52
Nyane, nyane, Ao Sion,
hyɛ ahoɔden aduradeɛ no.
Hyɛ wo ntadeɛ fɛfɛ no
Ao, Yerusalem kuropɔn kronkron no.
Momonotofoɔ ne wɔn a wɔn ho agu fi
renwura wʼapono mu bio.
Poroporo wo ho mfuturo.
Sɔre, tena ahennwa so, Ao, Yerusalem.
Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no firi wo kɔn mu,
Ao, Ɔbabaa Sion a wɔafa wo nnomum.
Na yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Wɔantɔn wo annye hwee,
na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye wo.”
Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“Ɛberɛ bi me nkurɔfoɔ kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ;
akyire no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so.
“Na seesei, ɛdeɛn na mehunu yi?” Sei na Awurade seɛ.
“Wɔafa me nkurɔfoɔ kɔ kwa,
na wɔn sodifoɔ di fɛw,”
Awurade na ɔseɛ.
“Ɛda mu no nyinaa
wɔkɔ so gu me din ho fi.
Enti me nkurɔfoɔ bɛhunu me din;
enti ɛda no wɔbɛhunu sɛ
ɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm.
Aane, ɛyɛ me.”
 
Hwɛ sɛdeɛ wɔn a wɔde asɛmpa no reba no
anammɔn yɛ fɛ wɔ mmepɔ no so,
wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm,
wɔn a wɔde nsɛmmɔdɛ ba,
wɔn a wɔpae mu ka nkwagyeɛ ho asɛm
na wɔka kyerɛ Sion sɛ,
“Mo Onyankopɔn di ɔhene.”
Montie! Mo awɛmfoɔ ma wɔn nne so;
wɔbɔ mu de anigye team.
Awurade sane ba Sion a,
wɔde wɔn ani bɛhunu.
Mommɔ mu nto anigye nnwom,
mo Yerusalem mmubuiɛ,
ɛfiri sɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfoɔ werɛ;
wagye Yerusalem.
10  Awurade bɛyi ne basa kronkron no ho
wɔ amanaman nyinaa anim
na asase ano nyinaa bɛhunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.
11 Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ!
Mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ.
Mommfiri ho na mo ho nte,
mo a mokurakura Awurade nkuruwa.
12 Monntutu mmirika mfiri ha
anaa monnwane;
ɛfiri sɛ Awurade bɛdi mo anim,
Israel Onyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm.
Ɔsomfoɔ No Amanehunu Ne Nʼanimuonyam
13 Hwɛ, me ɔsomfoɔ bɛdi yie
wɔbɛpagya no ayɛ no kɛseɛ.
14 Dodoɔ a wɔhunuu no ho dwirii wɔn.
Ɛfiri sɛ wɔsɛee nʼanim a ansɛ onipa biara deɛ
na ne bɔberɛ sɛeɛ a ɛnsɛ ɔdasani deɛ.
15 Saa ara na ɔbɛma aman bebree ho adwiri wɔn
na ahemfo bɛmuamua wɔn ano, ne enti.
Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhunu,
na wɔn a wɔnteeɛ no nso bɛte aseɛ.