8
Wɔde Kristo Bɔɔ Afɔdeɛ
Asɛm a yɛgyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanin a ɔte Otumfoɔ a ɔwɔ ɔsoro no ahennwa no nifa. Ɔsom sɛ Ɔsɔfopanin wɔ Kronkronbea hɔ a ɛyɛ ntomadan a ɛwɔ ɔsoro. Saa ntomadan yi, Awurade ankasa na ɔsiiɛ na ɛnyɛ onipa.
Wɔyi Ɔsɔfopanin biara sɛ ɔmfa akyɛdeɛ ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɛno enti ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ. Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfoɔ koraa ɛfiri sɛ, asɔfoɔ wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔdeɛ ma, sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no. Nanso dwuma a wɔdi sɛ asɔfoɔ no yɛ ɔsoro nsususoɔ bi kwa. Ɛte sɛ Mose berɛ so deɛ no ara pɛ. Ɛberɛ a ɔpɛɛ sɛ ɔsi ntomadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Si no sɛdeɛ merekyerɛ wo wɔ bepɔ no so pɛpɛɛpɛ.” Afei deɛ, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn deɛ no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wɔgyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛeɛ no ntamgyinafoɔ.
Sɛ na apam a ɛdi ɛkan no yɛ a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛtɔ so mmienu no. Nanso, Onyankopɔn hunuu mfomsoɔ wɔ ne nkurɔfoɔ ho ɛberɛ a ɔkaa sɛ,
“Nna bi reba, Awurade na ɔseɛ,
a me ne Israelfoɔ ne Yuda abusuakuo
bɛhyehyɛ apam foforɔ.
Ɛrenyɛ sɛ apam a
me ne wɔn agyanom yɛeɛ no
ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa
dii wɔn anim firii Misraim no.
Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no ho nokorɛ,
ɛno enti mante mʼani anhwɛ wɔn,
Awurade na ɔseɛ.
10 Afei, yei ne apam a me ne Israelfoɔ bɛhyehyɛ
ɛberɛ a ɛreba no mu, Awurade na ɔseɛ:
Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem
na matwerɛ agu wɔn akoma mu.
Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn,
na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.
11 Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko
anaa ne kuromni sɛ, ‘Hunu Awurade,’
ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me firi
akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so.
12 Mɛhunu wɔn mmɔbɔ wɔn bɔne ho;
na merenkae wɔn bɔne bio.”
Nhyehyɛeɛ Dada No
13 Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforɔ” no ama deɛ wɔyɛɛ kane no ayɛ dada; na biribiara a anyini ayɛ dada no nkyɛre yera.