11
Onyankopɔn Dɔ A Ɔdɔ Israel
“Ɛberɛ a Israel yɛ abɔfra no, na me dɔ no,
na Misraim na mefrɛɛ me babarima firiiɛ.
Nanso mpɛn dodoɔ a mefrɛɛ Israel no,
saa ara na wɔdwane firii me nkyɛn.
Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni,
na wɔhyee nnuhwam maa nsɛsodeɛ.
Me na megyegyee Efraim taataa,
meturu no wɔ mʼabasa so;
nanso, wɔnkae sɛ
me na mesaa wɔn yadeɛ.
Mede ayamyɛ ahoma
ne ɔdɔ dii wɔn anim;
meyii kɔnnua no firii wɔn kɔn mu
na mekoto maa wɔn aduane diiɛ.
 
“Wɔbɛsane akɔ Misraim,
na Asiria adi wɔn so,
ɛsiane sɛ wɔannu wɔn ho enti.
Akofena bɛdi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu
na ɛbɛsɛe wɔn apono akyi adaban
na wɔn nhyehyɛeɛ to bɛtwa.
Me nkurɔfoɔ asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afiri me nkyɛn.
Sɛ wosu frɛ Ɔsorosoroni no mpo a
ɔrempagya wɔn ɛkwan biara so.
 
“Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyi wo ama, Efraim?
Ɛbɛyɛ dɛn ma mɛyi wo ama, Israel?
Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma?
Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim?
Mʼakoma asesa wɔ me mu;
na mʼahummɔborɔ ahwanyane.
Merenyɛ mʼabufuhyeɛsoɔ adeɛ,
ɛna merennane me ho ɛnsɛe Efraim nso.
Meyɛ Onyankopɔn na mennyɛ onipa.
Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mu mu.
Meremma wɔ abufuo mu.
10 Wɔbɛdi Awurade akyi.
Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata.
Na sɛ ɔbobɔm a,
ne mma de ahopopoɔ bɛfiri atɔeɛ aba.
11 Wɔde ahopopoɔ bɛba
te sɛ nnomaa a wɔfiri Misraim
te sɛ mmorɔnoma a wɔfiri Asiria.
Mɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn afie mu,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Israel Bɔne
12 Efraim de atorɔ atwa me ho ahyia,
Israel efie nso wɔde nnaadaa.
Yuda abɔ Onyankopɔn so ko
mpo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafoɔ no.