31
Onyankopɔn Yi Besaleel Ne Oholiab
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mayi Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nana a ɔfiri Yuda abusua mu de Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Mama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. Ɔyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere ho dwumfoɔ kɛseɛ. Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. Mayi Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne ɔboafoɔ.
 
“Ɛno akyi no, mama adwumayɛfoɔ no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi adi dwuma biara a mɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni no:
 
“sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan,
sɛ ɛyɛ Apam Adaka, ne ahummɔborɔbea;
sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ahyehyɛdeɛ,
sɛ ɛyɛ ɛpono no ne ɛso nneɛma;
sɛ ɛyɛ sikakɔkɔɔ kaneadua ne ɛho nneɛma;
sɛ ɛyɛ ohwam afɔrebukyia;
sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebukyia ne ɛho nneɛma;
sɛ ɛyɛ kuduo ne ne nnyinasoɔ;
10 sɛ ɛyɛ ɔsɔfoɔ Aaron ntadeɛ kronkron fɛfɛ no
ne ne mma ntadeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi adi asɔfoɔ;
11 anaasɛ ɔsra ngo no ne kronkronbea hɔ aduhwam.
 
“Ɛsɛ sɛ wɔfa ɛkwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ yeinom nyinaa.”
12 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 13 “Ka kyerɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ ɛduru homeda a, wɔnhome, ɛfiri sɛ, saa homeda no na daa ɛkae apam a me ne mo apam no. Ɛboa mo ma mokae sɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.
14 “ ‘Monhome homeda no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɛda kronkron. Obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no, ɔbɛwu. Na deɛ ɔbɛyɛ adwuma saa ɛda no nso, wɔbɛkum no. 15 Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma homeda no, wɔbɛkum no. 16 Momfa nna nsia nyɛ mo nnwuma nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda kronkron ma Awurade. Saa mmara yi yɛ apam ne ahyɛdeɛ a ɛwɔ hɔ daa ma Israelfoɔ. 17 Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfoɔ ntam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Ɛfiri sɛ, nna nsia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, ɛnna ɔhomee ɛda a ɛtɔ so nson no.’ ”
18 Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔ so wieeɛ no, ɔde aboɔ apono mmienu a ɔde ne nsa atwerɛ Mmaransɛm Edu no wɔ so no maa no.