26
Isak Ne Ɔhene Abimelek
Afei, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so. Saa ɛkɔm kɛseɛ no sene deɛ ɛbaa Abraham berɛ so no. Ɛno enti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifoɔ ɔhene Abimelek kuro mu. Ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Isak, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkɔ Misraim, na mmom, tena asase a mɛkyerɛ wo no so. Tena asase yi so kakra, ɛfiri sɛ, mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ, na mede asi ɛbɔ a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua. Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso te sɛ nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase aman ahodoɔ nyinaa. Ɛfiri sɛ, Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛdeɛ ne me mmara nyinaa so.” Enti, Isak tenaa Gerar.
Ɛberɛ a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ me nuabaa.” Ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, na ɔsusu sɛ, ɛsiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ enti, anhwɛ a, na kurom hɔ mmarima akum no.
Isak tenaa hɔ kyɛɛ kakra no, ɛda bi, Filistifoɔ ɔhene Abimelek gyina ne mpomma mu na ɔhunuu sɛ Isak regoro ne yere Rebeka ho. Ɛno enti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak baeɛ no, ɔbisaa no sɛ, “Ɔbaa no yɛ wo yere ankasa. Adɛn enti na woka sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa?’ ”
Isak buaa no sɛ, “Mesusuu sɛ, sɛ meka sɛ ɔyɛ me yere a, ne enti, ebia, na wɔakum me.”
10 Ɛnna ɔhene Abimelek kaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm na wo ne yɛn adi yi? Nokorɛ a woamma anna adi enti, anka obi bɛtumi afa wo yere no, na wode mmusuo aba yɛn so.”
11 Ɛno enti, Abimelek bɔɔ ne manfoɔ no kɔkɔ sɛ, “Obiara a ɔde ne nsa bɛka saa ɔbarima yi, anaa ne yere no, ɛkwan biara so, wɔbɛkum no.”
12 Saa afe no ara Yakob dɔɔ afuo. Na Awurade hyiraa nʼadwumadeɛ so. Ne nnɔbaeɛ baa bebree. 13 Isak yɛɛ ɔdefoɔ. Nʼahonya kɔɔ so dɔɔso, ma ɔdii taamu. 14 Ɔnyaa nnwan, anantwie, ne asomfoɔ bebree, ma ɛyɛɛ saa maa Filistifoɔ no ani beree no yie. Saa anibereɛ yi enti, Filistifoɔ no de dɔteɛ kɔsisii 15 abura ahodoɔ a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu wɔ ne berɛ so no nyinaa ano.
16 Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak sɛ, “Tu firi yɛn asase so, ɛfiri sɛ, wʼahonya dodoɔ aka yɛn ahyɛ.”
17 Isak tu firii Gerar kuro no mu, kɔɔ Gerar subɔnhwa mu de hɔ kɔyɛɛ nʼatenaeɛ. 18 Enti, Isak maa ne nkoa sane tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuiɛ a ne wuo akyiri no, Filistifoɔ no sisii ne nyinaa no. Ɔsane de edin korɔ no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio.
19 Isak nkoa no tuu abura foforɔ bi wɔ Gerar subɔnhwa no mu, kɔtoo nsuo a ɛyɛ korɔgyenn. 20 Nanso, Gerar nnwanhwɛfoɔ ne Isak nnwanhwɛfoɔ gyee abura no ho akyinnyeɛ. Gerar nnwanhwɛfoɔ no kaa sɛ, “Abura yi yɛ yɛn dea.” Yei maa Isak too saa abura no edin Esek, a aseɛ kyerɛ akyinnyegyeɛ abura. 21 Isak nkoa no sane tuu abura foforɔ, nanso Gerar nnwanhwɛfoɔ no sane ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Yei maa Isak sane too saa abura no nso edin Sitna, a aseɛ kyerɛ Aperedie. 22 Isak gyaa saa abura no hɔ kɔtuu abura foforɔ. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Yei maa Isak too saa abura yi edin Rehobot a aseɛ ne “Afei deɛ Awurade abɔ yɛn atenaseɛ na yɛbɛnya yɛn ho wɔ asase yi so.”
23 Isak tu firii hɔ kɔɔ Beer-Seba. 24 Anadwo no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene wʼagya, Abraham Onyankopɔn. Nsuro, ɛfiri sɛ, me ne wo na ɛwɔ hɔ. Ɛbɔ a mahyɛ mʼakoa Abraham enti, mɛhyira wo, na mama wʼasefoɔ adɔɔso, na wɔayɛ ɔman kɛseɛ.”
25 Isak sii afɔrebukyia, somm Awurade wɔ hɔ. Ɔsii ntomadan, tenaa hɔ, na ne nkoa nso tuu abura maa no.
26 Ɛda bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufoɔ Ahusad ne ne sahene Pikol firi Gerar bɛsraa Isak. 27 Isak bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mo a na mo ne me nka, na mopamoo me firii mo nkyɛn aba me ha ɛnnɛ sɛ morebɛsra me?”
28 Wɔbuaa no sɛ, “Yɛhunu pefee sɛ Awurade wɔ wʼafa enti, yɛasi gyinaeɛ sɛ, yɛne wo bɛyɛ apam. Apam no bɛda wo ne yɛn ntam. Pene so, na yɛne wo nyɛ saa apam no, 29 Ka yɛn ntam sɛ, worenha yɛn, sɛdeɛ yɛn nso, yɛanha wo no. Yɛne wo tenaa yie. Yɛgyaa wo kwan asomdwoeɛ mu. Afei, hwɛ sɛdeɛ Awurade ahyira wo.”
30 Isak too wɔn ɛpono, na wɔdidi nomeeɛ de twɛn apam a wɔne no rebɛyɛ no. 31 Adeɛ kyee anɔpa no, Isak ne mmarima no kekaa wɔn ho wɔn ho ntam, de sii wɔn apam a wɔayɛ no so dua. Afei, Isak gyaa wɔn kwan, ma wɔkɔɔ asomdwoeɛ mu.
32 Ɛda no ara, Isak asomfoɔ bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no sɛ, “Yɛato nsuo.” 33 Isak too abura no edin Seba, a aseɛ kyerɛ sɛ “Ntanka abura.” Kuro a akyire no wɔkyekyeree wɔ hɔ no, wɔtoo hɔ edin Beer-Seba a ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔda so frɛ hɔ saa ara.
34 Esau dii mfeɛ aduanan no, ɔwaree ababaawa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau sane waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon. 35 Nanso, Isak ne Rebeka bo annwo saa awadeɛ no so.