5
Monsiesie Mo Ho Mma Awurade Mmaeɛ
Anuanom, ɛho nhia sɛ mɛtwerɛ akyerɛ mo nna ne ɛberɛ a saa nsɛm yi bɛsisi. Ɛfiri sɛ, mo ankasa monim yie sɛ ɛda a Awurade bɛba no bɛyɛ sɛ ɔkorɔmfoɔ a ɔreba anadwo. Ɛberɛ a nnipa bɛka sɛ, “biribiara yɛ asomdwoeɛ” no, saa ɛberɛ no na adesɛeɛ bɛba wɔn so. Na wɔrentumi nnwane. Ɛbɛyɛ te sɛ yea a ɛba ɔpemfoɔ a ɔrewoɔ so no.
Nanso, mo anuanom yi deɛ, monte esum mu enti ɛnsɛ sɛ saa da no fu mo mu sɛ ɔkorɔmfoɔ. Mo nyinaa moyɛ hann ne adekyeeɛ mma. Yɛnyɛ anadwo ne sum mma. Ɛno enti, ɛnsɛ sɛ yɛdeda sɛ afoforɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase. Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa boro nsã. Nanso yɛyɛ adekyeeɛ mma enti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ ne yɛn nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ. Onyankopɔn anyi yɛn sɛ yɛmmɛhunu amane wɔ nʼabufuo ano, na mmom, ɔyii yɛn sɛ yɛbɛnya nkwagyeɛ wɔ Awurade Yesu Kristo mu. 10 Kristo wu maa yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ yɛanyane anaa sɛ yɛawu oo, yɛne no bɛtena ase wɔ nkwa mu. 11 Esiane saa enti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛdeɛ mogu so reyɛ yi.
Afotuo Ne Nkyea
12 Anuanom, yɛsrɛ mo sɛ, momfa obuo ne anidie mma wɔn a Awurade ayi wɔn sɛ wɔnni mo anim nkyerɛkyerɛ mo no. 13 Esiane adwuma a wɔyɛ no enti, mommu wɔn na monnɔ wɔn yie. Montena ase asomdwoeɛ mu. 14 Anuanom, yɛhyɛ mo sɛ, monkasa nkyerɛ anihafoɔ, monka wɔn a wɔnyɛ hye no hye; mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛ; monto mo bo ase mma wɔn nyinaa. 15 Monhwɛ sɛ obi mmfa bɔne a obi ayɛ no no ho ka ntua no. Ɛberɛ biara, momma ɛnyɛ mo botaeɛ sɛ mobɛyɛ papa ama mo ho mo ho ne obiara.
16 Momma mo ani nnye da biara 17 na ɛberɛ biara nso, mommɔ mpaeɛ; 18 biribiara mu, monna ase. Yei na Onyankopɔn hwehwɛ afiri mo nkyɛn wɔ Kristo Yesu mu.
19 Monnka Honhom Kronkron no nhyɛ; 20 monnsi adiyisɛm atwetwe. 21 Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa deɛ ɛyɛ. 22 Na monkyiri bɔne biara.
23 Na ɔno asomdwoeɛ Onyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo ɔkra ne mo onipadua so a ɛho remma asɛm biara kɔsi sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo bɛba. 24 Ɔnokwafoɔ ne deɛ ɔfrɛɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.
 
 
25 Anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn.
 
26 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea anuanom nyinaa.
 
27 Mehyɛ mo wɔ Awurade tumi mu sɛ monkenkan saa nwoma yi nkyerɛ anuanom no nyinaa.
 
28 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.