21
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Babilonia
Nkɔmhyɛ a ɛfa Babilonia, anweatam no a ɛda Po no ho:
Sɛdeɛ twahoframa a ɛbɔ fa anafoɔ fam asase so no yɛ no,
saa ara na ɔtohyɛsoɔni bi firi anweatam so reba.
Ɔfiri asase a ɛyɛ hunabɔbrim so.
 
Wɔde anisoadehunu a ɛyɛ nwanwa akyerɛ me:
Ɔfatwafoɔ bi redi hwammɔ. Ɔfomfoɔ bi refa afodeɛ.
Elam reto ahyɛ ɔman bi so! Media rebɔ pampim!
Mede apinisie a Babilonia de baeɛ no nyinaa bɛba awieeɛ.
 
Yei ama ɔyea bi abɛhyɛ me mu,
ɔyea aka me, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no;
deɛ meteɛ no enti mentumi nnyina me nan so,
deɛ mehunu no ama me ho adwiri me.
Mʼakoma bɔ paripari,
ehu ma me ho popo;
na ɛhan a mepɛɛ sɛ mehunu no
abɛyɛ adeɛ a ɛbɔ me hu.
 
Wɔto ɛpono,
wɔde kuntu akɛtɛ sesɛ fam,
wɔdidi, na wɔnom!
Monsɔre mo asraafoɔ mpanimfoɔ,
momfa ngo nsrasra mo akyɛm ho!
Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:
“Fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔ
na ɔnka deɛ ɔhunu nkyerɛ wo.
Sɛ ɔhunu nteaseɛnam
ne apɔnkɔ akuakuo,
wɔn a wɔtete mfunumu so
ne wɔn a wɔtete nyoma so a,
ɔnwɛn nʼaso
wɛn pa ara.”
Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ,
“Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no so
anadwo biara, megyina hɔ.
Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi
ɔne apɔnkɔ dɔm.
Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ,
‘Babilonia ahwe ase, wahwe ase!
Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa
abubu agu fam!’ ”
 
10 Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo wɔ ayuporeeɛ ase
meka deɛ mateɛ kyerɛ mo,
deɛ ɛfiri Asafo Awurade,
deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn hɔ.
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Edom
11 Nkɔmhyɛ a ɛfa Duma ho:
Obi frɛ me firi Seir,
“Ɔwɛmfoɔ, berɛ bɛn na adeɛ bɛkye?
Ɔwɛmfoɔ, aka nnɔnhwere ahe ansa na adeɛ akye?”
12 Ɔwɛmfoɔ no bua sɛ,
“Adeɛ rekye, nanso adeɛ bɛsa.
Sɛ wobɛbisa bio a
sane bra bɛbisa.”
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Arabia
13 Adehunu a ɛfa Arabia ho:
Mo Dedan akwantufoɔ a
mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,
14 Momfa nsuo mmrɛ wɔn a sukɔm de wɔn;
mo a motete Tema,
mommrɛ adwanefoɔ aduane.
15 Wɔdwane firi akofena a watwe
tadua a wɔakuntun mu
ne ɔko a ɛgyina mu ano.
16 Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu no, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Kedar kɛseyɛ to bɛtwa. 17 Na agyantofoɔ a wɔbɛka ne Kedar akofoɔ bɛyɛ kakraa bi.” Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, aka nie.