41
Yosef Kyerɛ Farao Daeɛ Ase
Mfeɛ mmienu akyiri no, Farao soo daeɛ bi. Na ɔgyina Asubɔnten Nil ho. Ɔhunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ, na wɔn ho tua wɔn firii asubɔnten no mu baeɛ bɛwee ɛserɛ a na ɛwɔ hɔ. Anantwie akɛseɛ nson no akyiri no, anantwie nson foforɔ a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya firii Asubɔnten Nil mu ba bɛgyinaa anantwie a wɔadodɔ sradeɛ no ho wɔ asuo no konkɔn so. Anantwie nson a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya no memenee anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ no! Saa ɛberɛ no ara mu na Farao bɔɔ pitiri nyaneeɛ!
Yei akyiri, nna faa Farao bio ma ɔsane soo daeɛ foforɔ. Ɔhunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, ɛmo asiaka nson a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ aso wɔ ɛmo nan baako so. Akyiri no prɛko pɛ, siaka nson bi soo wɔ nan no ho. Apueeɛ mframa bɔɔ no ma ɛtwintwamee. Ɛmo ntweantweaa no memenee ɛmo a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ no. Farao sane nyanee bio, hunuu sɛ, sɛɛ na nneɛma a ɔhunuiɛ no nyinaa yɛ daeɛ.
Adeɛ kyeeɛ no, nʼadwenem yɛɛ no basaa. Enti, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ nkonyaayifoɔ ne anyansafoɔ a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa baa ne fie. Farao kaa daeɛ a ɔsoeɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ aseɛ.
Ɛhɔ na Farao nsãhyɛfoɔ panin no ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Ɛnnɛ na saa asɛm yi ama makae me mfomsoɔ bi a mayɛ. 10 Mmerɛ bi a atwam no, wo Farao bo fuu wʼasomfoɔ yie. Ɛnam so maa wode me ne wo burodotofoɔ panin kɔtoo afiase wɔ dabehene fie. 11 Yɛn baanu nyinaa soo daeɛ anadwo korɔ no ara a na ɛsono sɛdeɛ yɛn mu biara daeɛ no si teɛ. 12 Saa ɛberɛ no, na Hebrini aberantewaa bi a na ɔyɛ dabehene Potifar ɔsomfoɔ ka yɛn ho wɔ afiase hɔ. Yɛkaa yɛn daeɛ a yɛsosoeɛ no kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn mu biara daeɛ ase, kyerɛɛ no pɛpɛɛpɛ. 13 Na sɛdeɛ ɔsi fa kyerɛɛ yɛn daeɛ no ase no baa mu saa pɛpɛɛpɛ. Mesane kɔdii me dibea, ɛnna burodotofoɔ panin no, wɔsɛn no.”
14 Amonom hɔ ara, Farao soma ma wɔkɔyii Yosef firii afiase hɔ baeɛ. Ɔfiri afiase hɔ baeɛ no, ɔyii nʼabɔgyesɛ, sesaa nʼatadeɛ, baa Farao anim.
15 Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Maso daeɛ bi a obiara ntumi nkyerɛ aseɛ. Nanso, mate sɛ wo deɛ, sɛ obi ka ne daeɛ kyerɛ wo a, wotumi kyerɛ aseɛ. Ɛno enti na masoma abɛfrɛ wo yi.”
16 Yosef buaa Farao sɛ, “Me ara merentumi mfiri me tumi mu nkyerɛ daeɛ no ase. Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ wo daeɛ no ase.”
17 Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Me daeɛ no mu, na megyina Asubɔnten Nil konkɔn so. 18 Mehunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ, na wɔn ho tua wɔn firii asubɔnten no mu baeɛ bɛnantee wira no mu, hyɛɛ aseɛ wee serɛ. 19 Anantwie akɛseɛ nson no akyiri no, anantwie nson foforɔ a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya firii Asubɔnten Nil mu ba bɛgyinaa anantwie a wɔadodɔ sradeɛ no ho wɔ asuo no konkɔn so. Ɛfiri sɛ wɔwoo me, menhunuu anantwie a wɔn ho yɛ tan saa da wɔ Misraim asase yi so. 20 Anantwie nson a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya no memenee anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ na wɔn ho tua wɔn a wɔdii ɛkan baeɛ no! 21 Nanso wɔmemenee wɔn nyinaa akyiri no, na sɛdeɛ wɔte ara na wɔte, ɛfiri sɛ, na wɔn ho da so yɛ tan kanyakanya no ara. Saa ɛberɛ no ara mu na mebɔɔ pitiri nyaneeɛ.
