9
Nyɛmmoa Wuo
Awurade hyɛɛ Mose sɛ, “Sane kɔ Farao nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ, Awurade a ɔyɛ Hebrifoɔ Onyankopɔn no pɛ sɛ wobɛma ne nkurɔfoɔ akɔbɔ afɔdeɛ ama no.” Sɛ wampene a, Awurade tumi mu ɔyaredɔm bɛba abɛkum mo apɔnkɔ, mo mfunumu, mo nyoma, mo anantwie, mo nnwan ne mo mpɔnkye nyinaa. Nanso, Awurade de nsonsonoeɛ bɛto Israelfoɔ mmoa ne Misraimfoɔ mmoa ntam. Israelfoɔ mmoa deɛ, ɔbaako mpo renwu.
Awurade ahyɛ ɛberɛ pɔtee a ɔde ɔyaredɔm no bɛba. Ɔkaa sɛ adeɛ kye a, ɔbɛma ɔyaredɔm no aba asase no so. Na ɛbaa saa. Adeɛ kyeeɛ no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no hyɛɛ aseɛ wuwuiɛ, nanso Israelman mu deɛ, ayɛmmoa baako mpo koraa anyare. Farao somaa nnipa kɔɔ Israel kɔhwɛɛ sɛ ampa ara ɛhɔ nyɛmmoa no bi anwu koraa anaa. Nnipa no bɛbɔɔ Farao amanneɛ sɛ Israelfoɔ nyɛmmoa baako mpo koraa anwu nanso, nʼadwene ansesa. Wamma nnipa no ankɔ.
Enti, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monkɔsa nso mfiri fononoo mu, na Mose nto mpete ewiem wɔ Farao anim. Na ɛbɛbɔ apete Misraim asase so nyinaa sɛ mfuturo ama mpɔmpɔnini asisi nnipa ne mmoa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa.”
10 Enti, wɔkɔsaa nso firii fononoo mu de kɔɔ Farao anim, na ɔrehwɛ no, Mose to petee ewiem na ɛdanee mpɔmpɔnini sisii nnipa ne mmoa a wɔwɔ Misraim nyinaa. 11 Ɛbaa saa no, nkonyaayifoɔ no antumi ne Mose anni asie, ɛfiri sɛ, na mpɔmpɔnini no bi asisi wɔn nyinaa. 12 Nanso, Farao pirim nʼakoma ara, enti wantie asɛm a Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ no no.
Asukɔtweaa
13  Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔre kɔ Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no sɛ, Hebrifoɔ Awurade Onyankopɔn no se, ma me nkurɔfoɔ nkɔsom me. 14 Afei deɛ, mede ɔhaw na ɛbɛto mo so na ɛno na ɛbɛma wo ne wʼadwumayɛfoɔ ne Misraimfoɔ nyinaa ahunu sɛ, Onyankopɔn biara nni asase yi so ka me ho. 15 Sɛ mepɛ a anka matɔre mo nyinaa ase, anka mede ɔyaredɔm bɛkum mo nyinaa. 16 Nanso manyɛ no saa, ɛfiri sɛ, na mepɛ sɛ meda me tumi adi wɔ ewiase afanan nyinaa. 17 Woayɛ kyɛnkyerɛnn wɔ me nkurɔfoɔ so a ɛno enti, womma wɔnkɔ. 18 Ɔkyena saa ɛberɛ yi ara mu, mɛma asukɔtweaa a ano yɛ den a ebi ntɔɔ Misraiman mu da atɔ. 19 Ntɛm! Monka mo anantwie a mode wɔn kɔ adidi no mmra efie. Ɛfiri sɛ, asukɔtweaa no bɛkum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wiram no nyinaa.”
20 Misraimfoɔ a asɛm no bɔɔ wɔn hu no de wɔn anantwie ne wɔn asomfoɔ nyinaa baa efie. 21 Na wɔn a wɔammu Awurade asɛm a ɔkaeɛ no gyaa wɔn anantwie ne wɔn asomfoɔ wɔ wiram maa asukɔtweaa no kaa wɔn.
22  Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa kyerɛ ɔsoro na ma ampariboɔ no ntɔ ngu nnipa, mmoa ne nnua a ɛwɔ Misraiman nyinaa so.” 23 Enti, Mose de ne nsa kyerɛɛ ewiem maa Awurade maa ayerɛmo ne aprannaa dwidwaeɛ. 24 Na ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu yie. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a wɔkyekyeree Misraim kɔsi saa ɛberɛ no, na aprannaa mpaapae saa da. 25 Misraiman sɛee pasaa. Biribiara a ɛkaa wiram, sɛ ɛyɛ nnipa anaa mmoa no, wɔn nyinaa wuwuiɛ. Nnua nso bubuiɛ maa afudeɛ sɛeɛ. 26 Baabi a ampariboɔ no antɔ wɔ ɔman no mu no yɛ Gosen asase so a na Israelfoɔ no te hɔ.
27 Afei, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, mahunu me mfomsoɔ. Awurade di bem na me ne me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ama atra so. 28 Monsrɛ Awurade mma me, na ɔmma aprannaa ne ampariboɔ dodoɔ yi to ntwa na mɛma mo akɔ ntɛm so.”
29 Mose kaa sɛ, “Sɛ mefiri kuropɔn yi mu ara pɛ a, mɛma me nsa so abɔ Awurade mpaeɛ na aprannaa no ne ampariboɔ no agyae. Yei bɛma mo ahunu sɛ Awurade na asase nyinaa hyɛ ne nsa. 30 Nanso, menim yie sɛ wo ne wo mpanimfoɔ deɛ, yeinom nyinaa akyiri no, mobɛpirim mo akoma.”
31 Aprannaa no sɛee wɔn ayuo ne wɔn asaawa a na ɛreso aba no nyinaa. 32 Nanso, atokoɔ ne aburoo deɛ, ansɛe, ɛfiri sɛ, na ɛmfifiriɛ.
33 Enti Mose firii Farao anim wɔ kuro no mu maa ne nsa so kyerɛɛ Awurade maa aprannaa no ne asukɔtweaa no ne osuo no gyaee tɔ. 34 Farao ne ne mpanimfoɔ hunuu sɛ biribiara ayɛ yie wɔ hɔ no, wɔkɔɔ so pirim wɔn akoma yɛɛ bɔne de buu ɛbɔ a wɔhyɛɛ Awurade no so. 35 Enti, Farao amma nkurɔfoɔ no ankɔ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho nkɔm kyerɛɛ Mose no.