12
Onyankopɔn Frɛ Abraham
Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Gya wo ɔman, wo nkurɔfoɔ ne wo agya fiefoɔ, na kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.
“Mɛma wo ayɛ ɔman kɛseɛ,
na mɛhyira wo.
Mɛma wo din atrɛ,
na woayɛ nhyira ama nnipa bebree.
Mɛhyira wɔn a wɔhyira wo,
na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no.
Ɛnam wo so na wɔbɛhyira
nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”
Enti, Abram kɔeɛ, sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔeɛ. Ɛberɛ a Abram refiri Haran asase so akɔ no, na wadi mfeɛ aduɔson enum. Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapadeɛ ne nʼasomfoɔ a ɔnyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, siim kɔɔ Kanaan asase so.
Wɔfaa asase no so ara kɔsii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, kɔduruu odum dua bi a ɛsi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wɔsii wɔn ntomadan. Saa ɛberɛ no, na Kanaanfoɔ na wɔte asase no so. Afei, Awurade Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti, Abram sii afɔrebukyia wɔ hɔ, de kaee Awurade Onyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no.
Akyire yi, Abram firii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔ bi a ɛwɔ apueeɛ fam, sii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔeɛ fam, na Ai nso da apueeɛ fam. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade Onyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ.
Afei, Abram dii atutena ara, kɔɔ anafoɔ fam.
Abram Ne Sarai Kɔ Misraim
10 Saa ɛberɛ no, ɛkɔm kɛseɛ bi sii asase a na Abram te so no so. Enti, ɔtu kɔtenaa Misraim* asase so kakra, ɛfiri sɛ, ɛkɔm a ɛbaa asase no so no, na ano yɛ den yie. 11 Ɔreyɛ aduru Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ, “Menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ yie. 12 Sɛ Misraimfoɔ no hunu wo a, wɔbɛka sɛ, ‘Ne yere nie. Momma yɛnkum no, na yɛmfa no.’ 13 Na sɛ woka sɛ woyɛ me nuabaa a, Misraimfoɔ no bɛhwɛ me yie, ɛfiri sɛ, wɔn ani wɔ wo ho, ɛno enti, wɔrenkum me.”
14 Ɛberɛ a wɔduruu Misraim asase so no, Misraimfoɔ no hunuu sɛ, ɔbaa no ho yɛ fɛ yie. 15 Na ɔhene Farao mpanimfoɔ hunuu no no, wɔkamfoo nʼahoɔfɛ, kɔbɔɔ no amaneɛ. Enti, ɔhene Farao soma ma wɔkɔfaa ɔbaa no baa nʼahemfie hɔ. 16 Esiane ɔbaa no ahoɔfɛ enti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yie, maa no nnwan, anantwie, afunumunini ne afunumubereɛ, nkoa, mfenaa ne nyoma.
17 Na ɛsiane Abram yere Sarai te a na ɔte Farao ahemfie hɔ no enti, Awurade Onyankopɔn maa ɔyaredɔm baa Farao ne ne fiefoɔ so. 18 Yei enti, Farao frɛɛ Abram bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn enti na woanka ankyerɛ me sɛ, ɔbaa no yɛ wo yere? 19 Adɛn enti na wokaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛteɛ deɛ a, gye wo yere. Wo yere nie! Fa wʼadeɛ kɔ!” 20 Na Farao hyɛɛ asraafoɔ sɛ, wɔnkɔgya Abram ne ne yere ɛkwan a wɔn fiefoɔ ne wɔn agyapadeɛ nyinaa ka ho.
* 12:10 12.10 Nsuseneeɛ a ɛdeda Misraim no enti, ɔpɛ denden no anka no.