5
Ahofadie Wɔ Kristo Mu
Ahofadie enti na Kristo ama yɛade yɛn ho no. Monnyina pintinn. Mommma ho ɛkwan mma wɔmmfa mo nnyɛ nkoa bio.
Montie! Me Paulo, meka mekyerɛ mo sɛ, sɛ moma ho ɛkwan ma wɔtwa mo twetia a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo ho amma mfasoɔ biara amma mo koraa. Mebɔ mo kɔkɔ bio sɛ obiara a ɔbɛma ho ɛkwan ama wɔatwa no twetia no, na ɛsɛ sɛ ɔdi Mmara no nyinaa so. Mo a mopɛ sɛ wɔde Mmara no bu mo bem no ate mo ho afiri Kristo ho. Adom no nni mo so bio. Nanso yɛfiri gyidie mu nam Honhom no so twɛne tenenee a yɛn ani da soɔ no. Kristo Yesu mu no, twetiatwa ne momonotoyɛ ho nni mfasoɔ. Deɛ ɛho hia ne gyidie a ɛnam ɔdɔ so da ne ho adi.
Na anka moresi mmirikakan no yie! Na hwan na ɔtwintwanee mo anan mu ma mogyaee nokorɛ no tie? Saa nnaadaa no mfiri deɛ ɔfrɛ mo no. “Mmɔka kakra bi na ɛma mmɔre no nyinaa tu.” 10 Mewɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu sɛ morennwene adwene foforɔ bi. Onipa ko a ɔde sakasakayɛ reba mo mu no, wɔbɛtua ne so ka. 11 Anuanom, sɛ megu so ka twetiatwa ho asɛm a, adɛn enti na wɔda so taa me? Na sɛ ɛno na ɛyɛ nokorɛ a, anka mʼasɛm a meka fa Kristo asɛnnua ho no renkɔfa ɔhaw mma. Ɛnneɛ na anka asɛnnua no ho suntidua biara nni hɔ bio. 12 Sɛ ɛkaa me nko a, anka wɔn a wɔha mo no atwa wɔn ho atwitwa wɔn ho wɔn ho.
13 Me nuanom, mo deɛ, wɔfrɛɛ mo sɛ mommɛde mo ho. Nanso, mommma saa ahofadie yi mmɔ ɛkwan mma bɔne; mmom, momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho. 14 Ɛfiri sɛ, Mmara no nyinaa tiawatwa ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” 15 Na sɛ mokeka na momemene mo ho mo ho a, ɛnneɛ monhwɛ yie na moansɛe mo ho mo ho.
Honhom Mu Asetena
16 Na mese, montena ase wɔ Honhom mu, na moremma honam akɔnnɔ ho kwan. 17 Ɛfiri sɛ, deɛ honam pɛ no tia deɛ Honhom no pɛ; saa ara nso na deɛ Honhom no pɛ no, honam no tia. Ne mmienu no bɔ abira, enti ɛnsɛ sɛ moyɛ deɛ mopɛ. 18 Sɛ mo nante Honhom mu a, na monnhyɛ Mmara ase.
19 Dwuma a bɔnesu di no da adi pefee. Yeinom ne adwamammɔ, efi, ahohwie, 20 abosonsom, adutoɔ, ɔtan, akayɛ, ahoɔyea, abufuo, apereapereɛ, kunsunkunsun, mpaapaemu, 21 nitan, nsãborɔ, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛdeɛ mabɔ mo bi dada no sɛ, wɔn a wɔtena ase saa no renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.
22 Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛreɛ, ayamyɛ, papayɛ, gyidie, 23 ɔdwoɔ ne ahohyɛsoɔ. Mmara biara nni hɔ a ɛtia yeinom. 24 Na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no abɔ wɔn nipasu no ne honam akɔnnɔ asɛnnua mu. 25 Sɛ yɛte Honhom mu yi, momma yɛnnante Honhom mu. 26 Ɛnsɛ sɛ yɛhoahoa yɛn ho, yiyi yɛn ho yɛn ho abufuo, anaa yɛma yɛn ani bere yɛn ho yɛn ho.