22 “Mesane soo daeɛ bio hunuu sɛ, ɛmo siaka nson a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden sɛ aso wɔ ɛmo nan baako so. 23 Yeinom akyiri no, ɛmo asiaka nson bi a apueeɛ mframa abɔ no, ama akusa, ayeyɛ ntweantweaa soo wɔ ɛmo nan no so. 24 Ɛmo ntweantweaa no memenee ɛmo nson a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden no. Mekaa me daeɛ no nyinaa kyerɛɛ nkonyaayifoɔ no, wɔn mu biara antumi ankyerɛ me aseɛ.”
25 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Wo daeɛ mmienu a wososoeɛ no nyinaa nkyerɛaseɛ yɛ pɛ. Onyankopɔn nam wo daeɛ no so, reda biribi a ɔrebɛma asi wɔ Misraim asase so no adi akyerɛ wo. 26 Anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ no ne ɛmo siaka nson a ɛyɛ fɛ, na ɛwɔ ahoɔden no nso, ase kyerɛ sɛ, mfeɛ nson a ɛdi anim a ɛreba no bɛyɛ mfeɛ pa ama ɔman no. 27 Anantwie nson a wɔafonfɔn, na wɔayeyɛ kanyakanya no ne ɛmo siaka nson a akusa ayeyɛ ntweantweaa no nso kyerɛ sɛ, mfeɛ pa nson no akyiri no, ɛkɔm bɛba mfeɛ nson.
28 “Enti, Onyankopɔn akyerɛ wo deɛ ɔrebɛyɛ. 29 Mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no, aduane bɛbu wɔ Misraim asase so nyinaa. 30 Nanso, akyire no, ɛkɔm kɛseɛ bi bɛba mfeɛ nson, ama nnipa werɛ afiri asetena pa a wɔnyaa no mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no mu no. Ɛkɔm bɛmene asase no. 31 Esiane ɛkɔm a ɛbɛdi mmerɛ pa a atwam no akyiri no ano den a ɛbɛyɛ no enti, saa ɛberɛ no, wɔrenkae mmerɛ pa no bio wɔ asase no so. 32 Saa daeɛ mmienu a wosoeɛ no kyerɛ sɛdeɛ ɛkɔm no ano bɛyɛ den afa. Ɛkyerɛ sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, asɛm a maka akyerɛ wo no bɛba mu saa pɛpɛɛpɛ. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na wasi gyinaeɛ pi saa. Na ɛrenkyɛre koraa, ɛbɛba mu saa.
33 “Enti, mʼafotuo ne sɛ, hwehwɛ onyansafoɔ kɛseɛ a ɔwɔ nhunumu wɔ Misraim asase yi so, na fa ɔman yi mu kuadwuma ho asɛm nyinaa hyɛ ne nsa. 34 Ma ɔhene Farao nyiyi nnipa, ntuatua amansini ahodoɔ enum no ano. Na saa nnipa a wɔde wɔn bɛtuatua amansini no ano no nyiyi nnɔbaeɛ a ɛbɛba mmerɛ pa mfeɛ nson no mu no nkyɛmu enum mu baako, mfa nsie. 35 Ɛsɛ sɛ saa nnipa a wɔtuatua amansini no ano no boaboa nnuane a wɔbɛgyegye mmerɛ pa mfeɛ nson a nnuane bɛbu no, de gu asan so wɔ ɔhene Farao edin mu. Wɔmfa saa nnuane no nhyehyɛ asan so wɔ nkuro akɛseɛ mu. 36 Nnuane yi na mfeɛ nson a ɛkɔm bɛba Misraim asase so no, ɔmanfoɔ no bɛdi. Saa nnuane yi na wɔde bɛsie ama ɔman no. Sɛ anyɛ saa a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ɛkɔm bɛbɔ ɔman no.”
Farao Pagya Yosef
37 Farao ne ne mpanimfoɔ no gyee asɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa too mu. 38 Ɛberɛ a wɔredwennwene onipa ko a ɛsɛ sɛ wɔde saa adwuma kɛseɛ yi hyɛ ne nsa no ho no, Farao bisaa sɛ, “Hwan koraa na ɔbɛtumi ayɛ adwuma kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi asene Yosef? Ɛfiri sɛ, ɔyɛ onipa bi a, akwan nyinaa mu, ɛda adi pefee sɛ, Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma.”
