4
Wɔbɔ Israel Kwaadu
Montie Awurade asɛm, mo Israelfoɔ
ɛfiri sɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔ
mo a mote asase no so:
“Nokorɛ, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so.
Nnome nko ara, atorɔtwa ne awudie,
korɔnobɔ, ne awaresɛeɛ
na moyɛ ma ɛtra so,
na mogyahwiegu ba ntoasoɔ ntoasoɔ.
Yei enti asase no di awerɛhoɔ
na wɔn a ɛte so nyinaa wuwu;
ewiram mmoa, ewiem nnomaa
ne ɛpo mu nam rewuwu.
 
“Mma obiara mmɔ kwaadu,
mma obiara mmɔ ɔfoforɔ soboɔ.
Na mmom, mo asɔfoɔ
mo na me ne mo anya.
Mosunti awia ne anadwo,
na adiyifoɔ no ne mo sunti.
Ɛno enti mɛsɛe mo ɔman.
Nimdeɛ a me nkurɔfoɔ nni enti wɔresɛe.
 
“Sɛ moapo nimdeɛ enti,
me nso mapo mo sɛ mʼasɔfoɔ;
sɛ moabu moani agu mo Onyankopɔn mmara so enti,
me nso mabu mʼani agu mo mma so.
Asɔfoɔ no redɔɔso no
na bɔne a ɛboro soɔ na wɔyɛ tia me.
Wɔde wɔn Animuonyam asesa deɛ ɛyɛ animguaseɛ.
Wɔdidi me nkurɔfoɔ bɔne ho
ɛno enti wɔn ani gye atirimuɔdensɛm ho.
Sɛdeɛ nnipa no teɛ no, saa ara na asɔfoɔ no nso teɛ.
Metwe wɔn mmienu aso wɔ wɔn akwan ho
na matua wɔn wɔn nneyɛeɛ so ka.
 
10 “Wɔbɛdidi, nanso wɔremmee.
Wɔbɛbɔ adwaman, nanso wɔrennɔre,
ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade hɔ,
de wɔn ho ama 11 adwamammɔ,
nsã dada ne foforɔ,
a ɛma me nkurɔfoɔ
12 nteaseɛ tu yera.
Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asene nkyɛn
na duasin bi ama wɔn mmuaeɛ.
Adwamammɔ honhom rema wɔn ayera ɛkwan;
wɔnni wɔn Onyankopɔn nokorɛ.
13 Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ mmepɔ atifi
na wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ nkokoɔ so:
odum, duafufuo ne odupɔn ase,
deɛ onwunu yɛ fɔmm hɔ.
Ɛno enti, wo mmammaa dane adwamammɔfoɔ
na mo nsenom mmaa nso yɛ awaresɛefoɔ.
 
14 “Merentwe mo mmammaa aso
sɛ wɔadane adwamanfoɔ,
anaa mo nsenom mmaa aso
sɛ wɔasɛe awadeɛ.
Ɛfiri sɛ, mo mmarima, mo nso mote saa ara.
Mo ne baasifoɔ ne abosomfieso adwamanfoɔ
di hwebom.
Nnipa a wɔnni nteaseɛ bɛkɔ ɔsɛeɛ mu!
 
15 “Ɛwom sɛ woyɛ ɔwaresɛefoɔ deɛ, Ao Israel,
nanso, mma Yuda nni ho fɔ.
 
“Nkɔ Gilgal;
na ɛmforo nkɔ Bet Awen.
Na nnka ntam sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’
16 Israelfoɔ yɛ asoɔdenfoɔ
te sɛ, nantwie ba a ɔyɛ asowuiɛ
ɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn so
sɛ nnwammaa a wɔwɔ adidibea?
17 Efraim de ne ho abɔ ahoni;
Gyaa no!
18 Sɛ wɔn nsã sa koraa a,
wɔtoa wɔn adwamammɔ so;
wɔn sodifoɔ ani gye aniwudeɛ ho yie.
19 Ntwaho mframa bɛpra wɔn akɔ,
na wɔn afɔrebɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wɔn.