49
Awurade Somfoɔ No
Montie me, mo mpoano aman;
monyɛ aso mo akyirikyiri aman
ansa na wɔrebɛwo me no, Awurade frɛɛ me
ɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me.
Ɔyɛɛ mʼano sɛ akofena nnamnnam,
Ɔde me hintaa ne nsa ase nwunu mu;
ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam
na ɔde me hyɛɛ ne bɔha mu.
Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me ɔsomfoɔ,
Israel, wo mu na mɛda mʼanimuonyam adi.”
Nanso mekaa sɛ, “Mabrɛ agu
masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee
nanso mede me ho ato Awurade so
na mʼakatua wɔ me Onyankopɔn nkyɛn.”
 
Na afei, Awurade akasa:
deɛ ɔnwonoo me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne ɔsomfoɔ
na memfa Yakob nsane mmra ne nkyɛn
na me mmoaboa Israel ano mma no no.
Awurade ahyɛ me animuonyam
na me Onyankopɔn ayɛ mʼahoɔden.
Ɔka sɛ,
“Wobɛyɛ me ɔsomfoɔ a wode Yakob mmusuakuo bɛsane aba,
na wode Israelfoɔ a mede wɔn asie nso bɛsane aba.
Nanso, mɛma woayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea,
ɛnam wo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.”
 
Sei na Awurade seɛ,
Ɔgyefoɔ ne Israel Ɔkronkronni no
de asɛm yi kɔma deɛ ɔman no buu no animtia na wɔkyirii no,
deɛ ɔyɛ sodifoɔ ɔsomfoɔ no:
“Ahene bɛhunu wo na wɔasɔre
ahenemma bɛhunu wo na wɔakoto wo
ɛsiane Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ,
Israel ɔkronkronni a wayi woɔ no enti.”
Israel Si Ne Dada Mu
Sei na Awurade seɛ:
“Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo,
na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo;
mɛkora wo na mede wo ayɛ
apam ama nkurɔfoɔ no,
de agye asase no asi hɔ
akyekyɛ agyapadeɛ ahodoɔ a asɛe no bio.
Wobɛka akyerɛ nneduafoɔ sɛ, ‘Momfiri mmra!’
ne wɔn a wɔwɔ esum mu sɛ, ‘Momfa mo ho nni!’
 
“Wɔbɛdidi wɔ akwan ho.
Wɔbɛnya adidibea wɔ kokoɔ bonini biara so.
10 Ɛkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn;
anweatam so hyeɛ ne owia ano hyeɛ renka wɔn.
Deɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan
na ɔde wɔn akɔ nsutire ho.
11 Mɛyɛ me mmepɔ nyinaa akwan,
na mʼakwantempɔn nso mɛma akorɔn.
12 Hwɛ, wɔfiri akyirikyiri bɛba
ebinom bɛfiri atifi fam, ebinom bɛfiri atɔeɛ fam
ebinom nso bɛfiri Sinin mantam mu.”
 
13 Momfa anigyeɛ nteam, Ao ɔsoro;
di ahurisie, Ao asase;
monto nnwom, Ao mmepɔ!
Na Awurade kyekye ne nkurɔfoɔ werɛ,
na ɔbɛhunu nʼamanehunufoɔ mmɔbɔ.
 
14 Nanso, Sion kaa sɛ, “Awurade agya me hɔ,
Awurade werɛ afiri me.”
 
15 “Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano
a ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa?
Ebia ne werɛ bɛfiri,
na me werɛ remfiri wo!
16 Hwɛ, makrukyire wo din agu me nsa yam
wʼafasuo wɔ mʼani so daa.
17 Mo mmammarima resane aba ntɛm so;
na wɔn a wɔsɛe mo no refiri mo nkyɛn akɔ.
18 Momma mo ani so na monhwɛ mo ho nhyia;
mo mmammarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn.
Sɛ mete ase yi” sɛdeɛ Awurade seɛ,
“mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛdeɛ ama mo ho
mode wɔn bɛfira sɛ ayeforɔkunu.
 
 
19 “Ɛwom sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa
maa mo asase daa mpan deɛ,
nanso, afei nnipa bɛhyɛ mo so ma, ama aboro mo so,
na wɔn a wɔsɛee mo no bɛkɔ akyirikyiri.
20 Mmɔfra a wɔwoo wɔn wɔ mo nnabɔne mu no
bɛka ama moate sɛ,
‘Ɛha sua ma yɛn dodo;
momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’
21 Na wobɛka wɔ wʼakoma mu sɛ,
‘Hwan na ɔwoo yeinom maa me?
Na meyɛ ɔwerɛhoni ne obonini;
wɔtuu me kɔɔ asase foforɔ so na wɔpoo me.
Hwan na ɔtetee yeinom?
Wɔgyaa me nko ara
na yeinom, ɛhe na wɔfiri baeɛ?’ ”
22 Sei na Asafo Awurade seɛ:
“Hwɛ, mɛnyama amanamanmufoɔ,
mɛpagya me frankaa no akyerɛ nkurɔfoɔ no.
Wɔbɛturu mo mmammarima wɔ wɔn nsa so aba
na wɔbɛsoa mo mmammaa wɔ wɔn mmatire so.
23 Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu,
na wɔn ahemaa ayɛ maamenom a wɔbɛhwɛ mo.
Wɔbɛkoto mo a wɔn anim butubutu fam;
wɔbɛtafere mo nan ase mfuturo.
Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade;
Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn hwammɔ.”
 
24 Hwan na ɔbɛtumi agye afodeɛ afiri akofoɔ nsam;
anaa hwan na ɔbɛtumi agye nnommumfoɔ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam?
25 Nanso, sei na Awurade seɛ:
“Aane, mɛgye nnommumfoɔ afiri akofoɔ nsam
na mɛgye afodeɛ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam;
me ne wɔn a wɔne mo nya no bɛnya
na mɛgye mo mma nkwa.
26 Mema wɔn a wɔhyɛ mo so no awe wɔn ankasa honam;
wɔn mogya bɛbo wɔn sɛdeɛ wɔanom nsã.
Afei adasamma nyinaa bɛhunu
sɛ me, Awurade, me ne wʼAgyenkwa no,
mo Gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ No.”