37
Wɔka Yerusalem Gyeɛ Ho Asɛm
Ɛberɛ a ɔhene Hesekia tee yeinom no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, ɛnna ɔfiraa ayitoma, na ɔkɔɔ Awurade asɔredan mu. Na ɔsomaa ahemfie sohwɛfoɔ Eliakim, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ mpanin a wɔn nyinaa hyehyɛ ayitadeɛ kɔɔ Amos babarima odiyifoɔ Yesaia nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ ɔhene Hesekia ka nie: Saa ɛda yi yɛ ɔhaw, animka ne animguaseɛ da. Ayɛ te sɛ deɛ mmɔfra awoɔ duru so na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ. Nanso, ebia Awurade, mo Onyankopɔn ate sɛ Asiria ɔnanmusini no regu Onyankopɔn teasefoɔ no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti mommɔ mpaeɛ mma nkaeɛfoɔ a wɔte nkwa mu no.”
Ɛberɛ a ɔhene Hesekia mpanimfoɔ no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia no, Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mma abususɛm a Asiriahene asomafoɔ no ka tiaa me no nha wo. Montie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsane akɔ ne ɔman mu na ɛhɔ na mɛma wɔde akofena akum no.’ ”
Ɛberɛ a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afiri Lakis no, ɔsanee nʼakyi kɔhunuu sɛ ɔhene no ne Libna reko.
Ankyɛre, ɔhene Sanaherib nyaa nkra sɛ, Tirhaka Etiopiani a ɔyɛ Misraimhene di akodɔm anim rebɛko atia no. Ɛberɛ a ɔteeɛ no, ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Hesekia nkyɛn de nkra kɔmaa no sɛ: 10 “Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia sɛ: Ɛmma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka sɛ, ‘Asiriahene rentumi mfa Yerusalem.’ 11 Moate deɛ Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo deɛ wɔbɛgye mo anaa? 12 Anyame a wɔwɔ aman a me nananom sɛee wɔn no, aman te sɛ Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a na wɔwɔ Telasar no anyame gyee wɔn anaa? 13 Ɛhe na Hamathene ne Arpadhene, kuropɔn Sefarwaim anaa Hena anaa Iwa ahemfo no wɔ?”
Hesekia Mpaeɛbɔ
14 Hesekia nsa kaa krataa a abɔfoɔ no de baeɛ no, ɔkenkaneeɛ. Afei ɔforo kɔɔ Awurade asɔredan no mu kɔtrɛɛ mu wɔ Awurade anim. 15 Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade sɛ: 16 “Ao, Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn a wodi ɔhene firi Kerubim ntam, wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahennie nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase. 17 Brɛ wʼaso ase, Ao Awurade, na tie! Bue wʼani, Ao Awurade, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no.
18 “Ɛyɛ nokorɛ, Awurade, sɛ, Asiria ahemfo asɛe saa aman yi ne wɔn nsase. 19 Na wɔato anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu ogya mu, ahye wɔn, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame na mmom wɔyɛ nnua ne aboɔ a nnipa de wɔn nsa ayɛ. 20 Afei, Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na ama ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ahunu sɛ, wo nko ara, Ao, Awurade, ne Onyankopɔn.”
Sanaherib Asehweɛ
21 Na Amos babarima Yesaia too saa nkra yi kɔmaa Hesekia sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Esiane sɛ woabɔ me mpaeɛ afa Asiriahene Sanaherib ho no, 22 yei ne asɛm a Awurade aka atia no:
“Ɔbabaabunu Sion sopa wo,
na ɔsere wo.
Ɔbabaa Yerusalem di wo ho fɛ,
na ɔwoso ne ti ɛberɛ a woredwane.
23 Hwan na wasopa no na woagu ne ho fi yi?
Hwan na woama wo nne so atia no
na wohwɛɛ no ahantan so?
Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no!
24 Wonam wʼabɔfoɔ so
asoa nsopa agu Awurade so.
