19
Nkɔmhyɛ A Ɛfa Misraim Ho
Nkɔmhyɛ a ɛtia Misraim:
Monhwɛ! Awurade nam ahoɔherɛ omununkum mu
na ɔreba Misraim.
Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim,
na Misraimfoɔ akoma boto wɔ wɔn mu.
 
“Mɛma Misraimfoɔ atwa wɔn ho ako,
onua bɛko atia onua,
ɔyɔnko atia ɔyɔnko,
kuropɔn atia kuropɔn,
ahennie atia ahennie.
Misraimfoɔ no renya abodwo,
na mɛma wɔn nhyehyɛeɛ ayɛ ɔkwa.
Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufoɔ ahonhom,
asamanfrɛfoɔ ne nkonyaayifoɔ nkyɛn.
Mede Misraim bɛhyɛ
owura tirimuɔdenfoɔ bi tumi ase,
na ɔhene a ɔyɛ keka bɛdi wɔn so,”
sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
 
Nsubɔntene mu nsuo bɛwe,
na nkonkɔn bɛwo ayɛ wesee.
Nsuka bɛyi hwa;
na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na awe.
Demmire ne ɛserɛ bɛdwan,
Nil nsunoa nnua nso,
deɛ ɛwɔ asubɔnten no abɔeɛ no.
Nil nsunoa so mfuo nyinaa
bɛwo wesee na awu koraa.
Afarefoɔ nyinaa bɛsi apinie atwa adwo,
wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa;
wɔn a wɔgu asau wɔ nsuo no so
bɛdi awerɛhoɔ.
Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bɛbu,
wɔn a wɔnwono nnwera no anidasoɔ bɛsa.
10 Wɔn a wɔyɛ ntoma ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ
na wɔn a wɔgye akatua nyinaa akoma bɛboto.
 
11 Soan adwumayɛfoɔ nka hwee sɛ nkwaseafoɔ;
Farao agyinatufoɔ anyansafoɔ ma afutu bɔne.
Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao sɛ,
“Meyɛ anyansafoɔ no mu baako,
tete ahemfo no kyidifoɔ?”
 
12 Wʼanyansafoɔ no wɔ he afei?
Ma wɔnkyerɛ wo na ma wɔnhunu
deɛ Asafo Awurade
ahyehyɛ atia Misraim.
13 Soan adwumayɛfoɔ abɛyɛ nkwaseafoɔ,
wɔadaadaa Memfis* akwankyerɛfoɔ
ne nnipa no ntuanofoɔ
ama Misraim afom ɛkwan.
14  Awurade ahwie
anisobirie honhom agu wɔn mu;
wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu,
te sɛ deɛ ɔsabofoɔ de ne feɛ fɔre ne ho.
15 Biribiara nni hɔ a Misraim bɛtumi ayɛ;
obiara rentumi nyɛ hwee, sɛ ɔyɛ etire anaa ɛtoɔ, anaa sɛ ɔyɛ berɛ anaa demmire.
16 Saa ɛda no, Misraimfoɔ bɛyɛ sɛ mmaa, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo. 17 Na Yuda asase no bɛma Misraimfoɔ abɔ hu. Obiara a ɔbɛte Yuda din no bɛsuro, ɛsiane deɛ Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn enti.
18 Saa ɛda no, Misraim nkuropɔn enum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo Awurade ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu baako Ɔsɛeɛ Kuropɔn.
19 Saa ɛda no, wɔbɛsi afɔrebukyia wɔ Misraim mfimfini ama Awurade, na wɔasi nkaeɛdum wɔ ne hyeɛ so nso ama Awurade. 20 Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne adansedeɛ ama Asafo Awurade wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofoɔ enti wɔsu frɛ Awurade a, ɔbɛsoma ɔgyefoɔ ne banbɔni bi, na ɔbɛgye wɔn. 21 Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfoɔ, na saa da no wɔbɛhunu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuane bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade bɔ, na wɔadi so. 22  Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yadeɛ. Wɔbɛdane akɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛtie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yadeɛ.
23 Saa ɛda no, ɛkwantempɔn bɛfiri Misraim ne Asiria. Asiriafoɔ bɛkɔ Misraim na Misraimfoɔ akɔ Asiria. Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ bɛbɔ mu asom. 24 Saa ɛda no Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa, ayɛ nhyira wɔ asase so. 25 Na Asafo Awurade bɛhyira wɔn aka sɛ, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfoɔ. Nhyira nka Asiria me nsa ano adwuma. Nhyira nka Israel mʼagyapadeɛ.”
* 19:13 19.13 Na Memfis yɛ Misraim kuropɔn.