoɔ mmusuakuo no din gu so. 10 Aboɔdenboɔ biara, wɔntwerɛ edin nsia ngu so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa din bɛdidi so mpanin mu. 11 Fa ɛkwan a aboɔdenboɔtwafoɔ si fa twa edin gu adwinneɛ so, na twerɛ edin ahodoɔ no sɛdeɛ Israel mma no din te, na fa sika ntotoano twa ho hyia. 12 Fa aboɔdemmoɔ mmienu no sisi asɔfotadeɛ no mmati so na ɛnyɛ nkaedeɛ mma Israelfoɔ. Na daa Aaron nso nam so akae, abɔ wɔn din akyerɛ Awurade. 13 Yɛ sikakɔkɔɔ ntweaban a wɔakyinkyim mmienu. 14 Na fa mmobareeɛ mmienu a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ tetare mfomfamho a ɛwɔ asɔfotadeɛ no mmati so no mu.
15 “Momma odwumfoɔ a nʼadwinnie yɛ fɛ na ɔnyɛ atemmuo adaaboɔ no. Momfa asaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan na mompam adaaboɔ no sɛdeɛ mode pam asɔfotadeɛ no. 16 Montwa ntomasini no ahinanan na ɛfa biara nyɛ nsateakwaa nkron na mompam mfam so mma ɛnyɛ sɛ kotokuo. 17 Momfa aboɔdemmoɔ nsasoɔ ɛnan mmobɔ mu. Nsasoɔ a ɛdi ɛkan no nyɛ bogyanamboɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu no nyɛ akarateboɔ na deɛ ɛtwa toɔ no nyɛ ɛboɔ a ɛte sɛ ahahammonoboɔ. 18 Nsasoɔ a ɛtɔ so mmienu no nyɛ nsrammaboɔ, aboɔdemmoɔ ne dɛnkyɛmmoɔ. 19 Nsasoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no nso bɛyɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ. 20 Nsasoɔ a ɛtɔ so nan no bɛyɛ sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ. Sikakɔkɔɔ ntotoano ntwa ne nyinaa ho nhyia. 21 Aboɔdemmoɔ no baako biara bɛgyina hɔ ama Israel mmusuakuo no baako. Na wɔbɛtwerɛ abusua ko no din agu so sɛ nsɔanodeɛ.
22 “Ɛkwan a mobɛfa so de adaaboɔ no afam asɔfotadeɛ no mu nie: yɛ sikakɔkɔɔ mmobareeɛ, 23 na yɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu, na fa tare adaaboɔ no apampam twɛtwɛwa so; 24 wɔde sikakɔkɔɔ mmobareeɛ mmienu no bɛhyehyɛ adaaboɔ no nkawa mmienu no mu. 25 Nhoma mmienu no a aka no, kyekyere biara ti bɔ sikakɔkɔɔ no a ɛbɔ asɔfotadeɛ no abatiri so no mu. 26 Yɛ sika nkawa mmienu na fa hyehyɛ adaaboɔ ntwea mmienu a ɛwɔ asɔfotadeɛ no nkyɛn mu. 27 Sane yɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu hyehyɛ asɔfotadeɛ no ntwea so wɔ fam ma ɛnka abɔwomu no. 28 Fa bibire nhoma kyekyere adaaboɔ no ase na fa hyehyɛ nkawa a ɛwɔ asɔfotadeɛ no ase no mu. Yei remma adaaboɔ no mfiri asɔfotadeɛ no ho nte ntwontwɔn.
29 “Aaron bɛfa saa ɛkwan yi so na ɔde Israel mmusuakuo no din a ɛwɔ adaaboɔ no so no bɛkɔ kronkronbea hɔ; na yei na ɛbɛma Awurade akae Israelman ɛberɛ nyinaa mu. 30 Sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɔmfa Urim ne Tumim* a aseɛ ne hann ne pɛyɛ nhyɛ adaaboɔ a ɛda ne koko so no kotokuo mu. Saa ara na daa Aaron bɛsoa nneɛma a wɔnam so kyerɛ Awurade apɛdeɛ de ma ne nkurɔfoɔ ɛberɛ biara a ɔbɛkɔ Awurade anim no.
31 “Wɔde ntoma tuntum na ɛbɛpam asɔfotadeɛ no 32 a wɔagya ɛkwan bi a Aaron de ne tiri bɛwura mu. Ɛsɛ sɛ wɔtwa mfimfini tokuro ma ano no yɛ den sɛdeɛ wɔhyɛ a ɛrentete. 33 Wɔde ntoma tuntum, bibire ne koogyan na ɛbɛpam ato ano. 34 Ɛsɛ sɛ wɔde sikakɔkɔɔ nnɔmma ne ateaa aba a ɛdi afrafra twa asɔfotadeɛ no mmuano ho hyia. 35 Ɛberɛ biara a Aaron bɛkɔ Awurade anim akɔsɔre no, saa asɔfotadeɛ yi na ɔbɛhyɛ. Ɔredi akɔneaba wɔ Awurade anim hɔ wɔ kronkronbea hɔ no, na ɛdɔn no rewoso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenwu.
36 “Afei, boro sikakɔkɔɔ amapa ma ɛnyɛ trawa sɛ prɛte na twerɛ so sɛdeɛ wɔkurukyire nsɔanodeɛ so no sɛ:
Kronkron Ma Awurade.
37 Wɔde ntoma tuntum bɛsɔ mu asensɛn Aaron abotire no anim. 38 Aaron de saa adeɛ no bɛbɔ ne moma so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ Israelfoɔ no bɔ afɔdeɛ biara na mfomsoɔ ba ho a, ɛho asodie bɛda ne so, na Awurade agye nnipa no, na ɔde wɔn bɔne nso akyɛ wɔn.
39 “Fa asaawatam a ɛyɛ fɛ nwono Aaron atadeɛ kɔnsini no. Ma ɛnyɛ damedame na fa ntoma korɔ no ara bi pam abotire na nwono biribi gu ne nkatakɔnmu no nso mu. 40 Pam atadeɛ yuu ne abɔwomu ne abotire ma Aaron mmammarima na momfa obuo ne anidie mma wɔn. 41 Saa ntadeɛ yi na momfa nhyɛ Aaron ne ne mmammarima na momfa ngo ngu wɔn tirim mfa nhyɛ wɔn asɔfoɔ wɔ ɔsom no mu, na momfa nte wɔn ho sɛ asɔfoɔ a wɔyɛ me dea.
42 “Mompam serekye ntadeɛ a ɛfiri wɔn sisi kɔka wɔn nan ase, na wɔhyɛ ansa a, wɔahyɛ wɔn ntadeɛ no agu so. 43 Ɛberɛ biara a Aaron ne ne mmammarima no rekɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ anaasɛ wɔrekɔ afɔrebukyia no anim wɔ kronkronbea hɔ no, wɔnhyɛ. Anyɛ saa a, afɔbuo bɛba wɔn so ma wɔawuwu.
“Yei yɛ daa apam a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmammarima.
* 28:30 28.30 Urim ne Tumim yɛ nneɛma bi a wɔnam so hunu Onyankopɔn apɛdeɛ.