39 Afei, Farao danee nʼani ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Onyankopɔn ayi saa daeɛ yi ne nʼasekyerɛ akyerɛ wo yi, hwan bio na ɔyɛ onyansafoɔ a ɔwɔ nhunumu sene wo wɔ Misraim ɔman yi mu! 40 Ɛnnɛ, mede saa adwuma kɛseɛ yi nyinaa hyɛ wo nsa. Asɛm biara a wobɛka afa saa adwuma yi ho no, obiara nni ho asɛm ka wɔ Misraim nyinaa. Mʼahennwa a me Farao, mete so no nko ara na ɛma meyɛ kɛse sene wo.”
41 Enti, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ de rekorɔ, mede Misraim asase nyinaa ahyɛ wo nsa.” 42 Afei, Farao worɔɔ ne nsɔano kawa de hyɛɛ Yosef nsa. Ɔde serekye batakari papa bi hyɛɛ Yosef, de sika ntweaban yan no. 43 Ɔmaa Yosef teaseɛnam tenaa mu sɛ nʼabadiakyire. Baabiara a Yosef bɛkɔ no, na nnipa di nʼanim teateaam sɛ, “monkoto no!” Saa ɛkwan yi so na ɔhene Farao fa de Misraim asase nyinaa hyɛɛ Yosef nsa.
44 Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Mene Farao Misraimhene deɛ, nanso obiara ntumi mfiri wʼakyi nyɛ biribiara wɔ Misraiman yi mu baabiara, gye sɛ woama ho kwan ansa.” 45 Farao maa Yosef ahene din sɛ Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbaa nso wareeɛ. Na ababaawa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfoɔ Potifera babaa. Ɛnam yei so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa Misraim asase so nyinaa.
46 Ɛberɛ a Yosef kɔɔ ɔhene Farao adwa ase no, na wadi mfirinhyia aduasa. Farao maa Yosef ɛkwan ma ɔbɔɔ aporɔ faa Misraim asase so nyinaa. 47 Mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no mu no, aduane buu so wɔ Misraim asase so yie. 48 Saa mfeɛ nson no mu no, Yosef boaboaa nnuane a ɛbuu so wɔ Misraiman mu no ano kɔkoraa no wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ Misraim no mu. Aduane biara a wɔnya firii kuro biara mu no bi no, wɔde sie wɔ hɔ. 49 Mfeɛ nson akyiri no, na Yosef akora nnuane wɔ nnuanekorabea hɔ, ama abu so ara kɔsii sɛ, afei na obiara mmu ho nkonta bio.
50 Ansa na ɛkɔm kɛseɛ no rebɛba no, na Yosef yere Asnat, a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfoɔ Potifera babaa no, awo mmammarima baanu. 51 Yosef too nʼabakan no edin Manase, a asekyerɛ ne Onyankopɔn ama me werɛ afiri mʼamanehunu ne mʼagya fie nyinaa. 52 Yosef babarima a ɔtɔ so mmienu no nso, wɔtoo no edin Efraim, a asekyerɛ ne Onyankopɔn ama mʼase afɛe wɔ asase a mebaa so sɛ akoa no so.
53 Afei, mfeɛ nson a aduane buu so wɔ Misraim asase so no twaam. 54 Sɛdeɛ Yosef hyɛɛ nkɔm no, ɛkɔm a ɛbɛba mfeɛ nson a ɛdi so no hyɛɛ aseɛ. Ɛkɔm kɛseɛ sii nsase a na atwa Misraim ho ahyia no nyinaa so, nanso Misraim asase ankasa so deɛ, na aduane abu so. 55 Ɛberɛ a ɛkɔm no sii dendeenden wɔ Misraim asase so no, ɔmanfoɔ no su frɛɛ Farao. Farao ka kyerɛɛ Misraimfoɔ nyinaa sɛ, “Monkɔ Yosef nkyɛn, na biribiara a ɔbɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no, monyɛ.”
56 Ɛberɛ a ɛkɔm kɛseɛ no trɛtrɛɛ ɔman no nyinaa mu no, Yosef buebuee ne nnuane korabea no nyinaa ano, tɔnee aburoo maa Misraimfoɔ no, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm no ano yɛ den yie ma wɔn. 57 Enti, na aman a atwa Misraim ho ahyia no nyinaa kɔtɔ aduane wɔ Yosef nkyɛn wɔ Misraim, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm a aba no ano yɛ den yie.