36
Esau Asefoɔ
Yeinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefoɔ.
 
Esau waree Kanaanfoɔ mmaa baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babaa, Ana babaa Oholibama a ɔsane yɛ Hewini Sibeon nana ne Basmat a ɔyɛ Ismael babaa na ɔyɛ Nebaiot nuabaa.
Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel. Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmammarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no.
Esau faa ne yerenom, ne mmammarima, ne mmammaa, ne fiefoɔ nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapadeɛ biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu firii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so akyirikyiri. Ɛfiri sɛ, na wɔn ahonyadeɛ no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob bɛtumi atena faako. Na wɔn mmoa dodoɔ enti, wɔn baanu no nsene asase a wɔte so no so. Ɛno enti, Esau a wɔfrɛ no Edom no kɔbɔɔ nʼatenaeɛ wɔ Seir bepɔ so.
 
Yeinom ne Esau a ɔyɛ Edomfoɔ agya no asefoɔ a wɔwoo wɔn maa no ɛberɛ a na ɔwɔ Seir bepɔ so no.
 
10 Esau mmammarima no din na ɛdidi so yi:
Elifas, a ɔyɛ Esau yere panin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima.
11 Elifas nso mmammarima din na ɛdidi so yi:
Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. 12 Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nananom.
13 Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi:
Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nananom.
14 Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa, na ɔsane yɛ Sibeon nana no mmammarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne yeinom:
Yeus, Yalam ne Kora.
 
15 Yeinom ne Esau asefoɔ no mu atitire:
Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmammarima din na ɛdidi so yi:
Atitire Teman, Omar, Sefo, Kenas, 16 Kora, Gatam ne Amalek. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefoɔ atitire a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitire yi yɛ Ada nananom.
17 Esau babarima Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi:
Otitire Nahat, Otitire Serah, Otitire Sama ne Otitire Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Ruel a ɔyɛ Esau ba a ɔtɔ so mmienu no nnipa atitire a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nananom.
18 Esau yere Oholibama mmammarima din na ɛdidi so yi:
Otitire Yeus, Otitire Yalam ne Otitire Kora. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no asefoɔ nnipa atitire no.
19 Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmammarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitire no.
 
20 Yeinom ne Horini Seir mmammarima a na saa ɛberɛ no wɔtete Seir asase so no:
Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 21 Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmammarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitire no.
22 Lotan mmammarima ne yeinom:
Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabaa.
23 Sobal nso mmammarima ne yeinom:
Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.
24 Na yeinom ne Sibeon mmammarima:
Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, ɛberɛ bi ɔde nʼagya Sibeon mfunumu kɔɔ adidi wɔ ɛserɛ no so a ɔkɔhunuu asuo aniwa bi a na nsuohyeɛ firi mu ba no.
25 Ana mma nie:
Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no.
26 Dison mmammarima nie:
Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.
27 Eser mmammarima ne yeinom:
Bilhan, Saawan ne Akan.
28 Yeinom ne Disan mma:
Us ne Aran.
29 Yeinom ne Horifoɔ nnipa atitire:
Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 30 Dison, Eser ne Disan.
Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifoɔ nnipa atitire a ɛberɛ a na wɔwɔ Seir asase so no, wɔdii wɔn mmusua no so.
Edom Ahemfo
31 Yeinom ne nnipa a wɔdii ɛkan dii ɔhene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebɛdi Israel mma so ɔhene:
32 Bela a ɔyɛ Beor babarima bɛdii ɔhene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkuro din de Dinhaba.
33 Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
34 Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
35 Husam wuo akyiri Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit.
36 Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.
37 Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene.
38 Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene.
39 Akbor babarima Baal-Hanan nso wuiɛ no, Hadad bɛdii nʼadeɛ, tenaa nʼahennwa so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkuro no din de Pau, ɛnna ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana.
 
40 Sɛdeɛ wɔn a wɔdidi so yi a wɔyɛ Esau asefoɔ no mmusua ne wɔn tenabea te nie:
Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua,
41 Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua,
42 Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua,
43 Magdiel abusua ne Iram abusua.
Yeinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenaeɛ no edin totoeɛ.
 
Na wɔn nyinaa yɛ Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ.