3
Gyidie Anaa Mmara So Di
Mo Galatifoɔ adwenemherɛfoɔ! Hwan na ɔdanee mo adwene saa? Mo ara mo anim na wɔkyerɛɛ mu pefee sɛ wɔbɔɔ Yesu Kristo asɛnnua mu. Mommua me saa asɛm yi: Moyɛɛ deɛ Mmara no hwehwɛ sɛ monyɛ ansa na Onyankopɔn Honhom no reba mo so? Anaasɛ motiee Asɛmpa no gye diiɛ ansa? Saa na mo adwene mu yɛ herɛ? Mode Onyankopɔn Honhom firii aseɛ; afei mopɛ sɛ mode mo ara mo tumi wie? Mo suahunu yi nyinaa ho amma mfasoɔ biara? Mennye nni saa. Onyankopɔn nam mmara no so na ɔde ne Honhom no maa mo anaa? Anaasɛ ɔnam mmara no so na ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu anaa? Ɛnyɛ asɛm no gye a mogye diiɛ nti? Atwerɛsɛm no kaa Abraham ho asɛm sɛ, “Ɔgyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa tenenee.”
Enti ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, nnipa a wɔwɔ gyidie no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo. Atwerɛsɛm no dii ɛkan hunuu sɛ Onyankopɔn nam gyidie so bɛbu amanamanmufoɔ no bem. Yei enti, Atwerɛsɛm no dii ɛkan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam wo so na Onyankopɔn bɛhyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” Abraham gye diiɛ, na wɔhyiraa no, na wɔn a wɔgye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛdeɛ wɔhyiraa no no.
10 Wɔadome obiara a ɔde ne ho bɛto ne nnwuma a ɛfiri mmara no mu so. Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔadome obiara a wankɔ so anni deɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara Nwoma mu no nyinaa so.” 11 Afei, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ obiara rentumi mfa mmara no so die nsɔ Onyankopɔn ani. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛnam gyidie so na ɔteneneeni bɛnya nkwa.” 12 Mmara no nnyinasoɔ nnyɛ gyidie; ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, deɛ ɔdi mmara no so bɛnya nkwa. 13 Ɛno enti na Kristo agye yɛn afiri nnome a Mmara no de brɛɛ yɛn no mu. Wayɛ nnome ama yɛn sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a wɔbɛsɛn no dua so no hyɛ Onyankopɔn nnome ase.” 14 Kristo gyee yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nhyira a wɔhyiraa Abraham no nam Kristo so bɛba amanamanmufoɔ so, na yɛnam gyidie so anya Honhom a wɔhyɛɛ yɛn ho bɔ no.
Mmara Ne Bɔhyɛ No
15 Anuanom, mede yɛn asetena mu asɛm bi bɛyɛ nhwɛsoɔ: Sɛ nnipa baanu bi pene asɛm bi so na wɔyɛ ho apam a, obiara rentumi mmu apam no so na wɔrentumi mfa biribi nka ho. 16 Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne nʼaseni bɔ. Atwerɛsɛm no nnka sɛ, “Wo ne wʼasefoɔ” a ɛkyerɛ nnipa bebree. Ɛka sɛ, “Wo ne wʼaseni” a ɛkyerɛ sɛ onipa baako a ɔno ne Kristo no. 17 Mekyerɛ sɛ: Onyankopɔn yɛɛ apam na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛdi so. Mmara no a ɛbaa akyire no ntumi nsesa anaa ɛrentumi ntwa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ mfirinhyia ahanan ne aduasa ansa na ɔde Mmara no maaeɛ, no mu. 18 Na sɛ nhyira a Onyankopɔn de maaeɛ no gyina Mmara so a, ɛnneɛ na ɛnyɛ bɔhyɛ bio. Nanso Onyankopɔn firi nʼadom mu, nam bɔhyɛ so de agyapadeɛ no maa Abraham.
19 Ɛnneɛ na Mmara no ho mfasoɔ ne sɛn? Wɔde maa akyire no de kyerɛɛ sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ kɔsi sɛ Aseni no a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba. Abɔfoɔ no na wɔde Mmara no maa Mose, na ɔno nso yɛɛ Onyankopɔn ne nnipa no ntamgyinafoɔ. 20 Yɛnim sɛ ntamgyinafoɔ ho hia ma nnipa baanu anaa deɛ ɛboro saa, nanso Onyankopɔn a ɔyɛ baako amfa ntamugyinafoɔ ɛberɛ a ɔhyɛɛ Abraham bɔ no.
Mmara No Botaeɛ
21 Yei kyerɛ sɛ Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ no anaa? Dabi! Sɛ mmara bi wɔ hɔ a ɛtumi ma nnipa nkwa a, ɛnneɛ anka onipa nam saa mmara no so bɛtumi atene wɔ Onyankopɔn anim. 22 Nanso, Atwerɛsɛm no aka sɛ, ewiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Ɛno enti, akyɛdeɛ a wɔhyɛɛ ho bɔ no, wɔnam Yesu Kristo so nko ara de bɛma wɔn a wɔgye di no.
23 Ansa na gyidie no reba no, Mmara no too yɛn mpɔkyerɛ kɔsii sɛ wɔbɛdaa gyidie no adi. 24 Enti, Mmara no na ɛhyɛɛ yɛn so kɔsii sɛ Kristo baeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnam gyidie so bɛbu yɛn bem. 25 Afei a berɛ aduru sɛ yɛgye Kristo di no, Mmara no nni yɛn so tumi bio.
26 Ɛnam gyidie so enti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abom no. 27 Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu enti, moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so. 28 Yɛnni Yudani anaa Helani, yɛnni akoa anaa ɔdehyeɛ, yɛnni ɔbarima anaa ɔbaa, na mo nyinaa yɛ onipa korɔ wɔ Kristo Yesu mu. 29 Enti sɛ moyɛ Kristo dea a, na moyɛ Abraham asefoɔ, na bɔhyɛ no enti, moyɛ adedifoɔ nso.