Na woaka sɛ,
‘Me nteaseɛnam dodoɔ enti
maforo mmepɔ atentene,
aane Lebanon mmepɔ a ɛwoware pa ara no.
Matwitwa ne ntweneduro atentene no,
ne ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu fam.
Maduru ne mmepɔ a ɛwɔ akyirikyiri no so,
ne ne kwaeɛbirentuo mu.
25 Matutu nsubura wɔ ahɔhoɔ nsase bebree so
de ne nsu pa no adwodwo me ho.
Mpo, mepaee Misraim nsubɔntene mu
sɛdeɛ mʼakodɔm bɛtumi atwa!’
 
26 “Na Monteeɛ?
Ɛberɛ tentene a atwam na mehyɛ too hɔ.
Ɛberɛ bi a atwam no na medwenee ho;
afei mama aba mu sɛ,
moadane nkuropɔn a mosɛe nkuro a wɔwɔ banbɔ
ma wɔdane aboɔ asie.
27 Wɔn nkurɔfoɔ a tumi afiri wɔn nsa no
ho adwiri wɔn na animguaseɛ aka wɔn.
Wɔte sɛ afuo so nnua,
ne afifideɛ foforɔ a ɛyɛ mmrɛ;
wɔte sɛ ɛserɛ a ɛfifiri ɛdan atifi.
Ɛhye ansa na anyini.
 
28 “Nanso, menim deɛ woteɛ
ɛberɛ a woba ne ɛberɛ a wokorɔ
ne sɛdeɛ wo bo huru tia me.
29 Na ɛsiane mo ahomasoɔ a ɛtia me,
na mʼankasa mate no enti,
mede me darewa bɛsɔ mo hwene mu,
na mede nnareka ato mo ano,
na mama mo afa ɛkwan
a mofaa so baeɛ no so, asane mo akyi.”
30 Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama woɔ, Ao Hesekia:
“Saa afe yi wobɛdi deɛ ɛno ankasa fifirie,
afe a ɛtɔ so mmienu no, wobɛdi deɛ ɛfiri mu ba.
Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa so no, mobɛdua mfudeɛ, na moatwa.
Mobɛyɛ bobe nturo, na moadi nʼaba no.
31 Na mo a moaka Yuda a moatumi agyina ntua no mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ no ano no,
mobɛsane atena mo asase so, na mobɛdi yie na moadɔre.
32 Na nkaeɛfoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba,
na nkaeɛfoɔ dɔm afiri Bepɔ Sion so.
Asafo Awurade di nsiyɛ bɛhwɛ ama yei aba mu.
33 “Yei ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho:
“Ɔrenhyɛne saa kuropɔn yi mu
na ɔrento bɛmma wɔ ha.
Ɔremfa akokyɛm mmɛnnyina kuropɔn no akyi
na ɔrensi otua pie ntia no.
34 Ɔhene no kwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛsane afa akɔ nʼankasa ɔman mu.”
Awurade ka sɛ,
“Ɔrenwura saa kuro yi mu.
35 Mɛko agye saa kuropɔn yi,
ɛsiane mʼankasa mʼanimuonyam ne mʼakoa Dawid enti!”
36 Afei Awurade ɔbɔfoɔ firii adi na ɔkunkumm asraafoɔ ɔpeha aduɔwɔtwe enum wɔ Asiria nsraban mu. Ɛberɛ a nnipa no sɔree anɔpa no, wɔhunuu sɛ afunten gugu baabiara! 37 Enti Asiriahene Sanaherib pɔnn nʼakodɔm. Ɔsane kɔɔ Ninewe kɔtenaa hɔ.
38 Ɛda bi a na ɔresɔre ne nyame Nisrok wɔ abosomdan mu no, ne mma mmarima baanu, Adramelek ne Sareser de akofena kɔkumm no, na wɔdwane kɔɔ Ararat asase so. Na ne babarima Esarhadon bɛdii nʼadeɛ sɛ Asiriahene.