45
“Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ deɛ wasra no ngo,
Kores a wasɔ ne nsa nifa mu
sɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanim
na ɔnnye ahemfo akodeɛ mfiri wɔn nsam
na ɔmmuebue apono a ɛwɔ nʼanim
sɛdeɛ kuro apono no mu rentoto.
Mɛdi wʼanim
mɛyɛ mmepɔ no asase tamaa;
mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono agu
na matwitwa dadeɛ adaban mu.
Mede esum mu ademudeɛ bɛma wo
ahonyadeɛ a wɔde asie kɔkoam
sɛdeɛ wobɛhunu sɛ, mene Awurade,
Israel Onyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ woɔ.
Me ɔsomfoɔ Yakob enti,
Israel a mapa no enti,
mebɔ wo din frɛ wo
na mɛma wo animuonyamhyɛ abodin,
ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ.
Mene Awurade, obiara nni hɔ bio;
Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho.
Ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ,
nanso mɛhyɛ wo den,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛfiri deɛ owia pue
kɔsi beaeɛ a ɛtɔ no
nnipa bɛhunu sɛ obiara nka me ho.
Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio.
Meyɛ hann, na mebɔ esum.
Mede yiedie ba na mede ɔhaw ba;
Me, Awurade, na meyɛ yeinom nyinaa.
 
“Mo ɔsorosoro, monhwie tenenee ngu fam;
momma ɛmfiri omununkum mu ntɔ
momma asase mu mmue kɛseɛ,
na nkwagyeɛ mpue mfiri mu,
na tenenee ne no nnyini;
Me, Awurade na mayɛ.
 
“Nnome nka deɛ ɔne ne Yɛfoɔ ham
Ɛnka deɛ ɔmfra te sɛ kyɛmferɛ a ɛfra deɛ ɛgugu fam mu.
Dɔteɛ bɛtumi abisa ɔnwomfoɔ sɛ,
‘ɛdeɛn na woreyɛ yi?’
Wo nsa ano adwuma bɛtumi abisa wo sɛ,
‘Wonni nsa’?
10 Nnome nka deɛ ɔse nʼagya sɛ
‘Adɛn enti na wowoo me?’
Anaa ɔbisa ne maame sɛ,
‘Adɛn enti na wokyem me woeɛ?’
 
11 “Sei na Awurade seɛ,
Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfoɔ;
ɛfa nneɛma a ɛreba ho no.
Wobisa me nsɛm a ɛfa me mma ho,
anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?
12 Ɛyɛ me na meyɛɛ asase
na mebɔɔ adasamma guu so.
Me ara me nsa na mede trɛɛ ɔsoro mu;
nsoromma ahodoɔ nyinaa hyɛ mʼase.
13 Mɛma Kores so wɔ me tenenee mu;
mɛtenetene nʼakwan nyinaa.
Ɔbɛsane akyekyere me kuropɔn
na wagyaa mʼatukɔfoɔ,
nanso ɔrennye akatua anaa akyɛdeɛ,
Asafo Awurade na ɔseɛ.”
14 Sei na Awurade seɛ:
“Nneɛma a ɛfiri Misraim ne adwadeɛ a ɛfiri Kus,
ne Sebafoɔ atentene no,
wɔbɛba wo nkyɛn
abɛyɛ wo dea;
wɔbɛdi wʼakyi brɛoo aba a
wɔgu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.
Wɔbɛbu nkotodwe wʼanim
na wɔasrɛ wo aka sɛ,
‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na ɔbi nni hɔ;
onyame biara nni hɔ.’ ”
 
15 Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie,
Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa.
16 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase;
wɔbɛbɔ mu akɔ animguaseɛ mu.
17 Nanso, Awurade bɛgye Israel nkwa,
ɔde daapem nkwagyeɛ;
Wɔremma wʼani nwu na wʼanim renguase bio
kɔsi daapem.
 
18 Na sei na Awurade seɛ,
deɛ ɔbɔɔ ɔsorosoro no
ɔno ne Onyankopɔn;
deɛ ɔmaa asase, na ɔbɔeɛ no,
ɔno na ɔtoo ne fapem;
wammɔ no sɛ ɛso nna hɔ kwa,
mmom ɔyɛeɛ sɛ nnipa ntena so,
ɔka sɛ:
“Me ne Awurade,
na obi nni hɔ.
19 Menkasaa wɔ kɔkoam,
mfiri asase so baabi a aduru sum;
manka ankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ,
‘Sɛ mohwehwɛ me a monnhunu me.’
Me Awurade, meka nokorɛ no;
meka deɛ ɛyɛ.
 
20 “Mommoaboa mo ho ano na mommra;
monhyia mu, mo adwanefoɔ a mofiri amanaman so,
mo a monnim de na moasoa nnua ahoni de kyinkyini,
mo a mobɔ anyame a wɔntumi nnye nkwa no mpaeɛ.
21 Mompae mu nka deɛ ɛbɛsi. Momfa nto dwa
na wɔn mmɔ mu ntu agyina.
Hwan na ɔdii ɛkan kaa no teteete,
hwan na ɔdaa no adi firi tete nteredee?
Ɛnyɛ me Awurade anaa?
Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho,
tenenee Onyankopɔn ne Agyenkwa;
obiara nni hɔ sɛ me.
 
22 “Monnane mmra me nkyɛn na monnya nkwa,
mo a mowɔ asase ano nyinaa;
ɛfiri sɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.
23 Maka me ho ntam,
mʼano aka wɔ nokorɛdie nyinaa mu,
asɛm a wɔntwe nsane sɛ:
obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim.
Na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.
24 Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, ‘Awurade nko ara mu
na tenenee ne ahoɔden wɔ.’ ”
Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaa
bɛba ne nkyɛn na wɔn anim bɛgu ase.
25 Nanso Awurade mu,
wɔbɛbu Israel asefoɔ nyinaa bem,
na wɔahoahoa wɔn ho.